Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Aware

Aware

So aware yɛ ayɔnkofa bi kɛkɛ?

“Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Mateo 19:6.

NEA BIBLE KA

Onyankopɔn ani so no, aware nyɛ nnipa baanu bi ntam ayɔnkofa bi kɛkɛ. Ɛyɛ ɔbarima ne ɔbea ntam abusuabɔ a ɛyɛ kronkron. Bible ka sɛ: “Abɔde mfiase no ‘[Onyankopɔn] yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea. Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’ . . . Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” *Marko 10:6-9; Genesis 2:24.

Asɛm “nea Onyankopɔn aka abom no,” nkyerɛ sɛ wɔhyehyɛ aware wɔ ɔsoro. Mmom, sɛ Bible ka sɛ yɛn Bɔfo no na Ɔhyehyɛɛ aware a, na ɛrekyerɛ aniberesɛm a ɛwɔ saa abusuabɔ no mu. Awarefo a wokura adwene a ɛte saa no bu no sɛ ɛyɛ kronkron, na ɛyɛ abusuabɔ a ɛsɛ sɛ ɛtena hɔ daa, na ɛhyɛ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛma wɔn aware agyina no mu den. Enti sɛ okunu ne ɔyere hwehwɛ Bible mu akwankyerɛ de di wɔn asɛyɛde ho dwuma a, ebesi wɔn yiye.

 Dɛn ne ɔbarima no asɛde?

“Okunu yɛ ne yere ti.”—Efesofo 5:23.

NEA BIBLE KA

Sɛ abusua asetena bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ obi sisi nneɛma ho gyinae. Bible no de saa asɛyɛde no ahyɛ okunu nsa. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ osisifo anaa kankabi. Anaasɛ obu n’ani gu n’asɛyɛde so, na opia biribiara to ɔbea no so na atew obu a ɔbea no wɔ ma no no so. Mmom no, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔyɛ adwuma den de hwɛ ne yere na odi no ni sɛ ne hokafo a ɔwɔ ne mu ahotoso na ɔbɛn no paa. (1 Timoteo 5:8; 1 Petro 3:7) Efesofo 5:28 ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.”

Okunu a ɔdɔ ne yere ankasa no wɔ obu ma nea ɔyere no tumi yɛ na ofi obu mu susuw n’adwenkyerɛ ho, titiriw wɔ nneɛma a ɛfa abusua no ho. Ɛnsɛ sɛ abusua ti a ɔyɛ nti, ɔyɛ katee. Bere a Onyankopɔn somfo Abraham amfa ne yere afotu pa a ɛfa abusua no ho anyɛ adwuma no, Yehowa Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Tie no.” (Genesis 21:9-12) Abraham fii ahobrɛase mu gye toom, na asomdwoe ne biakoyɛ baa n’abusua mu, na wonyaa Onyankopɔn nhyira nso.

Dɛn ne ɔbea no asɛde?

“Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom.”—1 Petro 3:1.

NEA BIBLE KA

Ansa na ɔrebɔ ɔbea ama ɔbarima a odi kan no, Onyankopɔn kae sɛ: “Enye sɛ onipa no nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.” (Genesis 2:18) Sɛ biribi fata ade a, ɛma ade no di mũ anaa ɛyɛ pɛ. Enti Onyankopɔn ammɔ ɔbea sɛ ɔne ɔbarima nyɛ pɛ anaa ɔne no nsi akan, na mmom sɛ ɔbɛyɛ ne hokafo. Enti sɛ wɔka bom a, wobetumi adi asɛyɛde a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnwo na wɔnhyɛ asase so ma no ho dwuma.Genesis 1:28.

Onyankopɔn maa ɔbea no nipadua, adwene, ne nkate ahorow a ɛfata a obetumi de adi n’asɛyɛde ho dwuma yiye. Sɛ ɔde di dwuma nyansam a, ɛma n’aware sɔ boro so na ne kunu koma tɔ ne yam. Wɔ Onyankopɔn ani so no, ɔbea pa a ɔte saa fata nkamfo. *Mmebusɛm 31:28, 31.

^ nky. 5 Bible mma awaregyae ho kwan, gye sɛ egyina aguamammɔ nkutoo so.Mateo 19:9.

^ nky. 14 Awarefo benya nyansahyɛ a ɛfa aware ne abusua asetena ho a ɛba daa wɔ Nyan! mu wɔ ɔfã a ɛne “Mmoa a Wɔde ma Abusua No.”