Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Ka Ɔbarima ne Ɔbarima ne Ɔbaa ne Ɔbaa Awareɛ Ho Asɛm Anaa?

Bible Ka Ɔbarima ne Ɔbarima ne Ɔbaa ne Ɔbaa Awareɛ Ho Asɛm Anaa?

Nea Bible ka

 Yɛn Bɔfo no hyehyɛɛ awareɛ ho mmara too hɔ dadaada ansa na aban ahodoɔ nso de wɔn mmara a ɛfa awareɛ ho reba. Bible mu nhoma a ɛdi kan no ka sɛ: “Ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam korɔ.” (Genesis 2:24) Nhoma bi ka sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “yere” no, “ɛkyerɛ onipa dasani a ɔyɛ ɔbaa.” (Vine’s Expository Dictionary of Biblical Words) Yesu nso kaa sɛ “ɔbarima ne ɔbaa” na ɛsɛ sɛ wɔka bom sɛ awarefoɔ.​—Mateo 19:4.

 Enti, Onyankopɔn deɛ, ɔbarima ne ɔbaa na ɔpɛ sɛ wɔbom tena daa sɛ awarefoɔ. Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa wɔ ɔkwan bi so a wɔn mu biara bɛtumi ayɛ biribi a ɛbɛma ne yɔnko ani agye. Afei wɔtumi nya nna mu kyɛfa, na wɔtumi wo mma nso.