Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Agyina Ɔhaw a Bratwa De Ba Ano

Sɛnea Wubetumi Agyina Ɔhaw a Bratwa De Ba Ano

“Awerɛhow hyɛɛ me so prɛko pɛ a na mente ase. Misui, na na misusuw sɛ mereyɛ abɔ dam.”—Rondro, * wadi mfe 50.

“Wosɔree anɔpa no, wuhui sɛ biribiara ayɛ hwanyann wɔ wo fie. Wohwehwɛ biribiara a wunhu. Ade a wode mfe pii yɛ a na wommrɛ ho no, afei de ɛte sɛ nea ɛyɛ den dodo ma wo, na wunhu nea enti a ɛte saa.”—Hanta, wadi mfe 55.

ƐNYƐ yare na mmea yi yare. Mmom no, bere aso sɛ wotwa bra, na ɛde nsakrae ba ɔbea asetenam ma wotwa awo. Sɛ woyɛ ɔbea a, so worebɛn saa bere yi? Anaa worefa mu? Sɛnea ɛte biara no, sɛ wo ne w’adɔfo nya saa nsakrae bere yi ho nimdeɛ pii a, ɛbɛboa mo ma moatumi agyina ɛho haw ahorow no ano.

Bratwa

Sɛ wɔka bratwa a, ɛkyerɛ bere a aka kakra ma obi atwa bra, ne bere a onii no atwa bra ankasa. * Nanso, sɛ yɛka “bratwa” ho asɛm a, adwene a yɛtaa nya ara ne bere a obi atwa bra ankasa no.

Mmea pii fi ase twa bra bere a wɔadi mfe 40, nanso ebinom fi ase bere a wɔadi mfe 60. Wɔ pii fam no, bratwa no ba nkakrankakra. Sɛ nkwammoaa mu nnuru a ɛboa nipadua no antumi anyɛ adwuma yiye a, etumi ma ɔbea bi brayɛ twitwa sisi, mogya tu no bere ne bere mu, anaasɛ mogya tu no kɛse. Sɛnea yɛbɛka no no, mmea kakraa bi pɛ na wotwa bra prɛko pɛ.

Nhoma bi ka sɛ, “Ɛsono sɛnea ɔbea biara twa bra a ɔte nka.” Ɛtoa so sɛ, “Ade biako a ɛhaw mmea pii bere a wɔatwa bra ne wɔn ho a ɛhyehye wɔn, na ɛno akyi no, awɔw taa tew gu wɔn so.” (Menopause Guidebook) Saa tebea no tumi sɛe wɔn nna na ɛtew wɔn ahoɔden so. Ahoyeraw yi kɔ so kosi bere bɛn?  Nhoma foforo ka sɛ, “sɛ mmea binom twa bra a, wɔn ho hyehye wɔn bɛyɛ afe anaa mfe abien. Mmea afoforo de, wɔn ho kɔ so yeraw wɔn mfe pii, nanso wɔn mu kakraa bi na ɛwom wom a na wɔn ho hyehye wɔn, ɛkɔ so ara kosi sɛ wobewu.” *The Menopause Book.

Sɛ nkwammoaa mu nnuru a ɛboa nipadua no antumi anyɛ adwuma yiye a, etumi ma mmea no bi nya adwenemhaw, wɔn su sesa sesa, ɛma wɔtaa su, na ɛma wontumi mfa wɔn adwene nsi nneɛma so, na ɛma wɔn werɛ fi ade. Eyinom nyinaa akyi no, nhoma bi ka sɛ, “ɛrentumi mma sɛ ɔbea bi bɛfa tebea horow a yɛaka ho asɛm yi nyinaa mu.” (The Menopause Book) Nokwarem no, ɔhaw no mu kakraa bi pɛ na ebinom fa mu.

Sɛnea Wubetumi Agyina Ano

Sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma bi mu a, ɛbɛboa ma ahoyeraw no so atew. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔnom sigaret no gyae nom a, ebetumi ama ahohyehye no so atew. Mmea binom nso yɛ nsakrae wɔ nea wodi na wɔnom mu ma ɛboa wɔn. Ebi ne sɛ wɔtew nsã a wɔnom so anaa wogyae koraa, wogyae anonne a caffeine wom nom, na wonni nnɔkɔnnɔkɔwade, efisɛ ne nyinaa tumi ma wɔn ho hyehye wɔn. Nanso hyɛ no nsow sɛ ɛho hia sɛ wudidi yiye.

Apɔw-mu-teɛteɛ nso boa paa ma ɔhaw a bratwa de ba no ano brɛ ase. Sɛ mfatoho no, ebetumi atew kɔdaanna so na ama onii no anim atew, ne nnompe mu bɛyɛ den, na ne ho asisi ne ho so. *

Ka Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo

Rondro a yɛfaa n’asɛm kae no ka sɛ, “Wotɔn wo yare a, na wunya ano aduru. Sɛ woka w’asɛm kyerɛ w’adɔfo na wohu nea worefa mu no a, ɛrenhaw wɔn pii.” Nokwasɛm ne sɛ, ɛbɛma wɔate wo ase na wɔanya wo ho abotare. Bible ka wɔ 1 Korintofo 13:4 sɛ, “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye.”Good News Translation.

Mpaebɔ boa mmea pii nso, titiriw wɔn a awo a wɔatwa no ama wɔn werɛ ahow no. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, “[Onyankopɔn] kyekye yɛn werɛ, yɛn haw nyinaa mu.” (2 Korintofo 1:4, The New English Bible) Nea ɛyɛ awerɛkyekye nso ne sɛ, bratwa ntena hɔ daa. Ne nyinaa akyi no, mmea a wɔhwɛ wɔn akwahosan so yiye no betumi anya ahoɔden foforo na wɔn ho atɔ wɔn, na wɔatena ase mfe pii wɔ anigye mu.

^ nky. 2 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 6 Dɔkotafo ka sɛ, ɔbea a wakyima tena ase asram 12 na wanyɛ bra a, ɛkyerɛ sɛ watwa bra.

^ nky. 8 Yare bi te sɛ menewa mu nyarewa, nsanyare, ne nnuru ahorow nso betumi ama ɔbea bi nipadua mu ahyehye no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ tebea horow no mu ansa na woaka sɛ bratwa na ama ɔbea bi ho hyehye no.

^ nky. 12 Nea ɛbɛyɛ na ayarefo atumi agyina ɔhaw a bratwa de ba ano no, dɔkotafo betumi ama wɔn nnuru a ɛboa nkwammoaa, aduannuru ahorow, ne nnuru a wɔde dwudwo adwenemhaw ano. Nyan! nkamfo aduru anaa ayaresa pɔtẽẽ bi nkyerɛ.