Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Woyɛ a Ɛbɛma Onyankopɔn Atie Wo Mpaebɔ?

Dɛn Na Woyɛ a Ɛbɛma Onyankopɔn Atie Wo Mpaebɔ?

Yehowa Nyankopɔn yɛ “mpaebɔ Tiefo.” (Dwom 65:2) Baabiara a yɛwɔ no, yebetumi abɔ no mpae bere biara. Yebetumi abɔ mpae ama apue yɛn ano, anaa yɛabɔ wɔ yɛn tirim. Yehowa pɛ sɛ yɛfrɛ no yɛn “Agya,” na nea ɛte ne sɛ, Agya biara ne no nsɛ. (Mateo 6:9) Yehowa dɔ yɛn, enti wakyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na ama watie yɛn.

ƐSƐ SƐ WOFA YESU SO BƆ YEHOWA MPAE

“Biribiara a mubebisa Agya no ɔde bɛma mo wɔ me din mu.”​Yohane 16:23.

Asɛm a Yesu kae yi ma yehu sɛ, Yehowa mpɛ sɛ yɛfa ahoni, ahotefo, abɔfo, anaa nananom a wɔawuwu so bɔ no mpae. Mmom, ɔpɛ sɛ yɛbɔ no mpae wɔ Yesu Kristo din mu. Sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae wɔ Yesu din mu a, ɛkyerɛ sɛ yegye tom sɛ, nea Yesu bɛyɛ maa nnipa nti na Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ. Yesu kaa sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.”​—Yohane 14:6.

FI WO KOMA MU KASA

“Munyi mo koma mu nsɛm adi nkyerɛ no.”​—Dwom 62:8.

Sɛ yɛrebɔ Yehowa mpae a, ɛsɛ sɛ yɛne no kasa te sɛ nea yɛne yɛn agya a ɔdɔ yɛn rekasa. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma mu ne no kasa wɔ obu mu, na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nhoma bi a wɔakyerɛw mpaebɔ agu mu so ne no kasa, anaasɛ yɛkyere nsɛm bi gu yɛn tirim woro gu hɔ ara kɛkɛ.

ƐSƐ SƐ WO MPAEBƆ NE ONYANKOPƆN APƐDE HYIA

“Biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”​—1 Yohane 5:14.

Biribiara a Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn, ne nea ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ ma no no, waka ne nyinaa wɔ Bible mu. Enti sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛne “n’apɛde” hyia. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ yebesua ne ho ade afi Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu no yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, obetie yɛn mpaebɔ.

DƐN NA YEBETUMI ABƆ HO MPAE?

Bɔ Nneɛma a Wuhia Ho Mpae. Yebetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛn nsa nka nneɛma a yehia no da biara da, te sɛ aduan a yebedi, nea yɛbɛhyɛ, ne baabi a yɛde yɛn ti bɛto. Yebetumi nso asrɛ no sɛ ɔmma yɛn nyansa mma yɛmfa nsisi gyinae pa, na ɔmma yɛn ahoɔden a yɛde begyina yɛn haw ano. Afei nso, yebetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn, ɔmma yennya gyidi, na ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn.​—Luka 11:3, 4, 13; Yakobo 1:5, 17.

Bɔ Mpae Ma Afoforo. Sɛ awofo a wɔdɔ wɔn mma hu sɛ wɔn mma no nso dodɔ wɔn ho a, ɛma wɔn ani gye paa. Yehowa nso pɛ sɛ ne mma a wɔwɔ asase so no dodɔ wɔn ho. Enti yebetumi abɔ mpae ama yɛn kunu, yɛn yere, yɛn mma, yɛn abusuafo, ne yɛn nnamfo. Ɔsomafo Yakobo kaa sɛ: “Mommɔ mpae mma mo ho.”​—Yakobo 5:16.

Da Onyankopɔn Ase. Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn no, Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔyɛɛ papa, maa mo osu fii soro ne mmere a aduan ba, na ɔde aduan ne abotɔyam hyɛɛ mo koma mã.” (Asomafo Nnwuma 14:17) Sɛ yedwen nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn nyinaa ho a, ɛbɛka yɛn ama yɛabɔ mpae ada no ase. Ɔkwan baako nso a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn ne sɛ yɛbɛbɔ bra pa.​—Kolosefo 3:15.

NYA ABOTARE NA KƆ SO BƆ MPAE

Ɛtɔ da na sɛ yefi yɛn koma mu bɔ mpae na yɛannya ho mmuae ntɛm a, yɛn abam betumi abu. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛn asɛm mfa Onyankopɔn ho anaa? Dabida! Nsɛm a edidi so yi bɛma yɛahu sɛ ɛtɔ da a, nea ehia ara ne sɛ yɛbɛkɔ so abɔ mpae.

Yɛadi kan aka Steve ho asɛm dedaw. Ɔka sɛ, “Sɛ ɛnyɛ mpaebɔ a, anka minnim nea ato me.” Adɛn nti na wannyae mpaebɔ? Bere a ofii ase suaa Bible no, obehui sɛ mpaebɔ ho hia, na ɛnsɛ sɛ yegyae mpaebɔ da. Steve ka sɛ, “Mmoa a me nnamfonom a wɔdɔ me de maa me no, ɛyɛ a mebɔ Onyankopɔn mpae da no ase wɔ ho. Afei paa na metumi aka sɛ mewɔ anigye.”

Wokae Jenny nso? Ná ɔte nka sɛ ɔnsɛ mfata sɛ Onyankopɔn tie ne mpaebɔ. Ɔka sɛ, “Bere biara a mɛte nka sɛ me so nni mfaso no, mebɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me mma minhu nea enti a mete nka saa.” Wei aboa no sɛn? Ɔka sɛ, “Mpae a mebɔ Onyankopɔn no ama mabehu sɛ me so wɔ mfaso ma no. Enti sɛ mibu me ho fɔ mpo a, ɔno de, ommu me fɔ. Asan aboa me ama mahu sɛ anidaso wɔ hɔ ma me, enti ɛnsɛ sɛ mepa abaw.” Mfaso bɛn na wanya? Jenny toaa so sɛ, “Mpaebɔ aboa me ama mahu sɛ Yehowa yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɔyɛ Onyankopɔn a odwen me ho na ɔdɔ me. Ama mahu nso sɛ ɔyɛ m’Agya ne m’Adamfo. Enti sɛ mebɔ mmɔden yɛ nea ɔpɛ nko ara de a, bere biara a mihia no no, ɔbɛboa me.”

Sɛ Isabel hu sɛnea ne ba Gerard ani gye ɛmfa ho sɛ wadi dɛm no a, nea ɔka ara ne sɛ, “Onyankopɔn atie me mpaebɔ no ama aboro so”

Ma yɛnhwɛ ɔbea bi a wɔfrɛ no Isabel nso. Bere a onyinsɛnee no, adɔkotafo ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba a ɔbɛwo no no bedi dɛm. Wei ma ɔyɛɛ basaa. Ebinom mpo ka kyerɛɛ no sɛ, onyi nyinsɛn no ngu. Isabel kaa sɛ, “Asɛm no bubuu me koma, na na ɛyɛ me sɛ mawu awie.” Dɛn na ɔyɛe? Ɔkaa sɛ, “Mebɔɔ Onyankopɔn mpae bɔe bɔe srɛɛ no sɛ ɔmmoa me.” Nanso bere a ɔwoo ne ba Gerard no, na wadi dɛm. Ɛnde yemmisa sɛ, Isabel hu no sɛ Onyankopɔn tiee ne mpaebɔ no anaa? Yiw! Adɛn ntia? Ose, “Seesei me ba no adi mfe 14, na mehwɛ sɛnea n’ani gye ɛmfa ho sɛ wadi dɛm no a, ɛma mihu sɛ Onyankopɔn atie me mpaebɔ no ama aboro so. Metumi aka paa sɛ nhyira a ɛso paa a Yehowa Nyankopɔn de ama me ne me ba no.”

Isabel asɛm yi ka koma paa. Ɛma yehu sɛ odwontofo bi asɛm a ɔkae wɔ Bible mu no yɛ nokware. Ɔkaa sɛ, “Ahobrɛasefo sufrɛ de, O Yehowa, wubetie. Wubesiesie wɔn koma. Wobɛyɛ aso.” (Dwom 10:17) Saa asɛm yi ma yehu paa sɛ, ɛnsɛ sɛ yegyae mpaebɔ da!

Wohwɛ Bible mu a, wubehu mpae a Yesu bɔe no pii wom. Nea agye din paa ne baako bi a ɔkyerɛɛ n’asuafo no. Dɛn na yebetumi asua afi saa mpaebɔ no mu?