Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Mɛtumi Abɔ Ho Mpae?

Dɛn na Mɛtumi Abɔ Ho Mpae?

Nea Bible ka

 Wobɛtumi abɔ biribiara a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia ho mpae sɛnea Bible aka no. Bible se: “Biribiara a yebisa sɛnea [Onyankopɔn apɛde] te no, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Wobɛtumi de wo haw ato Onyankopɔn anim anaa? Aane. Bible ka sɛ: “Munyi mo koma mu nsɛm adi nkyerɛ [Onyankopɔn].”​—Dwom 62:8.

Nneɛma a wobɛtumi abɔ ho mpae no bi ni:

  •   Wobɛtumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wonnya gyidi.​—Luka 17:5.

  •   Wobɛtumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ne honhom kronkron anaa ne tumi mmoa wo na yɛ nea ɛteɛ.​—Luka 11:13.

  •   Wobɛtumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo ahoɔden a wode bɛgyina ɔhaw ne sɔhwɛ ano.​—Filipifo 4:13.

  •   Wobɛtumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo asomdwoe ne akomatɔyam.​—Filipifo 4:6, 7.

  •   Wobɛtumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo nyansa a wode bɛsisi gyinae pa.​—Yakobo 1:5.

  •   Wobɛtumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wonnya nea wo hia no da biara.​—Mateo 6:11.

  •   Wobɛtumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.​—Mateo 6:12.