Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Mpaeɛ wɔ Yesu Din Mu?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Mpaeɛ wɔ Yesu Din Mu?

Nea Bible ka

 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ Yesu din mu ɛfisɛ ɛno nko ara na ɛbɛma Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ. Yesu kaa sɛ: “Mene ɛkwan no ne nokorɛ no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Yesu san ka kyerɛɛ n’asomafoɔ anokwafoɔ no sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, biribiara a mobɛbisa Agya no ɔde bɛma mo me din mu.”​—Yohane 16:23.

Nea ɛdidi so yi ka ho bi nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ Yesu din mu

  •   Yɛde hyɛ Yesu ne n’Agya Yehowa Nyankopɔn anuonyam.​—Filipifoɔ 2:9-11.

  •   Yɛyɛ saa de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn yɛ maa Yesu bɛwu gyee yɛn nkwa no.​—Mateo 20:28; Asomafoɔ Nnwuma 4:12.

  •   Yɛde kyerɛ sɛ yɛgye tom sɛ Yesu pɛ ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafoɔ.​—Hebrifoɔ 7:25.

  •   Yɛde kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yesu dwumadie sɛ Ɔsɔfo Panyin a ɔbɛtumi aboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn ntam ayɛ papa.​—Hebrifoɔ 4:14-16.