Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Aka Afa Wim Tebea a Ɛresɛe No Ne Yɛn Daakye Ho?

Dɛn Na Bible Aka Afa Wim Tebea a Ɛresɛe No Ne Yɛn Daakye Ho?

 “Sɛnea ewim tebea resɛe no akɔfa ɔhaw pii aba. Ama asaase yi so tena koraa ayɛ den.”—The Guardian.

 Ɔhaw ahorow a adasamma rehyia no, nnipa na akɔfa aba. Nyansahufo ahu sɛ, nneɛma a nnipa reyɛ no na ama ewim ayɛ hyehyeehye saa no. Sɛnea wim ayɛ hye no, ama ewim tebea a yenim no resɛe, na wei akɔfa nsunsuanso bɔne aba. Ɔhaw a akɔfa aba no bi na edidi so yi:

  •   Wim tebea no asesa koraa, na ɛde ɔpɛ a ano yɛ den, mframa a emu yɛ hye paa, ne ahum na aba. Wei ama nsuyiri ne ogyahyehye adɔɔso.

  •   Asukɔtweaa a ɛwɔ Arctic a ɛnsɛ sɛ ɛnan no renan.

  •   Ɛpo no reyiri.

 Sɛnea ewim tebea resɛe no, baabiara nni asaase so a ɛho nsunsuanso no nnuu hɔ. Bere a dawurubɔ krataa bi a yɛfrɛ no New York Times reka nsunsuanso a ewim nsakrae no de aba aman 193 so no ho asɛm no, ɛde too dwa sɛ: “Asaase no resu frɛ mmoa.” Sɛnea ewim tebea no resɛe no, ekum nnipa bebree na ama ebinom nso rehu amane. Ɛno nti Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kaa sɛ, nneɛma a ɛredi nnipa awu no, “ewim tebea a ɛresɛe no ne ne kɛse.”

 Nanso anidaso wɔ hɔ. Yɛwɔ nea yebetumi agyina so aka sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye. Nsɛm a ɛresisi nnɛ yi, Bible no aka ho asɛm ato hɔ dedaadaw. Ɛsan ma yehu nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛyɛ ho biribi, ne nea ɔbɛyɛ de abɔ nnipa ne asaase no ho ban daakye.

Sɛnea ewim tebea resɛe no, ɛma Bible nkɔmhyɛ ba mu anaa?

 Aane. Sɛnea ewim ayɛ hye ama wim tebea resɛe no, sɛ wode toto nea Bible kaa sɛ ebesisi wɔ yɛn bere yi mu no ho a, ehyia pɛpɛɛpɛ.

 Nkɔmhyɛ: Onyankopɔn bɛsɛe “wɔn a wɔresɛe asaase no.”—Adiyisɛm 11:18.

 Bible hyɛɛ nkɔm sɛ bere bi bɛba a, nneɛma a nnipa bɛyɛ no bɛsɛe asaase no akɔ akyiri paa. Ɛnnɛ nneɛma a nnipa reyɛ ama ewim ayɛ hyehyeehye, na wei ama asaase no resɛe ntɛmntɛm paa.

 Bible nkɔmhyɛ yi ma yehu sɛ, ɛnyɛ ade a nnipa betumi ayɛ biribi de abɔ asaase no ho ban. Ɛkaa sɛ bere a nnipa gu so ‘resɛe asaase’ no ara na Onyankopɔn de ne ho begye mu ayɛ ho biribi. Nnipa bi a wɔwɔ adwempa bɛyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma nkurɔfo agyae asaase a wɔresɛe no no. Nanso wɔbɛyɛ ayɛ ayɛ a, ɛrenkosi aga.

 Nkɔmhyɛ: “Nnipa behu nneɛma a ɛyɛ hu.”—Luka 21:11.

 Bible no ka too hɔ sɛ “nneɛma a ɛyɛ hu” anaa akomatusɛm besisi wɔ yɛn bere yi so. Sɛnea ewim tebea no resɛe no ama atoyerɛnkyɛm a ɛyɛ hu bebree asisi wɔ wiase. Ɛnnɛ sei, ebinom wɔ hɔ a sɛnea ewim tebea no resɛe no akɔfa adwinnwen kɛse bi abɛto wɔn so. Wosuro sɛ dakoro anhwɛ a ewim tebea no bɛsɛe ama obiara rentumi ntena asaase so bio.

 Nkɔmhyɛ: “Na hu eyi sɛ awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, wɔbɛyɛ sikanibere, . . . wobedi nkurɔfo huammɔ, . . . nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, . . . wobeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden.”—2 Timoteo 3:1-4.

 Suban ne nneyɛe a nnipa reyi no adi a ama ewim tebea no resɛe no, Bible aka ho asɛm ato hɔ dedaadaw. Aban ne nnwumakuw bebree wɔ hɔ a, sɛ́ anka wobedwen nnipa ho na wɔayɛ nneɛma a ɛbɛbɔ asaase no ho ban no, wɔn bɔtɔ mu mmom na wodwen ho. Sɛ mpo wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka wɔn ti apam ho de ako atia nneɛma a nkurɔfo yɛ ma ewim yɛ hyehyeehye no a, ɛrenkosi hwee efisɛ wɔn adwene renhyia wɔ ho da.

 Saa Bible nkɔmhyɛ yi da ma yehu paa sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa bɛsesa wɔn suban ayɛ nneɛma a ɛbɛbɔ asaase no ho ban. Mmom, Bible ka sɛ nnipabɔnefo “bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.”—2 Timoteo 3:13.

Nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛyɛ asɛm no ho biribi

 Bible ma yehu sɛ, yɛn Bɔfo Yehowa a Nyankopɔn ani kũ asaase no ne nnipa a yɛtete so yi ho. Yɛnhwɛ Bible kyerɛwnsɛm mmiɛnsa bi a ɛma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛyɛ tebea no ho biribi.

  1.  1. Onyankopɔn ‘ammɔ [asaase] no kwa na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.’— Yesaia 45:18.

     Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asaase yi no, ɔbɛma no aba mu. (Yesaia 55:11) Ɔrenhwɛ mma asaase no nsɛe anaa ɔremma ne nnu mpɔmpɔnso bi a nnipa rentumi ntena so bio.

  2.  2. “Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu. Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”—Dwom 37:11, 29.

     Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, nnipa bɛtena asaase so afebɔɔ ama wɔn asom adwo wɔn.

  3.  3. “Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asaase so.”—Mmebusɛm 2:22.

     Wɔn a wɔkɔ so yɛ nneɛma bɔne a ebi ne wɔn a wɔresɛe asaase no, sɛ wɔansesa wɔn suban a, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi wɔn nyinaa afi hɔ.

Nea Onyankopɔn bɛyɛ ama yɛn daakye

 Nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asaase so no, ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ama aba mu? Ɔnam n’Ahenni no so na ɔbɛma aba mu. (Mateo 6:10) Saa Ahenni no wɔ soro, na ebedi asaase nyinaa so. Nea ɛbɛboa ama nneɛma akɔ yiye wɔ asaase so no, Onyankopɔn Ahenni no ne aban foforo biara renkodi nsawɔso ansa na woayɛ. Efisɛ ebeyi nnipa aban nyinaa afi hɔ, na ɛbɛba abesi nnipa aban ananmu.—Daniel 2:44.

 Sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, asaase no ho bɛtɔ no, na nnipa a ɛwɔ so no benya asomdwoe. (Dwom 96:10-13) Nneɛma a Yehowa Nyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛyɛ ama yɛn no, ebi na edidi so yi.

  •   Ɔbɛma asaase no asi ne dedaw mu

     Nea Bible aka: “Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani begye, na anweatam bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.

     Ɛma yehu nhyira a yebenya daakye: Yehowa bɛsa asaase no yare, na mmeae a nnipa asɛe no no mpo, ɛhɔ nyinaa benya ayaresa.

  •   Ɔbɛhwɛ ama ewim nsakrae ayɛ adwuma pɛpɛɛpɛ

     Nea Bible aka: “[Yehowa] ma ahum no yɛ dinn, na po asorɔkye no yɛ komm.”—Dwom 107:29.

     Ɛma yehu nhyira a yebenya daakye: Yehowa wɔ tumi wɔ n’abɔde so. Ewim nsakrae renkɔfa ɔhaw biara mmrɛ nnipa bio.

  •   Ɔbɛkyerɛ nnipa sɛnea wɔbɛhwɛ asaase no yiye

     Nea Bible aka: “M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.”—Dwom 32:8.

     Ɛma yehu nhyira a yebenya daakye: Yehowa de asaase no ahyɛ nnipa nsa sɛ wɔnhwɛ so. (Genesis 1:28; 2:15) Daakye, ɔbɛkyerɛ yɛn ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so hwɛ nneɛma a wabɔ wɔ asaase so no, na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛsɛe asaase no ne ɛso nneɛma.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Kenkan asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?