Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 03

So Wubetumi Agye Bible Mu Nsɛm Adi?

So Wubetumi Agye Bible Mu Nsɛm Adi?

Bɔhyɛ ne afotusɛm pii wɔ Bible mu. Ebia wopɛ sɛ wuhu nea Bible kyerɛkyerɛ, nanso w’adwenem yɛ wo naa kakra. Ebia wubebisa sɛ, nhoma a akyɛ sɛɛ de, mɛyɛ dɛn agye bɔhyɛ a ɛwom no adi, na mede emu afotu abɔ me bra? Enti ɛyɛ ampa sɛ metumi de Bible afotu abɔ me bra ama m’ani agye? Asetena pa a Bible ka sɛ yebetumi anya daakye no nso ɛ, ɛyɛ nokware? Nnipa mpempem pii gye di sɛ ɛyɛ nokware. Adɛn nti na w’ankasa wonhwehwɛ mu nhu nokware a ɛwom?

1. Bible mu nsɛm, ɛyɛ nokware anaa ɛyɛ anansesɛm?

Bible no ara ka sɛ ‘nsɛm a ɛwom no yɛ nokware’ turodoo. (Ɔsɛnkafo 12:10) Bible mu nsɛm sisii ankasa. Nnipa a ɛka wɔn ho asɛm no nso tenaa ase ampa. (Kenkan Luka 1:3; 3:1, 2.) Abakɔsɛm akyerɛwfo bebree ne wɔn a wɔhwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu sɛ, nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu, mmeae a Bible bobɔ din, ne nsɛm a esisii a Bible ka ho asɛm no, ne nyinaa yɛ nokware.

2. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible no bere ntwaam?

Nsɛm bebree wɔ hɔ a, Bible kaa ho asɛm too hɔ dedaadaw ansa na nnipa rebehu. Sɛ nhwɛso no, ɛka abɔde mu nyansahu ho asɛm. Abɔde mu nyansahu ho asɛm a ɛka no, pii wɔ hɔ a bere a wɔkyerɛwee no, na nnipa pii nnye ntom. Nanso ɛnnɛ, nyansahufo abegye atom sɛ nea Bible kae nyinaa yɛ nokware. “Enni huammɔ da.”Dwom 111:8.

3. Nea Bible aka afa daakye ho no, adɛn nti na yebetumi agye adi?

Nkɔmhyɛ a pii na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu nsɛm a ‘ennya nsisii.’ (Yesaia 46:10) Nsɛm pii wɔ hɔ a, ansa na ɛrebesisi no, na Bible aka ato hɔ dedaadaw, na ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ. Nea ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no, saa pɛpɛɛpɛ na Bible hyɛɛ ho nkɔm. Adesua yi mu no, yɛbɛka Bible nkɔmhyɛ no bi ho asɛm. Wuhu sɛnea ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ no a, ɛbɛyɛ wo nwonwa!

SUA PII KA HO

Hwɛ sɛnea ɛnnɛ, abɔde mu nyansahufo foa nea Bible aka so. Afei hwɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow bi baa mu ma ɛyɛɛ nwonwa.

4. Abɔde mu nyansahu foa nea Bible aka so

Tete no, na nnipa dodow no ara gye di sɛ asaase si biribi so. Hwɛ VIDEO yi.

Hwɛ asɛm bi a ɛwɔ Hiob nhoma no mu. Bɛyɛ mfe 3,500 ni na wɔkyerɛwee. Monkenkan Hiob 26:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Kyerɛwsɛm no kaa sɛ asaase no sɛn hɔ a “biribiara nkura mu.” Adɛn nti na saa asɛm yi yɛ nwonwa?

Sɛnea nsu di akɔneaba wɔ asaase so no, bɛyɛ mfe 200 a atwam yi ara na abɔde mu nyansahufo rete ase yiye. Nanso mfe mpempem pii ansa na abɔde mu nyansahufo rete ase no, hwɛ nea na Bible aka. Monkenkan Hiob 36:27, 28. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛnea nsu di akɔneaba no, wohwɛ sɛnea kyerɛwsɛm yi akyerɛkyerɛ mu tiawa no a, ɛka wo sɛn?

  • Kyerɛwsɛm a yɛakenkan yi, ɛma wuhu Bible no sɛn?

5. Bible kaa nsɛm akɛse bi a ebesisi ho asɛm too hɔ

Monkenkan Yesaia 44:27–45:2. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nsɛm bɛn na Bible ka too hɔ bɛboro mfe 200 ansa na wɔresɛe Babilon?

Abakɔsɛm nso foa so sɛ, aka bɛyɛ mfe 540 ama wɔawo Yesu no, Ɔhene Kores a ofi Persia ne n’asraafo dii Babilon so nkonim. Ɔne n’asraafo no danee asubɔnten a na ɛbɔ kurow no ho ban no ani kɔfaa baabi foforo. Bere a asraafo no duu kurow no kwan ano no, na n’apon ano da hɔ. Enti wɔbɔ wuraa mu a obiara ne wɔn anko, na wodii so nkonim. Saa asɛm yi sii no, mfe 2,500 atwam, nanso Babilon da so ara yɛ amamfo. Wo de, ma yɛnhwɛ sɛnea Bible kaa ho asɛm.

Monkenkan Yesaia 13:19, 20. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛnea wɔsɛee Babilon no, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ saa nkɔmhyɛ yi baa mu?

Babilon amamfo a ɛwɔ Iraq

6. Nsɛm a ɛresisi nnɛ no, Bible kaa ho asɛm too hɔ

Bible ma yehu sɛ yɛte “awiei mmere no mu.” (2 Timoteo 3:1) Hwɛ nea Bible kaa sɛ ebesisi wɔ awiei mmere no mu.

Monkenkan Mateo 24:6, 7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma pɔtee bɛn na Bible kaa sɛ ebesisi wɔ awiei mmere no mu?

Monkenkan 2 Timoteo 3:1-5. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Suban ahorow bɛn na Bible kaa sɛ nkurɔfo bɛda no adi wɔ awiei mmere no mu?

  • Emu nea ɛwɔ he na wo ara wuhu sɛ ɛrekɔ so?

EBINOM KA SƐ: “Bible no de, anansesɛm nko ara na ɛwom.”

  • Wohwɛ a, adanse bɛn paa na ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ yebetumi agye emu nsɛm adi?

NEA YƐASUA

Abakɔsɛm, abɔde mu nyansahu, ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu nyinaa ma yehu sɛ yebetumi agye Bible no adi.

Ntimu

  • Wohwɛ a, Bible mu nsɛm yɛ nokware anaa ɛyɛ anansesɛm?

  • Nneɛma bɛn saa na Bible aka a abɔde mu nyansahufo foa so?

  • Wohwɛ a, Bible tumi ka nsɛm a ebesisi daakye anaa? Adɛn nti na woreka saa?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Nea Bible aka afa abɔde mu nyansahu ho no, so ebi nyɛ nokware anaa?

“Nyansahu ne Bible Hyia?” (Ɛwɔ jw.org)

Dɛn na ɛma yehu sɛ yɛte “awiei mmere no mu”?

“Bible Nkɔmhyɛ 6 a Wuhu sɛ Ɛrenya Mmamu” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 2011)

Hwɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ a ɛfa Greece Ahemman ho no baa mu.

“Nkɔmhyɛsɛm” Hyɛ Yɛn Den (5:22)

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no, hwɛ sɛnea ɛboaa ɔbarima bi ma ɔsesaa adwene a na ɔwɔ wɔ Bible ho.

“Me Deɛ, Na Migye Di sɛ Onyankopɔn Nni Hɔ” (Ɔwɛn-Aban No. 5 2017)

a Yɛka nkɔmhyɛ a, ebi ne nsɛm a ebesisi daakye a Onyankopɔn aka ho asɛm ato hɔ.