Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 02

Bible Ma Yenya Anidaso

Bible Ma Yenya Anidaso

Wokɔ wiase baabiara a, wubehu sɛ nnipa rehu amane. Wei ma wodi awerɛhow, ɛma adwinnwen hyɛ wɔn so, na ɛma wodi yaw paa. Wo nso, woahyia ɔhaw bi ama woate nka saa pɛn? Yɛreka yi, ebia yare bi reteetee wo, anaa wo ho nipa bi awu ama woredi awerɛhow. Sɛ saa a, ebia wubebisa sɛ, ‘Enti sei ara na asetena bɛyɛ?’ Wuhu nea Bible aka wɔ asɛm yi ho a, w’ani begye paa.

1. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yenya anidaso?

Ɛwom, Bible ma yehu nea enti a ɔhaw abu so wɔ wiase, nanso ɛsan ma yehu sɛ asɛmpa bi wɔ hɔ. Ɛne sɛ, ɔhaw a yɛrefa mu no, ne nyinaa befi hɔ nnansa yi ara. Bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no betumi ama woanya “daakye ne anidaso.” (Kenkan Yeremia 29:11, 12.) Bɔhyɛ ahorow no boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ano, na ɛmma yenni awerɛhow mmoro so. Afei nso, ɛma yenya anidaso sɛ daakye papa bi da hɔ retwɛn yɛn.

2. Sɛn na Bible ka sɛ asetena bɛyɛ daakye?

Bible ka sɛ bere bi bɛba a ‘owu befi hɔ, na awerɛhow ne osu ne yaw nso befi hɔ.’ (Kenkan Adiyisɛm 21:4.) Ɔhaw bi te sɛ ohia, ntɛnkyea, yare, ne owu a ɛma asetena fono yɛn nnɛ no, ne nyinaa befi hɔ. Bible ahyɛ bɔ sɛ nnipa betumi atena ase daa wɔ Paradise wɔ asaase so, na wɔn ani agye afebɔɔ.

3. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ nea Bible aka nyinaa bɛbam?

Nnipa pii nyae a anka wɔn anidaso aba mu. Nanso sɛ wɔn anidaso no bɛba mu oo, ɛremma mu oo, wɔrentumi nkyerɛ. Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no de, wotɔ wo bo ase ‘hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye’ a, wubetumi agye adi paa sɛ ɛbɛba mu. (Asomafo Nnwuma 17:11) Sɛ wusua Bible no a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ nea Bible aka afa daakye ho no yɛ nokware.

SUA PII KA HO

Asetena pa a Bible ahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba daakye no, susuw bi ho hwɛ. Hwɛ sɛnea anidaso a ɛwɔ Bible mu no reboa nnipa pii nnɛ.

4. Bible ka sɛ yebetumi atena ase daa, na ɔhaw ne amanehunu nyinaa befi hɔ

Bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no bi na ɛwɔ ase hɔ no. Emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho paa? Adɛn nti na woreka saa?

Wohwɛ bɔhyɛ biara a, wubehu sɛ kyerɛwnsɛm bi hyɛ ano. Monkenkan kyerɛwnsɛm no. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Wohwɛ a, sɛn na kyerɛwnsɛm yi betumi aboa wo? W’abusuafo ne wo nnamfo nso, sɛn na ebetumi aboa wɔn?

Fa w’ani bu sɛ wote wiase bi mu.

SAA WIASE NO MU NO . . .

SAA WIASE NO MU NO . . .

  • amanehunu, nkwakoraabɔ, mmerewabɔ, anaa owu nni hɔ.—Yesaia 25:8.

  • obiara hu sɛ wɔanyan n’adɔfo a wɔawuwu abɛtena asaase so bio.—Yohane 5:28, 29.

  • obiara wɔ apɔwmuden, na ne ho ayɛ den te sɛ aberante anaa ababaa.—Hiob 33:25.

  • obiara nni hɔ a ɔko nti ɔrehu amane.—Dwom 46:9.

  • obiara nkae ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔfaa mu no bio.—Yesaia 65:17.

  • obiara anya asetena pa, n’ani agye, na ɔrenwu da.​—Dwom 37:29.

5. Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no betumi ama yɛanya anidaso

Sɛ nnipa pii hu ɔhaw a atwa wɔn ho ahyia a, etumi ma wɔn abam bu anaa ɛhyɛ wɔn abufuw mpo. Ebinom de asi wɔn ani so sɛ wɔbɛko ayi ɔhaw no afi hɔ. Nanso hwɛ sɛnea anidaso a ɛwɔ Bible mu no reboa nnipa pii nnɛ. Monhwɛ VIDEO no. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Video no mu no, dɛn na na ɛrekɔ so a na Rafika ani nnye ho?

  • Ɛwom sɛ ɔhaw no amfi hɔ de, nanso Bible no boaa no sɛn?

Sɛ yɛn abam bu anaa yɛrefa ɔhaw mu a, anidaso a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano. Monkenkan Mmebusɛm 17:22 ne Romafo 12:12. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Anidaso a ɛwɔ Bible mu no, wohwɛ a ebetumi aboa wo wɔ w’asetena mu? Adɛn nti na woreka saa?

EBINOM KA SƐ: “Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no yɛ anansesɛm.”

  • Wohwɛ a, adɛn nti na ɛho hia sɛ wohwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm yi mu?

NEA YƐASUA

Bible ahyɛ bɔ sɛ daakye, asetena bɛyɛ dɛ. Saa anidaso yi boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ahorow ano.

Ntimu

  • Sɛ obi wɔ anidaso a, ɛboa no sɛn?

  • Dɛn na Bible ka fa daakye ho?

  • Sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yebenya asetena pa daakye a, ɛbɛboa yɛn sɛn nnɛ?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Wuhyia ɔhaw a, hwɛ sɛnea anidaso betumi aboa wo.

“Anidaso​—Etumi Ka Yɛn Asetra?” (Nyan!, May 8, 2004)

Wɔn a yare koankɔ bi abɛtena wɔn so no, hwɛ sɛnea anidaso betumi aboa wɔn.

“Mewɔ Yareɛ Koankorɔ Bi​—Bible Bɛtumi Aboa Me Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Sɛ worehwɛ nnwom ho video no a, fa w’ani bu sɛ wo ne w’abusuafo te Paradise a Bible ahyɛ ho bɔ no mu a moregye mo ani.

Fa W’ani Bu! (3:37)

Owura bi de sii n’ani so denneennen sɛ ɔbɛsesa wiase. Nanso bere a ohuu nea Bible aka afa daakye ho no, ɔsesaa n’adwene. Kenkan ne ho asɛm na hwɛ nea enti a ɔyɛɛ saa.

“Mente Nka Bio sɛ Ɛsɛ sɛ Mesesa Wiase” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 2013)