Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 01

Sɛn Na Bible Betumi Aboa Wo?

Sɛn Na Bible Betumi Aboa Wo?

Ɛkame ayɛ sɛ, yɛn nyinaa wɔ asetena mu nsɛm bi a ɛkyere yɛn adwene. Ebia woabisa pɛn sɛ, Adɛn nti na yehu amane? Adɛn nti na yewu? anaa Dɛn na ebesi daakye? Nneɛma a yɛyɛ wɔ asetena mu nso, ɛyɛ a ɛho asɛm tumi haw yɛn. Ebi ne sɛnea yebenya adwuma ayɛ, anaa sɛnea yɛbɛma yɛn abusua ani agye. Nnipa pii ahu sɛ, Bible ma wonya nsɛm a ɛkyere adwene paa no ho mmuae. Ɛno da nkyɛn a, ɛma wɔn afotu pa a wɔde bɛbɔ wɔn bra. Wunnye nni sɛ Bible betumi aboa obiara?

1. Nsɛmmisa a Bible ma yenya ho mmuae no, emu bi ne nea ɛwɔ he?

Bible ma yenya nsɛmmisa a ɛkyere adwene a edidi so yi ho mmuae: Ɛyɛɛ dɛn na nkwa bae? Yɛbaa wiase bɛyɛɛ dɛn? Adɛn nti na nnipa pa tumi hu amane? Sɛ obi wu a, dɛn na ɛto no? Sɛ nnipa nyinaa pɛ asomdwoe a, ɛnde adɛn nti na akokoakoko abu so saa? So bere bi bɛba a asaase yi bɛsɛe? Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae. Nnipa ɔpepem pii ayɛ saa, na mmuae a wɔanya no ama wɔn koma atɔ wɔn yam.

2. Sɛn na Bible boa yɛn ma yɛn ani gye wɔ asetena mu?

Bible ma yɛn afotu pa. Ebi ne sɛ, ɛboa mmusua ma wohu nea wɔyɛ a, ɛbɛma wɔn ani agye paa. Sɛ adwinnwen bi bɛtɔ yɛn so a, ɛma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Afei nso, ɛma yehu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ani agye yɛn adwuma ho. Nsɛm a yɛabobɔ so yi ne pii wɔ hɔ a, bere a yegu so resua ade no, yebehu nea Bible ka fa ho. Wobɛba abehu sɛ ‘Kyerɛwnsɛm no nyinaa [kyerɛ sɛ, biribiara a ɛwɔ Bible mu no] ye anaa mfaso wɔ so.’2 Timoteo 3:16.

Nhoma yi nyɛ Bible. Mmom ɛbɛboa wo ma woahu nea ɛwɔ Bible no mu. Enti yɛsrɛ sɛ, ɛyɛ a kenkan kyerɛwnsɛm a ɛwɔ adesua no mu no, na fa toto nea woresua no ho.

SUA PII KA HO

Hwɛ sɛnea Bible aboa nnipa pii, sɛnea wobɛkenkan ama w’ani agye ho, ne nea enti a ehia sɛ woma obi boa wo ma wote Bible no ase.

3. Bible betumi akyerɛ yɛn kwan

Bible te sɛ kanea bi a ano yɛ den paa. Ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa, na ebetumi ama yɛahu nea ebesi daakye nso.

Monkenkan Dwom 119:105. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nea ɔkyerɛw saa asɛm yi, wohwɛ a na obu Bible no sɛn?

  • Wo nso, wuhu Bible no sɛn?

4. Bible betumi ama yɛanya yɛn nsɛmmisa ho mmuae

Ná nsɛm bi akyere maame bi adwene mfe pii, nanso obehui sɛ, sɛɛ na ne nyinaa ho mmuae wɔ Bible mu. Monhwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Nsɛm bɛn na na ɛkyere maame no adwene?

  • Bere a osuaa Bible no, ɛboaa no sɛn?

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ yɛnte biribi ase a, ɛyɛ a yemmisa. Monkenkan Mateo 7:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nsɛm bɛn na ɛkyere w’adwene a wohwɛ a Bible betumi ama woanya ho mmuae?

5. Wubetumi akenkan Bible ama w’ani agye

Nnipa pii ani gye Bible akenkan ho, na wɔahu sɛ ɛreboa wɔn. Monhwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

  • Video no mu no, na mmerante ne mmabaa no hu akenkan sɛn?

  • Nanso Bible no de, adɛn nti na na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan?

Bible mu nsɛm tumi kyekye yɛn werɛ, na ɛma yenya anidaso nso. Monkenkan Romafo 15:4. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Awerɛkyekye ne anidaso a Bible ka ho asɛm no, w’ani nnye ho sɛ wubenya bi anaa?

6. Afoforo betumi aboa yɛn ama yɛate Bible ase

Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔn ankasa kenkan Bible a, ɛboa wɔn. Nanso sɛ wonya obi ne wɔn pɛnsɛpɛnsɛ mu a, ɛma wɔte ase yiye. Monkenkan Asomafo Nnwuma 8:26-31. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

Ɔbarima a na ofi Etiopia no, obi boaa no ansa na ɔrete Kyerɛwnsɛm no ase. Ɛnnɛ nso, nnipa bebree ahu sɛ, sɛ wonya obi ne wɔn pɛnsɛpɛnsɛ Bible mu a, ɛma wɔte ase yiye

EBINOM KA SƐ: “Wusua Bible a, woresɛe wo bere.”

  • Wo nso ɛ, wudwen ho sɛn? Adɛn nti na woreka saa?

NEA YƐASUA

Bible ma yenya afotu pa a yɛde bɛbɔ yɛn bra, ɛma yenya nsɛmmisa a ɛkyere yɛn adwene ho mmuae, na ɛma yenya awerɛkyekye ne anidaso.

Ntimu

  • Afotu a ɛwɔ Bible mu no, ebi fa dɛn ho?

  • Nsɛmmisa a Bible ma yenya ho mmuae no, emu bi ne nea ɛwɔ he?

  • Nsɛm bɛn na wopɛ sɛ wunya mu nkyerɛkyerɛmu fi Bible mu?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Ná ɔbarima bi te nka sɛ ɔnsɛ hwee. Saa ɔhaw yi fii ase wɔ ne mmofraase pɛɛ. Hwɛ sɛnea Bible boaa no.

Sɛnea Mifii Ase Nyaa Anigye Wɔ M’abrabɔ Mu (2:53)

Hwɛ sɛnea afotu pa a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa mmusua ama wɔn ani agye.

“Nneɛma 12 a Ama Asi Mmusua Bi Yiye” (Nyan! No. 2 2018)

Nnipa pii nnim onii ko a odi wiase yi so. Nanso, hwɛ nea Bible ka.

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible?​—Tenten (3:14)