Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Wɔ Baabiara Anaa?

Onyankopɔn Wɔ Baabiara Anaa?

Nea Bible ka

 Onyankopɔn tumi hu biribiara, na baabiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi nso, otumi yɛ. (Mmebusɛm 15:3; Hebrifo 4:13) Nanso Bible nka sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara. Mmom ɛma yehu sɛ ɔyɛ obi, na ɔwɔ baabi pɔtee a ɔte.

  •   Sɛnea Onyankopɔn te: Onyankopɔn yɛ honhom. (Yohane 4:24) Nnipa ntumi mfa wɔn ani nhu no. (Yohane 1:18) Onyankopɔn ho anisoadehu pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ ɔwɔ baabi pɔtee a ɔte. Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ baabiara.—Yesaia 6:1, 2; Adiyisɛm 4:2, 3, 8.

  •   Ɛhe na Onyankopɔn wɔ? Bible ka sɛ Onyankopɔn “tenabea” wɔ “soro.” (1 Ahene 8:30) Wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn nte asaase so anaa onni baabi foforo biara, na mmom ɔwɔ soro. Bible kyerɛ sɛ bere bi abɔfo “begyinagyinaa Yehowa a anim.” Ɛno ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ baabi pɔtee.—Hiob 1:6.

Sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔwɔ baabiara a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi aboa obi biara?

 Onyankopɔn betumi aboa wo. Odwen yɛn ho mmaako mmaako. Ɛwom, ɔwɔ soro nanso n’ani tua asaase so nnipa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde nyinaa, na ɔpɛ sɛ odi boa wɔn. (1 Ahene 8:39; 2 Beresosɛm 16:9) Yɛnhwɛ nneɛma bi a Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ wɔn a woyi wɔn yam som no no, odwen wɔn ho:

  •   Bere a worebɔ mpae: Wunya bue w’ano sɛ worebɔ mpae a, Yehowa te.—2 Beresosɛm 18:31.

  •   Bere a adwinnwen ahyɛ wo so: “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.”—Dwom 34:18.

  •   Bere a wuhia akwankyerɛ: Yehowa nam n’Asɛm Bible so bɛma ‘woanya nhumu na wakyerɛ wo ɔkwan a fa so.’—Dwom 32:8.

Atosɛm a nkurɔfo ka de kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara

 Atosɛm: Baabi a wobɛfa biara Onyankopɔn wɔ hɔ.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn nte asaase so, na onni baabi foforo biara wɔ amansan yi mu. (1 Ahene 8:27) Ɛwom, nsoromma ne nneɛma foforo a Onyankopɔn abɔ “ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ.” (Dwom 19:1) Nanso sɛ obi drɔ nneɛma bi a, yɛrentumi nka sɛ ɔte nneɛma a wadrɔ no mu. Enti saa ara na Onyankopɔn nso nte nneɛma a wabɔ mu. Ne nyinaa mu no, sɛ yehu ade a obi adrɔ a, ɛma yesua biribi fa onii a ɔdrɔe no ho. Saa ara na yɛn nso sɛ yɛhwɛ nneɛma a Ɔbɔadeɛ no ayɛ a, ɛma yehu ne “su horow a wonhu no.” Esu no bi ne tumi, nyansa, ne ɔdɔ.—Romafo 1:20.

 Atosɛm: Sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔwɔ baabiara a, anka ɛnyɛ biribiara na obetumi ahu anaa obetumi ayɛ.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ tumi a ɔde yɛ ade. Ne honhom kronkron nti, otumi hu biribiara. Afei nso ɛma otumi yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara, na ɔyɛ wɔ baabi a ɔpɛ ne bere a ɔpɛ a enhia sɛ ɔno ankasa wɔ hɔ.—Dwom 139:7.

 Atosɛm: Asɛm a ɛwɔ Dwom 139:8 no ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara. Ɛka sɛ: “Sɛ meforo kɔ soro a, wuni; na sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ Adamoa mu a, ɛhɔ nso wowɔ hɔ.”

 Nokwasɛm: Ɛnyɛ baabi a Onyankopɔn wɔ na kyerɛwsɛm yi reka ho asɛm. Mmom ɛyɛ anwensɛm a ɛma yehu sɛ baabi a yɛhyɛ biara, Onyankopɔn betumi adi aboa yɛn.

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.