Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Wɔ Tenabea Pɔtee Bi?

Onyankopɔn Wɔ Tenabea Pɔtee Bi?

Nea Bible ka

 Yiw. Onyankopɔn wɔ beae pɔtee bi a ɔte. Ɔwɔ ɔsoro. Hwɛ nea Bible mu nsɛm yi ka:

 Ɔhene Solomon kaa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Wo ara fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie.”​—1 Ahene 8:43.

 Yesu Kristo kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae mma wɔn “Agya a [ɔwɔ] soro.”​—Mateo 6:9.

 Yesu nyan fii owu mu no, “ɔkɔɔ ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekoyi ne ho adi Onyankopɔn anim.”​—Hebrifo 9:24.

 Bible mu nsɛm yi nyinaa di adanse pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ hɔ ankasa. Ɛma yehu nso sɛ ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara, na mmom ne tenabea wɔ ɔsoro.