Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Adebɔ Ho Nokwasɛm

Adebɔ Ho Nokwasɛm

AMANSAN yi mfiase ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, nnipa mpempem pii ate anaa wɔakenkan ho asɛm. Wɔkyerɛw too hɔ mfe 3,500 ni, na asɛm a ɛde fi ase ne sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”

Nnipa bi adwene ne sɛ nna nsia paa na Onyankopɔn de bɔɔ adeɛ. Saa nkurɔfo no ne asɔfo akyinkyim adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ayɛ no anansesɛm bebree, na nnipa pii nnim sɛ nea wɔayɛ no ne Bible nhyia koraa. Nsɛm a wɔkeka no ne nyansahu nso nhyia. Ɛwom sɛ saa anansesɛm no nni Bible mu, nanso ama nnipa bebree nnye nea Bible ka no ntom; wobu no sɛ ɛyɛ bɔsrɛmka.

Nnipa pii nnim adebɔ ho nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no. Ɛyɛ awerɛho, efisɛ amansan yi mfiase ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, ntease wom na ɛtɔ asom. Nea ɛyɛ dɛ wɔ ho koraa ne sɛ, ɛne nyansahu hyia. Ampa, sɛ wuhu adebɔ ho nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no a, ɛbɛyɛ wo dɛ kwa!

ƆBƆADEƐ NO HO NOKWASƐM

Sɛ yɛhwɛ nea Bible ka fa adebɔ ho a, yehu sɛ ne nyinaa gyina asɛm baako pɛ so. Ɛne sɛ, Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn Pumpuni bi na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Ɔne hwan, na ɔte sɛn? Bible ma yehu sɛ ɔnte sɛ abosom ne anyame a nkurɔfo som wɔn no. Ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, nanso nnipa dodow no ara nnim no ahe biara.

  • Onyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Ɔnyɛ mframa bi a ɔnenam baabiara kɛkɛ. Ɔwɔ adwene, ɔwɔ atenka na ɔwɔ botae nso.

  • Onyankopɔn nyansa ne ne tumi nni ano. Ɛno nti na wabɔ nneɛma pii a ɛboro yɛn ntease so no, ɛnkanka nneɛma a nkwa wom.

  • Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma a yehu nyinaa. Ne saa nti ɛrentumi mma sɛ nneɛma a ɔno ankasa bɔe no bi na obi de bɔɔ no. Mmom, ɔyɛ honhom; yentumi nhu no.

  • Onyankopɔn te hɔ daa; onni mfiase nni awiei. Ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ no.

  • Onyankopɔn wɔ din, na edin no wɔ Bible mu mpempem pii. Ne din ne Yehowa.

  • Yehowa Nyankopɔn dɔ nnipa, na ɔdwene wɔn ho.

 MFE SƐN NA ONYANKOPƆN DE BƆƆ ADEƐ?

Bible ka sɛ Onyankopɔn “bɔɔ ɔsoro ne asase.” Saa asɛm no, ɔkaa no traa; ɛnkyerɛ mfe dodow a ɔde bɔɔ adeɛ, ne kwan a ɔfaa so bɔɔ nneɛma. Ɛnneɛ asɛm a ebinom ka sɛ Onyankopɔn de nna nsia paa na ɛbɔɔ adeɛ no nso ɛ? Adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Bible mu a wɔnte ase nti na wɔka saa. Nyansahufo mpo nnye saa asɛm no ntom. Enti yɛnhwɛ nea Bible no ankasa ka.

Nkurɔfo a wɔka sɛ nna nsia paa na Onyankopɔn de bɔɔ adeɛ no, Bible ne wɔn nyɛ adwene koraa

  • Nkurɔfo a wɔka sɛ nna nsia paa na Onyankopɔn de bɔɔ adeɛ no, Bible ne wɔn nyɛ adwene koraa.

  • Sɛ Bible ka “ɛda” a, etumi kyerɛ mmere bebree. Ɛtɔ da a, ɛnkyerɛ bere no tenten. Wei ho nhwɛso ne adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu no.

  • Wohwɛ Bible mu a, ebetumi aba sɛ nna nsia no biara tenten yɛ mfe apem.

  • Bere a adebɔ da a edi kan no refi ase no, na Onyankopɔn abɔ amansan yi dada; na asase yi wɔ hɔ a hwee nni so.

  • Ɛda adi sɛ nna nsia a Yehowa Nyankopɔn de bɔɔ adeɛ no yɛ bere tenten bi a ɔde siesiee asase no so maa nnipa.

  • Adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛne mfe a nyansahufo kyerɛ sɛ amansan yi adi no hyia.

ADANNANDI—ƐNO NA ONYANKOPƆN NAM SO BƆƆ ADEƐ?

Nnipa a wɔnnye Bible nni no, nea wɔka ne sɛ nneɛma bi a nkwa nnim na ɛdanedanee maa nkwa bae. Wɔfa no sɛ, nneɛma a nkwa nnim no danedane bɛyɛɛ aboa ketewa bi. Nkakrankakra na aboa no nso dane bɛyɛɛ nnipa ne mmoa pepeankama a ɛwɔ hɔ yi. Nea wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ araa ne sɛ onipa dasani fi saa aboa ketewa no mu.

Wɔn a wɔseɛ sɛ wɔgye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn asɛm no, wɔn nso wɔgye di sɛ onipa fi aboa mu. Wɔgye di sɛ Onyankopɔn bɔɔ aboa ketewa bi too asase so, ɛnna ɔhwɛ maa aboa no danedane bɛyɛɛ onipa. Nanso ɛnyɛ saa na Bible kyerɛkyerɛ.

Adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛne asɛm a nyansahufo ka sɛ awoɔ ama yɛanya mmoa ne nnipa ahorow ahorow no hyia

  • Bible kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɛbɔɔ nnua ne mmoa; ɔno ara na ɔbɔɔ barima ne ɔbaa a bɔne biara nni wɔn ho. Ná wɔtumi de wɔn adwene yɛ adwuma, na na wɔwɔ ɔdɔ, nyansa ne atɛntrenee.

  • Mmoa ne nnua a Onyankopɔn bɔe no, yehu sɛ awoɔ ama yɛanya n’ahorow ahorow. Ɛno nti na nipa tuntum wo nipa kɔkɔɔ na kɔkɔɔ wo tuntum. Nanso nnipa da so yɛ nnipa, na mmoa yɛ mmoa.

  • Adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛne asɛm a nyansahufo ka sɛ awoɔ ama yɛanya mmoa ne nnipa ahorow ahorow no hyia.

 ABƆDEƐ MA YEHU ƆBƆADEƐ NO

Bɛyɛ afe 1850 mu hɔ baabi, Britainni nyansahufo Alfred Russel Wallace ne Charles Darwin yɛɛ adwene sɛ mmoa na ɛdanedane bɛyɛɛ nnipa. Nanso ɔno Wallace korɔ yi ara kae sɛ: “Obiara a ɔwɔ ani a ehu adeɛ na adwene da ne tirim no, sɛ ɔhwɛ nkwaboaa ketekete, mogya, asase ne amansan yi nyinaa a, . . .  obehu sɛ onyansafo bi paa na ɔhyɛɛ da hyehyɛɛ biribiara.”

Bɛyɛ mfe mpem mmienu ansa na Wallace reba wiase no, na Bible aka ato hɔ dadaada sɛ: “[Onyankopɔn] su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu.” (Romafo 1:20) Ɛwom ara a, gye bere na dwene ho hwɛ sɛnea abɔdeɛ yɛ nwonwa. Hwɛ nsensan baako pɛ mpo na hwɛ nsoromma mpempem a egu wim. Enti sɛ wogyene w’ani hwɛ abɔdeɛ a, wutumi hu sɛ ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.

Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ ɔdɔ Nyankopɔn bi na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa a, adɛn nti na ɔhwɛ ma yehu amane? N’abɔdeɛ a yɛwɔ asase so no, wato yɛn atwene anaa? Anidaso bɛn na yɛwɔ?’ Nokwasɛm pii nso wɔ Bible mu, nanso nyansahufo ne asɔfo akyinkyim no ama ɛso akata. Yehowa Adansefo na wɔyɛɛ nwoma yi. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ama woahu nokware turodoo a ɛwɔ Bible mu. Wɔbɛma woahu Ɔbɔadeɛ no yiye ne nea daakye ɔbɛyɛ ama nnipa.