Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Yesu Te Sɛn?

Ná Yesu Te Sɛn?

Nea Bible ka

 Obiara nnim sɛnea na Yesu te ankasa, efisɛ Bible nka sɛnea ne nipadua te. Wei kyerɛ sɛ, sɛnea na Yesu nipadua te no nyɛ biribi a ɛho hia. Nanso, nsɛm bi wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na Yesu nipadua te.

  •   Sɛnea na ɔte: Ná Yesu yɛ Yudani, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔsɛ ne maame a ɔno nso yɛ Yudani no. (Hebrifo 7:14) Enti ebetumi aba sɛ Yesu ne nkurɔfo gyina hɔ a, na wonhyɛ da nhu nsonsonoe biara wɔ wɔn mu. Bere bi sei, Yesu tumi tuu kwan fii Galilea kɔɔ Yerusalem a obiara anhu sɛ ɔno a. (Yohane 7:10, 11) Ebetumi aba sɛ, sɛ ɔne n’asuafo a wɔbɛn no paa no mpo gyina hɔ a, na ɛbɛyɛ den sɛ wubehu sɛ Yesu ni. Sɛ wobɛkae a, bere a nnipadɔm bi a wokurakura sekan ne nkontimmaa kɔe sɛ wɔrekɔkyere Yesu no, Yuda Iskariot kyerɛɛ wɔn sɛ Yesu ni ansa na wɔrehu no.—Mateo 26:47-49.

  •   Ne ti nwi: Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu ti nwi nnɔɔso anaa ɛnyɛ tenten, efisɛ Bible ka sɛ ‘ɔbarima gyaw ne ti nwi kusuu a, ɛnyɛ nidi mma no.’—1 Korintofo 11:14.

  •   Abogyesɛ anaa Abɔdwesɛ: Yesu gyaw abɔdwesɛ. Yudafo mmara a na ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ mmarima a wɔanyin ‘sɛe wɔn abɔdwesɛ ano’ no, odii so. (Leviticus 19:27; Galatifo 4:4) Afei nso, bere a Bible rehyɛ nkɔm sɛ Yesu behu amane no, ɛkaa n’abɔdwesɛ ho asɛm.—Yesaia 50:6.

  •   Nipadua: Adanse a ɛwɔ hɔ nyinaa kyerɛ sɛ na Yesu bɔ si, na na ɔwɔ ahoɔden paa. Bere a ɔreyɛ ne som adwuma no, otwaa kwantenten pii. (Mateo 9:35) Ɔtew Yudafo asɔrefie no ho mprenu, na bere a ɔreyɛ saa no, ɔkekaa sikasesafo no apon butubutuwii, na emu baako mpo de, ɔde abaa pam mmoa fii asɔrefie hɔ. (Luka 19:45, 46; Yohane 2:14, 15) Nhoma bi ka sɛ: “Wohwɛ nsɛm a Nsɛmpa nnan no ka a, ɛma wuhu sɛ na [Yesu] si pi si ta, na na ne ho yɛ den paa.”—McClintock and Strong’s Cyclopedia, Volume IV, kratafa 884.

  •   N’anim: Ná Yesu anim tew, na na ɔwɔ ayamhyehye, na akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wohwɛ n’anim koraa a, na wutumi hu no saa. (Mateo 11:28, 29) Nnipa ahorow nyinaa bi baa ne nkyɛn bɛpɛɛ awerɛkyekye ne mmoa. (Luka 5:12, 13; 7:37, 38) Mmofra mpo, sɛ wɔrekɔ Yesu nkyɛn a, na wonsuro.—Mateo 19:13-15; Marko 9:35-37.

Atosɛm a nkurɔfo ka fa sɛnea na Yesu te ho

 Atosɛm: Ebinom ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yesu yɛ Afrikani, efisɛ Adiyisɛm nhoma no ka sɛ Yesu ti nwi te sɛ oguan nwi, na ne nan te sɛ “kɔbere a wɔatwiw ho.”—Adiyisɛm 1:14, 15, The New Jerusalem Bible.

 Nokwasɛm: Adiyisɛm nhoma no, wɔnam “nsɛnkyerɛnne” so na ɛde mae. (Adiyisɛm 1:1) Asɛm a wɔka faa Yesu ti nwi ne ne nan ho wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔka de gyinaa hɔ maa sɛnea na Yesu te wɔ ne wusɔre akyi, na ɛnyɛ sɛnea na ɔte bere a ɔwɔ asaase so no. Sɛ Adiyisɛm 1:14 ka sɛ Yesu ‘ti nwi hoa te sɛ oguan nwi fitaa, na ɛte sɛ sukyerɛmma’ a, ɛnyɛ sɛnea Yesu ti nwi te ho asɛm na ɛreka. Mmom ɛde kɔla fitaa no retoto biribi ho. Ɛde kɔla fitaa no rekyerɛ sɛ, Yesu wɔ nyansa efisɛ wanyin paa. (Adiyisɛm 3:14) Sɛ saa kyerɛwsɛm no ka sɛ Yesu ti nwi hoa te sɛ oguan nwi fitaa, na ɛte sɛ sukyerɛmma a, ɛnkyerɛ sɛ Yesu wɔ ti nwi bi a sɛ wuso mu a ɛte sɛ oguan nwi anaa sukyerɛma.

 Kyerɛwsɛm no kaa sɛ, na Yesu nan “te sɛ kɔbere fɛfɛ a adɔ wɔ fononoo mu.” (Adiyisɛm 1:15) Afei nso, ɛka sɛ na n’anim “te sɛ owia a abɔ denneennen.” (Adiyisɛm 1:16) Ɔman biara nni hɔ a emu nnipa honam kɔla te sɛ nea kyerɛwsɛm no aka no, enti ɛbɛyɛ sɛ saa anisoadehu no gyina hɔ ma biribi. Ɛkyerɛ sɛ, Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no ‘te hann a wontumi mmɛn ho mu.’—1 Timoteo 6:16.

 Atosɛm: Ná Yesu nni ahoɔden, na na ɔyɛ bɛtɛɛ.

 Nokwasɛm: Wohwɛ sɛnea Yesu yɛ n’ade a, wuhu sɛ na ɔyɛ barima paa. Nhwɛso bi ni. Bere bi, nkurɔfo bi a wokurakura sekan ne nkontimmaa kɔe sɛ wɔrekɔkyere Yesu. Bere a Yesu huu wɔn no, ɔde akokoduru begyinaa wɔn n’anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘mini.’ (Yohane 18:4-8) Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu ho yɛ den paa, efisɛ na ɔyɛ kapentani, na na ɔde n’ahoɔden na ɛyɛ adwuma. Efisɛ saa bere no, na abɛɛfo mfiri a wɔde yɛ kapenta adwuma ɛnnɛ no bi nni hɔ.—Marko 6:3.

 Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na obi soaa Yesu asɛndua no bi boaa no? Na adɛn nti na Yesu dii kan wui ansa na wɔn a na wɔne no sɛn dua so no rewu? (Luka 23:26; Yohane 19:31-33) Ansa na wɔrekum Yesu no, wɔhyɛɛ no aniɛyaa paa. Afei nso, nea na ɔrebɛfa mu no ho adwinnwen ne nneɛma foforo nti, wanna anadwo no nyinaa. (Luka 22:42-44) Yudafo no teetee no anadwo no nyinaa, na ade kyee nso, Romafo no de no faa ayakayakade mu paa. (Mateo 26:67, 68; Yohane 19:1-3) Ɛbɛyɛ sɛ weinom nyinaa ka ho bi nti na Yesu wuu ntɛm no.

 Atosɛm: Ná Yesu yɛ dinn dinn, na na ɔyɛ mmɔbɔmmɔbɔ.

 Nokwasɛm: Yesu suasuaa ne soro agya Yehowa suban pɛpɛɛpɛ. Bible ka sɛ Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11; Yohane 14:9) Nea ɛwom mpo ne sɛ, Yesu kyerɛɛ nkurɔfo nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn ani agye. (Mateo 5:3-9; Luka 11:28) Sɛ wokeka saa nsɛm yi nyinaa bom a, ɛma yehu sɛ na Yesu anim taa yɛ sereserew.