Yohane Adiyisɛm 3:1-22

  • Nsɛm a wɔde kɔmaa Sardi asafo (1-6), Filadelfia asafo (7-13), ne Laodikea asafo (14-22)

3  “Kyerɛw kɔma Sardi asafo no bɔfo sɛ: Eyi na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason+ ne nsoromma ason+ no ka: ‘Minim wo nnwuma sɛ wowɔ din* sɛ wote ase, nanso woawu.+  Wɛn,+ na hyɛ nneɛma a aka a anka ɛreyɛ awu no den, efisɛ minhuu sɛ woayɛ wo nnwuma awie wɔ me Nyankopɔn anim.  Enti kɔ so kae nea woanya ne nea woate, na kɔ so di so, na sakra.+ Na sɛ woannyan a, mɛba sɛ ɔkorɔmfo,+ na bere* ko a mɛba wo so no, worenhu da.+  “‘Nanso wowɔ nnipa kakra* wɔ Sardi a wɔangu wɔn ntaade ho fĩ,+ na wɔne me bɛnantew ntaade fitaa+ mu, efisɛ wɔfata.  Enti nea odi nkonim no,+ wɔde ntaade fitaa+ bɛhyɛ no. Na merempopa ne din mfi nkwa nhoma+ no mu da, na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya ne n’abɔfo anim.+  Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’  “Kyerɛw kɔma Filadelfia asafo no bɔfo sɛ: Eyi na nea ɔyɛ kronkron,+ nea ɔyɛ ɔnokwafo,+ nea ɔwɔ Dawid safe,+ a sɛ obue a obiara ntom, na ɔtom a obiara mmue no ka:  ‘Minim wo nnwuma, hwɛ! mede ɔpon a wɔabue+ asi w’anim a obiara rentumi ntom. Na minim sɛ wowɔ tumi kakra, na wudii m’asɛm so, na woampo me din.  Hwɛ! Wɔn a wofi Satan apamfo* mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo, nanso wɔnyɛ Yudafo+ na mmom wɔredi atoro no, hwɛ! mɛma wɔaba abɛkotow wo nan ase na wɔahu sɛ medɔ wo. 10  Esiane sɛ nea wote faa m’animia+ ho no, wudii so nti,* me nso, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa abɛsɔ wɔn a wɔte asaase so ahwɛ no, mɛkora wo so.+ 11  Mereba ntɛm.+ Kɔ so kura nea wowɔ no mu denneennen, na obi annye w’ahemmotiri.+ 12  “‘Nea odi nkonim no, mɛyɛ no edum wɔ me Nyankopɔn asɔrefi, na ɔremfi hɔ nkɔ bio. Na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din,+ ne me Nyankopɔn kurow, Yerusalem Foforo+ a efi me Nyankopɔn hɔ sian fi soro no din, ne m’ankasa me din foforo+ no wɔ no so. 13  Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’ 14  “Kyerɛw kɔma Laodikea asafo+ no bɔfo sɛ: Eyi na Amen no+ ka, ɔdansefo+ nokwafo a onni huammɔ,+ Onyankopɔn adebɔ mfiase+ no: 15  ‘Minim wo nnwuma, sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Me yam a anka woyɛ nwini anaa woyɛ hyew. 16  Enti esiane sɛ woyɛ boturobodwo a wonyɛ hyew+ na wonyɛ nwini+ nti, merebɛfe wo afi m’anom. 17  Efisɛ woka sɛ: “Meyɛ osikani,+ manya me ho, na hwee nhia me.” Nanso wunnim sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛhow, na woyɛ ohiani ne onifuraefo, na woda adagyaw. 18  Enti mitu wo fo sɛ, tɔ sika kɔkɔɔ a wɔde ogya ayi mu fĩ wɔ me nkyɛn na woayɛ osikani, na tɔ ntaade fitaa na woatumi asiesie wo ho na w’adagyaw anna adi amma w’ani anwu,+ na tɔ ani aduru a wode bɛsra w’aniwa+ na woahu ade.+ 19  “‘Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa, mekasa kyerɛ wɔn, na meteɛ wɔn so.+ Enti keka wo ho na sakra.+ 20  Hwɛ! migyina ɔpon ano rebom. Sɛ obi te me nne na obue ɔpon no a, mɛba ne fi ne no abedi anwummere aduan, na ɔno nso ne me adidi. 21  Nea odi nkonim no,+ mɛma ɔne me atena m’ahengua so,+ sɛnea me nso midii nkonim na me ne m’Agya tenaa+ n’ahengua so no. 22  Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “woagye din.”
Anaa “dɔn.”
Nt., “edin kakra.”
Nt., “hyiadan.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wudii m’animia ho nhwɛso akyi nti.”