Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo De Wɔn Gyidi Hyɛ Wɔn Mma So Anaa?

Yehowa Adansefo De Wɔn Gyidi Hyɛ Wɔn Mma So Anaa?

 Daabi, efisɛ Onyankopɔn som deɛ, obi nhyɛ obi. (Romafo 14:12) Yehowa Adansefo de Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma, nanso sɛ nkwadaa no nyin a, wɔn ara na wɔbɛkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo anaa wɔrenyɛ bi.—Romafo 12:2; Galatifo 6:5.

 Sɛnea awofo dodow no ara pɛ sɛ esi wɔn mma yiye no, saa ara na Yehowa Adansefo nso pɛ sɛ esi wɔn mma yiye. Nea Yehowa Adansefo nim sɛ ɛbɛboa wɔn mma no, ɛno na wɔkyerɛ wɔn. Ebi ne nnwuma a mfaso wɔ so, abrabɔ pa ho mmara, ne wɔn gyidi. Yehowa Adansefo gye di sɛ Bible ma yɛn abrabɔ si yɛn yiye, enti wɔbɔ wɔn ho mmɔden de Bible nkyerɛkyerɛ dua wɔn mma mu. Ɛno nti wɔne wɔn mma sua Bible, na wɔne wɔn nyinaa kɔ Kristofo nhyiam. (Deuteronomium 6:6, 7) Sɛ wɔn mma no nyin a, obiara bɛhwɛ nea wasua no ho na wasi ne gyinae sɛ ɔbɛkɔ ne maame ne papa som no bi anaasɛ ɔrenkɔ bi.

 Yehowa Adansefo bɔ nkwadaa asu anaa?

 Daabi. Nkwadaa a yɛbɔ wɔn asu deɛ, Bible mma kwan. Wo deɛ hwɛ, Bible kyerɛ sɛ, ansa na wɔrebɔ tete Kristofo no asu no, wɔtee asɛmpa no, “wɔde anigye gyee,” na wɔsakrae. (Asomafo Nnwuma 2:14, 22, 38, 41) Enti sɛ obi betumi abɔ asu a, ɛsɛ sɛ onyin du baabi a obetumi ate Bible nkyerɛkyerɛ ase, ɛsɛ sɛ ogye di, na otumi si gyinae sɛ ɔde saa nkyerɛkyerɛ no bɛbɔ ne bra. Saa nneɛma yi, nkwadaa ntumi nyɛ.

 Sɛ nkwadaa renyin a, edu baabi a wɔn ara na wɔbɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu. Nanso ade a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no, ɛsɛ sɛ ohu n’asɛde a ɛwɔ ho.

 Sɛ Yehowa Danseni ba ammɔ asu a, ɔpo akwadaa no anaa?

 Daabi. Sɛ Yehowa Danseni ba ammɛyɛ Yehowa Danseni a, ɛma awofo no di awerɛhow, nanso wɔkɔ so dɔ wɔn ba no. Wɔnka sɛ wammɛyɛ Yehowa Danseni nti wɔapo no.

Mfe a obiara adi biara no, ɔno ara na ɛsɛ sɛ osi ne gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu anaa ɔremmɔ asu

 Sɛ Yehowa Adansefo rekɔ asɛnka a, adɛn nti na wɔde wɔn mma kɔ bi?

 Nneɛma bebree nti na sɛ yɛrekɔ asɛnka a yɛde yɛn mma ka yɛn ho. a

  •   Bible tu awofo fo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn asɛm, na wɔntete wɔn mma wɔnsom Nyankopɔn. (Efesofo 6:4) Yɛka ɔsom a, nea ɛkyerɛ no bi ne sɛ obi bɛka ne gyidi ho asɛm wɔ baguam. Ɛno nti, Onyankopɔn asɛm a yɛde kyerɛkyerɛ nkwadaa no, asɛnka a yɛde wɔn kɔ no nso ka ho paa.—Romafo 10:9, 10; Hebrifo 13:15.

  •   Bible ahyɛ da aka akyerɛ nkwadaa sɛ “wonyi Awurade din ayɛ.” (Dwom 148:12, 13, King James Version) Ade titiriw baako a wubetumi ayɛ de ayi Nyankopɔn ayɛ ne sɛ wobɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo. b

  •   Sɛ nkwadaa ne wɔn awofo bom kɔ asɛnka a, ɛboa wɔn akwan pii so. Ebi ne sɛ, ɛma wonya suban pa te sɛ ayamhyehye, ayamye ne obu, na wodwen afoforo ho. Wei nti ɛma wohu sɛnea wɔne obiara bɛkasa. Afei nso, asɛnka boa nkwadaa ma wɔte ase paa sɛ nea wogye di no, egyina Bible so.

 Yehowa Adansefo di nnapɔnna ne afahyɛ anaa?

 Yehowa Adansefo nni nyamesom mu nnapɔnna anaa afahyɛ a Onyankopɔn ani nnye ho. c (2 Korintofo 6:14-17; Efesofo 5:10) Awoda ne Buronya sei, emfi Kristosom mu, enti yenni.

 Mmom yetumi ne yɛn abusuafo gye yɛn ani na yeyi yɛn yam kyɛ yɛn mma adeɛ. Ɛnyɛ sɛ afe so a na yɛne yɛn abusuafo bom gye yɛn ani na yɛkyɛ adeɛ. Mmom yetumi ne nkurɔfo bom gye yɛn ani, na yetumi kyɛ adeɛ bere biara.

Kristofo a wɔyɛ awofo yi wɔn yam kyɛ wɔn mma adeɛ

a Nea ɛtaa ba ne sɛ, Yehowa Adansefo nkwadaa nko ara nkɔ asɛnka, gye sɛ wɔn awofo anaa panyin bi a n’ani da fam ka wɔn ho.

b Bible ma yehu sɛ nkwadaa bebree kaa wɔn gyidi ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo, na ɛmaa Nyankopɔn ani gyee wɔn ho.—2 Ahene 5:1-3; Mateo 21:15, 16; Luka 2:42, 46, 47.

d Wɔasesa edin ahorow no bi.