Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛnea Awofo Bɛtete Wɔn Mma

Sɛnea Awofo Bɛtete Wɔn Mma

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Ɛnnɛ, mmeae bi wɔ hɔ a, mmofra ne wɔn awofo ntam yɛ kama paa, enti sɛ mmofra no pɛ sɛ wohu biribi a, wobisa wɔn awofo. Mmeae bi nso wɔ hɔ a, sɛ mmofra pɛ sɛ wohu biribi a, wɔtaa bisa wɔn atipɛnfo.

 Mmofra a wɔtaa kɔ wɔn atipɛnfo hɔ kɔpɛ afotu no, ɛyɛ a wontie wɔn awofo asɛm. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ saa mmofra no nyin bɛyɛ mmabun a, ɛyɛ a wɔn awofo hu sɛ wɔagye wɔn nsam. Ɛba saa a, ɛnyɛ nwonwa! Sɛ daa mmofra ne wɔn atipɛnfo na ɛbɔ a, na akɔyɛ te sɛ nea wɔn atipɛnfo no na ɛretete wɔn, na ɛnyɛ wɔn awofo.

 Adɛn nti na mmofra ani ka wɔn atipɛnfo ho sen wɔn awofo? Nea enti a ɛtaa ba saa no ni:

  •   Sukuu. Sɛ mmofra ne wɔn atipɛnfo bɔ pii a, ɛyɛ a wɔbɛyɛ nnamfo paa. Enti nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn atipɛnfo agye wɔn atom no, wɔtaa pɛ ɛno sen sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn awofo pɛ. Sɛ mmofra no nyin bɛyɛ mmabun a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.

    Ɛsɛ sɛ mmofra yɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn awofo agye wɔn atom sen sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn mfɛfo sukuufo pɛ

  •   Awofo nnya wɔn mma ho bere. Mmusua bebree mu no, sɛ nkwadaa pɔn sukuu a, wɔbɛkɔ fie no, na obiara nni hɔ. Nea ɛma ɛba saa ne sɛ, ebia na wɔn maame anaa wɔn papa kɔ adwuma.

  •   Mmerantesɛm ne mmabaawasɛm. Sɛ mmofra nyin bɛyɛ mmabun a, ɛyɛ a mmerantesɛm ne mmabaawasɛm yɛ wɔn dɛ. Sɛ wodu saa mpɛnpɛnso no a, wɔwɔ sɛnea wɔyɛ wɔn ade. Enti wobɛhwɛ na wɔpɛ sɛ wɔn ntaade a wɔhyɛ, wɔn kasa, ne sɛnea wɔyɛ wɔn nneɛma yɛ sɛ wɔn atipɛnfo. Nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn atipɛnfo agye wɔn atom no, ɛyɛ a wɔpɛ ɛno mmom sen sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn awofo agye wɔn atom.

  •   Aguadifo. Nnwumakuw ahorow hyɛ da yɛ nneɛma pii ma mmabun nko ara. Afei nso, nneɛma a mmabun nko ara na wɔde gyigye wɔn ani no, wɔyɛ no bebree. Ɛba saa a, wobɛhwɛ na mmabun nam ha, na wɔn awofo nso nam ha; obiara nte ne yɔnko ase. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Robert Epstein kyerɛwee sɛ: “Sɛ mmabun gyae mmerantesɛm ne mmabaawasɛm no a, nnwumakuw a anya wɔn ho tam no bebree begu prɛko pɛ.” a

 Nea wubetumi ayɛ

  •   Wo ne wo mma mfa adamfo denneennen.

     Bible ka sɛ: “Ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa dua wo ba komam na ka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.”—Deuteronomium 6:6, 7.

     Wo mma atipɛnfo betumi ayɛ wɔn nnamfo, nanso adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ sɛ ɔwofo no de, ɛnsɛ sɛ woma wɔn atipɛnfo no gye fa. Asɛmdɛ ne sɛ: Abenfo kyerɛ sɛ, mmofra ne mmabun dodow no ara bu wɔn awofo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛbɛma wɔn awofo ani agye. Sɛ wo ne wo mma fa adamfo denneennen a, ɛnde wobetie wo asen wɔn atipɛnfo.

     “Ɛsɛ sɛ wo ne wo mma bom yɛ nneɛma a moyɛ no daa no bi. Wo ne wɔn mmom nnoa aduan, wo ne wɔn mmom nsiesie fie; wɔn sukuu dwumadi (homework) mpo, wo ne wɔn mmom nyɛ. Mommom nnye mo ani. Mubetumi adi agorɔ, mubetumi ahwɛ sini anaa TV. Mma w’adwene nyɛ wo sɛ, sɛ ɛwom ara na wunya bere kakra ne wo mma yɛ ade bom a, ɛno ara yɛ. Sɛ wontaa nnya wo ba ho bere a, worentumi nyɛ n’adamfo!”—Lorraine.

  •   Mma wo mma mfa wɔn atipɛnfo nko ara nnamfo.

     Bible ka sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.”—Mmebusɛm 22:15.

     Awofo bi wɔ hɔ a, sɛ wohu sɛ wɔn ba wɔ nnamfo bebree a, na wɔn ani agye. Ɛwom, sɛ wo ba ne n’atipɛnfo fa nnamfo a, ebia ɛbɛboa no ama ɔne nkurɔfo atumi abɔ, nanso hu sɛ, sɛ ɔne n’atipɛnfo nko ara bɔ a, ɛremmoa no mma onnyin yiye. Abofra atipɛnfo rentumi mma no afotu ne akyerɛ pa a ohia no. Awofo a wɔdɔ wɔn ba paa na wobetumi de mmoa a ɛte saa ama no.

     “Ebia na abofra bi atipɛnfo wɔ nneɛma bi ho nimdeɛ. Nanso wonni abrabɔ mu suahu ne nyansa a wobetumi de aboa wɔn mfɛfo mmofra ama wɔasisi gyinae a ɛyɛ papa. Sɛ abofra tie n’awofo afotu a, ɛma onyin yiye, na sɛ wanyin oo, osua oo, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ; wuhu sɛ n’ani da fam.”—Nadia.

  •   Kyerɛ wo ba no akyerɛ pa.

     Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”—Mmebusɛm 13:20.

     Bere a wo mma renyin no, sɛ wo ne wɔn bɔ a, ebetumi aboa wɔn paa. Yɛ nhwɛso pa ma wɔn.

     “Awofo paa na ehia sɛ mmofra hwɛ wɔn suasua wɔn. Sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wobehu sɛ awofo ho hia na ɛsɛ sɛ wobu wɔn a, wɔbɛpɛ sɛ wonyin bɛyɛ te sɛ wɔn awofo.”—Katherine.

a Efi nhoma a wɔato din, Teen 2.0—Saving Our Children and Families From the Torment of Adolescence no mu.