Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛn Na Yehowa Adansefo Yɛ Ayeforo?

Sɛn Na Yehowa Adansefo Yɛ Ayeforo?

 Yehowa Adansefo ayeforohyia, nidi wom, na ɛntaa nyɛ kuntann. Ɛyɛ a wotie kasa tiawa a egyina Bible so. Wowie ayeforo no a, ɛtɔ da a, wohyiam gye wɔn ani, na wotumi didi mpo. a Bere a Yesu fii ase yɛɛ n’asɛnka adwuma no, ɔkɔɔ saa apontow no bi ase wɔ Kana.—Yohane 2:1-11.

 Sɛn na yɛyɛ ayeforo?

 Adeɛ a ehia paa wɔ ayeforohyia no mu ne kasa a egyina Bible so a yetie wɔ ase no. Kasa no di simma 30. Yehowa Adansefo asafo mu mpanyimfo no baako na ɔma kasa no. Panyin no de ahokeka ma ɔkasa no kyerɛ awarefo no ma no yɛ anigye. Adeɛ a osi so dua paa ne sɛnea Bible betumi aboa awarefo no ama wɔadodɔ wɔn ho na wɔn ani agye na wɔn aware no atena hɔ daa.—Efesofo 5:33.

 Aman bebree so no, aban tumi ma Yehowa Adansefo mpanyimfo kwan ma wɔde aware no kɔ aban nkrataa mu. Aman a ɛte saa so no, nea ɔrema kasa no reyɛ awie a, awarefo no ka aware ntam. Saa bere no nso, wobetumi ahyɛ kawa. Sɛ wowie a, na panyin no de ato gua sɛ seesei wɔyɛ awarefo.

 Aman bi so de, mmara hwehwɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no kɔyɛ ayeforo no wɔ kɔɔto anaa aban asoɛe. Sɛ wɔkɔware wie a, na ɛno akyi pɛɛ no, na wɔabetie ɔkasa no. Sɛ wɔn a wɔreware no anka aware ntam no wɔ aban asoɛe hɔ a, ɛnde sɛ ɔkasa no reba awiei a, na wɔaka ntam no. Sɛ wɔkaa ntam no de a, ɛnde sɛ wɔpɛ a, wobetumi ati mu bio, nanso wɔbɛka no twam kabea mu. Nea ɔrema kasa no wie a, ɔbɔ mpae, na ɔsrɛ Nyankopɔn nhyira ma wɔn a wɔaware foforo no.

 Ɛhe na Yehowa Adansefo yɛ wɔn ayeforo?

 Baabi a Ahenni Asa wɔ de, Ahenni Asa no so na Yehowa Adansefo bebree yɛ wɔn ayeforo. b Sɛ wowie ayeforo no, na awarefo no pɛ sɛ wɔtow pon ne nnamfo gye wɔn ani a, ɛnde wɔkɔyɛ no baabi foforo.

 Henanom na ebetumi aba bi?

 Sɛ yɛyɛ ayeforo no wɔ Ahenni Asa so a, wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ bi nyinaa tumi ba bi. Sɛ wɔn a wɔreware no pɛ sɛ wɔtow pon ne nnamfo gye wɔn ani a, wɔn na wɔbɛkyerɛ wɔn a wɔbɛkɔ bi.

 Yɛwɔ ataade pɔtee bi a yɛde kɔ anaa?

 Sɛ Yehowa Adansefo reyɛ ayeforo wɔ Ahenni Asa so a, yenni ataade pɔtee bi a yɛhyɛ, nanso yɛde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma. Enti yɛhyɛ ntaade a ɛfata. Ɛnyɛ biribi kuntann. Yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔbɛba bi no nso besiesie wɔn ho kama. (1 Timoteo 2:9) Sɛ wɔn a wɔreware no pɛ sɛ wɔtow pon gye wɔn ani a, wɔn a wɔbɛkɔ bi no nso, ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho kama.

 Yɛkyɛ wɔn a wɔreyɛ ayeforo no adeɛ anaa?

 Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkyɛ adeɛ. (Dwom 37:21) Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛkyɛ adeɛ, na sɛ obi kyɛ wɔn adeɛ a, wɔn ani gye. (Luka 6:38) Nanso Yehowa Adansefo nsrɛsrɛ adeɛ, na yɛmmobɔ wɔn a wɔkyɛ yɛn adeɛ no nso din wɔ baguam. (Mateo 6:3, 4; 2 Korintofo 9:7; 1 Petro 3:8) Bible kasa tia saa adeɛ no. Afei nso, etumi ma wɔn a wɔwɔ hɔ no yɛ basaa.

 Yɛyɛ toasting anaa yɛde nsa gu glass mu pagyaw de yɛ cheers anaa?

 Daabi. Yehowa Adansefo nyɛ toasting na wɔmfa nsa ngu glass mu mpagyaw mfa nyɛ cheers, efisɛ ɛyɛ atorosom amanneɛ. c Yehowa Adansefo fa akwan foforo so srɛ nhyira ma wɔn a wɔreware no.

 Yɛto ɛmo ne hwiren gu wɔn a wɔreyɛ ayeforo no so anaa?

 Daabi. Baabi wɔ hɔ a, wɔto ɛmo, nhwiren ne nneɛma a ɛtete saa gu wɔn a wɔreyɛ ayeforo no so. Wɔn gyidi ne sɛ, ɛbɛma onyame a ɔma nkurɔfo ti yɛ yiye no ahyira wɔn, ɛbɛma wɔn ani agye, na ɛbɛma wɔatena ase akyɛ. Nanso Yehowa Adansefo kyi amanneɛ biara a egyina abosomsɛm so. Ebi ne sɛ wɔbɛsrɛ nhyira afi bosom anaa onyame bi hɔ; wei ne Bible nhyia.—Yesaia 65:11.

 Yedidi nom nsa wɔ ase?

 Sɛ yɛyɛ ayeforo no wɔ Ahenni Asa so a, yennidi wɔ hɔ, na yɛnnom nsa wɔ hɔ. Sɛ yewie dwumadi no wɔ Ahenni Asa so a, wɔn a wɔaware foforo no bi wɔ hɔ a, wotumi tow pon ne nnamfo gye wɔn ani, ɛhɔ deɛ wotumi didi nom de gye wɔn ani. (Ɔsɛnkafo 9:7) Sɛ wɔde nsa bɛba ase a, wɔhwɛ sɛ nsa no rennɔɔso mmoroso, na wɔn a wonnii mfe a mmara ma kwan sɛ wɔnom nsa no, wɔremma wɔnnom bi.—Luka 21:34; Romafo 13:1, 13.

 Yɛbɔ nnwom saw wɔ ase?

 Sɛ wɔn a wɔreware no to pon ne nnamfo gye wɔn ani a, ɛnde sɛ wɔpɛ a, wobetumi abɔ nnwom adi asaw. (Ɔsɛnkafo 3:4) Nnwom a wɔbɛbɔ wɔ ase no, ɛbɛyɛ wɔn kurom nnwom ne nnwom a awarefo no pɛ, nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnwom a ɛfata. Ayeforo a wɔyɛ no Ahenni Asa so no, wɔbɔ nnwom wɔ hɔ, nanso ɛyɛ nnwom a emu nsɛm gyina Bible so.

 Yehowa Adansefo di wɔn ayeforohyia da anaa?

 Sɛ obi di n’ayeforohyia da a, biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne anaa ɛnyɛ bɔne. Ɛno nti sɛ Yehowa Adansefo awarefo bi bedi wɔn ayeforohyia da oo, sɛ wɔrenni oo, egyina wɔn so. Sɛ wɔpɛ sɛ wodi a, wɔn nko ara betumi adi. Wɔpɛ nso a, wobetumi ne nnamfo ne abusuafo abom adi.

a Baabi a obiara wɔ no, amammerɛ pɔtee a ɛwɔ hɔ ne aban mmara a ɛwɔ hɔ na ɛbɛkyerɛ nea ɔbɛyɛ.

b Yehowa Adansefo asafo mu panyin a ɔma ayeforo kasa no, onnye sika biara, na Ahenni Asa a wɔde yɛ ayeforo no nso, yennye wɔn hwee.

c Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛyɛe a abosonsomfo amanneɛ a yɛfrɛ no toasting no bae a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa February 15, 2007 Ɔwɛn-Aban mu no.