Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Obi Yɛ Yehowa Danseni a, Obetumi Agyae Anaa?

Sɛ Obi Yɛ Yehowa Danseni a, Obetumi Agyae Anaa?

 Aane. Obi betumi afa akwan mmienu yi so afi yɛn som no mu:

  •   Obetumi de n’ano aka anaa wakyerɛw. Sɛ obi si gyinae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni bio a, obetumi de n’ano aka ho asɛm anaa wɔakyerɛw krataa abrɛ yɛn.

  •   Obetumi de ne nneyɛe akyerɛ. Obi betumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni bio. (1 Petro 5:9) Sɛ nhwɛso no, obetumi akɔ asɔre foforo, na wakyerɛ sɛ ɔbɛkɔ so ne wɔn asom.​—1 Yohane 2:19.

Na sɛ obi gyae asafo nhyiam anaa asɛnkakɔ nso ɛ? Mubu saa nipa no sɛ wagyae mo som no anaa?

 Dabi, yemmu no saa. Ɛsono sɛ obi bɛka sɛ watwe ne ho anaa ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni bio, ɛnna ɛsono sɛ ne gyidi ayɛ mmerɛw. Ebinom wɔ hɔ a ahokeka a wɔde som Onyankopɔn no ano abrɛ ase. Ebi nso tumi gyae Onyankopɔn som. Nanso, mpɛn pii no, wobɛhwɛ na wɔn abam na abu, ɛnyɛ sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo bio. Enti sɛ anka yebeyi saafo no baako ahyɛ wɔn nsa no, yɛbɔ mmɔden kyekye wɔn werɛ, na yɛboa wɔn. (1 Tesalonikafo 5:14; Yuda 22) Sɛ onii no hia mmoa a, asafo mu mpanyimfo bedi anim aboa no ma wasan agyina ne nan so.​—Galatifo 6:1; 1 Petro 5:1-3.

 Nanso, mpanyimfo no nni hokwan sɛ wɔhyɛ obi sɛ ɔnkɔ so ara nyɛ Yehowa Danseni. Sɛ obi ne yɛn bɛsom oo, sɛ ɔne yɛn rensom oo, ɛyɛ ɔno ara asɛm. (Yosua 24:15) Yɛn de, yegye di sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obiara ma ɔsom Onyankopɔn, mmom ɛsɛ sɛ obiara fi ne koma mu yɛ saa.​—Dwom 110:3; Mateo 22:37.