Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Wɔfrɛ Mo Yehowa Adansefo?

Adɛn Nti na Wɔfrɛ Mo Yehowa Adansefo?

 Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa. (Exodus 6:3; Dwom 83:​18) Sɛ obi nim asɛm bi ho nokwasɛm na ɔka a, saa onii no yɛfrɛ no ɔdansefo.

 Enti yɛn din Yehowa Adansefo no kyerɛ sɛ yɛyɛ Kristofo kuw bi a yɛka Ɔbɔadeɛ Yehowa ho nokwasɛm. (Adiyisɛm 4:​11) Yɛde yɛn abrabɔ pa di nkurɔfo adanse, na yɛka nea yɛasua fi Bible mu no nso kyerɛ wɔn.​— Yesaia 43:​10-12; 1 Petro 2:12