Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena na Ɔde Mo Som no Bae?

Hena na Ɔde Mo Som no Bae?

 Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, wɔn som no fii ase bɛboro mfe 130 ni. Mfiase no, Bible asuafo kakraa bi a na wɔte Pittsburgh, Pennsylvania wɔ United States tɔɔ wɔn bo yɛɛ Bible mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri. Wɔde nneɛma a na asɔre ahorow kyerɛkyerɛ no totoo nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa ho. Afei nea wosuae no, wofii ase de bi kɔɔ nhoma ne atesɛm nkrataa mu, na wɔde bi nso yɛɛ nhoma a wɔato din Ɔwɛn-Aban​—Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ.

 Bible asuafo anokwafo yi mu biako ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Charles Taze Russell. Bible adesua a na wɔreyɛ no, Russell na na odi wɔn anim; ɔno ara nso na odii anim ma wɔyɛɛ Ɔwɛn-Aban no, nanso ɛnyɛ sɛ na wakɔfa ɔsom foforo aba. Saa bere no, na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo; nea na esi Russell ne wɔn a aka no ani so ne sɛ wɔbɛboa nkurɔfo ama wɔahu Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ. Afei nso na wɔpɛ sɛ wodi Kristofo a wɔtenaa ase asomafo no bere so no anammɔn akyi. Yesu Kristo na ɔde Kristosom bae, enti yebu no sɛ ɔno na ɔde yɛn som no bae.​—Kolosefo 1:​18-20.