Exodus 6:1-30

  • Ɔsan hyɛɛ wɔn bɔ sɛ obegye wɔn (1-13)

    • Ná wɔnte Yehowa din no ase papa (2, 3)

  • Mose ne Aaron abusua santen (14-27)

  • Ɔkae sɛ Mose nsan nkɔ Farao anim (28-30)

6  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Afei wubehu nea mɛyɛ Farao.+ Mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama wagyaa wɔn ama wɔakɔ; mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama wapam wɔn afi n’asaase so.”+  Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa.  Ná miyi me ho adi kyerɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn,+ nanso me din Yehowa+ no de, mamma wɔamfa anhu me.+  Me ne wɔn yɛɛ apam nso sɛ mede Kaanan asaase a wɔkɔsoɛɛ so sɛ ahɔho no bɛma wɔn.+  Afei mate Israelfo a Egyptfo de wɔn ayɛ nkoa no apinisi, na mekae m’apam+ nso.  “Enti ka kyerɛ Israelfo sɛ: ‘Mene Yehowa, na meyi mo afi Egyptfo nnesoa ase, na magye mo afi wɔn nkoasom mu;+ mede basa a emu ateɛ* ne asotwe* akɛse na ebegye mo afi Egyptfo nsam.+  Na mede mo bɛyɛ me man, na mayɛ mo Nyankopɔn,+ na mubehu sɛ ampa mene Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt nkoasom mu no.  Mede mo bɛba asaase a mekaa ntam* sɛ mede bɛma Abraham, Isak, ne Yakob no so; mede bɛma mo sɛ agyapade.+ Mene Yehowa.’”+  Akyiri yi Mose de nsɛm yi kɔtoo Israelfo no anim, nanso esiane sɛ na wɔn abam abu na wɔrebrɛ wɔ nkoasom mu nti, wɔantie Mose.+ 10  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11  “Kɔka kyerɛ Egypt hene Farao sɛ ɔmma Israelfo no mfi n’asaase so nkɔ.” 12  Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, Israelfo no mpo antie me,+ na ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me a m’ano ntewee*+ yi?” 13  Nanso Yehowa san kaa asɛm a ɔpɛ sɛ Mose ne Aaron de kɔto Israelfo no ne Egypt hene Farao anim, na wɔatumi ayi Israelfo no afi Egypt asaase so. 14  Eyinom ne atitiriw wɔ wɔn agyanom fi: Israel ba panyin Ruben+ mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+ Eyinom ne Ruben asefo. 15  Simeon mma ne Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar, ne Saul a ɔne Kaananni bea woo no no.+ Eyinom ne Simeon asefo. 16  Lewi+ mma din, sɛnea wɔn mmusua te ni: Gerson, Kohat, ne Merari.+ Mfe a Lewi dii nyinaa yɛ 137. 17  Gerson mma ne Libni ne Simei, sɛnea wɔn mmusua te.+ 18  Kohat mma ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+ Mfe a Kohat dii nyinaa yɛ 133. 19  Merari mma ne Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewi asefo no mmusua.+ 20  Afei Amram waree ne papa nuabea Yokebed.+ Akyiri yi, ɔne no woo Aaron ne Mose.+ Mfe a Amram dii nyinaa yɛ 137. 21  Yisar mma ne Kora,+ Nefeg, ne Sikri. 22  Usiel mma ne Misael, Elisafan,+ ne Sitri. 23  Afei Aaron waree Aminadab babea Eliseba a ɔyɛ Naason+ nuabea. Ɔne no woo Nadab, Abihu, Eleasar, ne Itamar.+ 24  Kora mma ne Asir, Elkana, ne Abiasaf.+ Eyinom ne Kora asefo.+ 25  Aaron ba Eleasar+ waree Putiel mma mmea no mu baako. Ɔne no woo Finehas.+ Eyinom ne Lewifo agyanom abusuafi mpanyimfo, sɛnea wɔn mmusua te.+ 26  Aaron ne Mose yi na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhyehyɛ Israelfo no akuwakuw* na munyi wɔn mfi Egypt asaase so.”+ 27  Ɛyɛ Aaron ne Mose yi ara na wɔne Egypt hene Farao kɔkasae sɛ ɔmma wɔn kwan mma wonyi Israelfo mfi Egypt no.+ 28  Ɛda a Yehowa ne Mose kasae wɔ Egypt asaase so no, 29  Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa. Nea mereka akyerɛ wo yi nyinaa, ka kyerɛ Egypt hene Farao.” 30  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, m’ano ntewee,* na dɛn paa na ɛbɛma Farao atie me?”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “basa a tumi wom.”
Nt., “atemmu.”
Nt., “memaa me nsa so.”
Nt., “wontwaa m’ano twetia.”
Nt., “Monhyehyɛ Israelfo sɛ asraafokuw.”
Nt., “wontwaa m’ano twetia.”