Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Nkonimbo a Ɛsen Biara a Manya

Nkonimbo a Ɛsen Biara a Manya
  • AFE A WƆWOO NO 1967

  • ƆMAN A OFI MU FINLAND

  • KAN NO OBI A NA ƆBƆ TƐNIS

ƆBRA A NA MEWOM

 Wɔtetee me wɔ Tampere kurotia wɔ Finland; ɛhɔ afifide yɛ frɔmfrɔm. Nà m’abusuafo ani nnye nyamesom ho papa, nanso nhomasua ne suban pa de, na ehia wɔn pa ara. Me maame yɛ Germanni. Bere a misua no, ɛtɔ da a na mikodi nna kakra wɔ West Germany; ɛhɔ na na me nananom te.

 Me mmofraase nyinaa na m’ani gye agodie ho. Meyɛ abofra no, na midi agorɔ ahorow nyinaa bi, nanso bere a midii mfe 14 no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛbɔ tɛnis. Midii mfe 16 no, na mikosua tɛnis bɔ mprenu anaa mprɛnsa da biara. Ná obi a onim tɛnis bɔ kyerɛ me mprenu da biara, na afei edu anwummere a na me ara nso misua bɔ. Ná m’ani gye biribiara a ɛfa tɛnis ho; mebɔ a, na ɛma mitumi de m’adwene ne m’ahoɔden yɛ adwuma. Ɛwom ara na me ne me nnamfo kɔnom bia (beer), nanso mannom nnubɔne da, na saa ara nso na mannom nsa antra so amma amfa me ankɔ ɔhaw mu. Ná tɛnis ne me biribiara; ɛno ne ade a na edi kan wɔ m’asetena mu.

 Midii mfe 17 no, mifii ase sii ATP tɛnis akan no bi. a Bere a midii nkonim wɔ akansi pii mu no, migyee din wɔ ɔman no mu. Midii mfe 22 no, nnipa 50 a wonim tɛnis bɔ pa ara wɔ wiase nyinaa no, na meka ho.

 Mitutuu akwan kɔɔ wiase baabiara kɔbɔɔ tɛnis; meyɛɛ saa mfe pii. Mihuu mmeae bi a ɛhɔ yɛ fɛ, nanso mihuu ɔhaw pii a ɛrekɔ so wɔ wiase nso. Ebi ne nsɛmmɔnedi, nnubɔnenom, ne abɔde a atwa yɛn ho ahyia a nkurɔfo resɛe no wɔ asase so. Nhwɛso bi ni. Bere a yɛkɔɔ United States no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, nkurow bi wɔ hɔ a, mma yɛnkɔ mmeae bi efisɛ nsɛmmɔnedi dɔɔso wɔ hɔ. Wei nyinaa haw me pa ara. Bio nso, ɛwom sɛ na tɛnis a mebɔ no da me koma so de, nanso na m’ani nnye.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 Ɔbea a na me ne no wɔ hɔ din de Sanna. Ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Bere a mihui sɛ n’ani gye nyamesom ho no, na ɛyɛ me serew, nanso mansiw no kwan. Afe 1990 no, yɛwaree, na afe a edi hɔ no, Sanna bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Me de, ɛwom sɛ na migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso na m’ani nnye nyamesom ho. Mekae sɛ na me nanabea a ɔyɛ Germanni no taa kenkan Bible pa ara, na ɔkyerɛɛ me sɛnea yɛbɔ mpae mpo.

 Da bi, me ne Sanna kɔsraa awarefo bi a wɔyɛ Adansefo. Ɔbarima no din de Kari. Bere a yɛwɔ hɔ no, ɔde Bible nkɔmhyɛ a ɛfa “nna a edi akyiri” ho no kyerɛɛ me. (2 Timoteo 3:1-5) Wei kaa me koma pa ara, efisɛ ɛma mihuu nea enti a nneɛma bɔne rekɔ so wɔ wiase saa. Saa da no, yɛanka nyamesom ho asɛm pii. Nanso, efi saa bere no, me ne Kari fii ase bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ, na biribiara a misuae no, na ɛtɔ asom. Esiane sɛ na minni adagyew na metaa tu kwan nti, ɛyɛɛ den sɛ me ne Kari behyia daa, nanso wampa abaw. Sɛ yɛresua ade na mibisa no nsɛm a, akyiri yi na ɔkyerɛw krataa de ma me ho mmuae. Nsɛmmisa a emu dɔ a mibisae nyinaa, ɔde Bible maa ho mmuae a ɛtɔ asom. Nkakrankakra, mihuu Bible no asɛmti. Ɛne sɛ, Onyankopɔn Ahenni bɛma Onyankopɔn atirimpɔw abam. Bere a mihui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, na mihuu nea wayɛ ama yɛn no, ɛkaa me koma pa ara. (Dwom 83:18) Ade a ɛkaa me koma pa ara ne agyede afɔre a Yehowa de mae no. Ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ma ara nti na ɔde mae, na mmom ɔdɔ a Onyankopɔn dɔ yɛn nti na ɔyɛɛ saa. (Yohane 3:16) Mihui nso sɛ manya hokwan sɛ mɛyɛ Onyankopɔn adamfo na matena paradise a asomdwoe wɔ hɔ afebɔɔ. (Yakobo 4:8) Mifii ase bisaa me ho sɛ, “Mɛyɛ dɛn akyerɛ nea Yehowa ayɛ ho anisɔ?”

 Midwenee sɛnea na mebɔ bra no ho pa ara. Ná Bible a meresua no ama mahu sɛ ɔma mu wɔ anigye pii, na ɛkaa me koma sɛ menka nea migye di no nkyerɛ afoforo. (Asomafo Nnwuma 20:35) Esiane tɛnis a na mebɔ nti na metaa tutu akwan kosi akan, enti afe no mu no, bɛyɛ nnafua 200 de, na minni fie. Tɛnis a mebɔ no, na ɛno ne ade a ɛho hia me ne m’abusua pa ara; biribiara a ehia sɛ wɔyɛ boa me ma mekɔ so bɔ tɛnis no, na wɔyɛ. Mihui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae.

 Ná tɛnis a mebɔ no betumi ama madi yiye. Enti na minim sɛ, sɛ nyamesom nti migyae bɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ nnipa bebree bɛte me ase. Nanso, hokwan a na manya sɛ mehu Yehowa yiye na ama manya daa nkwa no, na ɛsom bo pa ara ma me sen nkonimbo biara a mebɔ tɛnis a metumi anya. Ɛno nti, anyɛ den amma me sɛ mesi gyinae. Meyɛɛ m’adwene sɛ meremfa m’adwene nkɔ nea nkurɔfo bɛka so, efisɛ na ɛyɛ gyinae a ɛsɛ sɛ me ara misi. Bible mu asɛm a ɛhyɛɛ me nkuran pa ara ma mitumi gyinaa nhyɛso a ɛte saa ano ne Dwom 118:6. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa wɔ m’afã; merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?”

 Saa bere no mu ara no, nkurɔfo bi ka kyerɛɛ me sɛ wɔbɛbɔ me ho ka mfe pii ama mabɔ tɛnis. Ná anka wɔn nhyehyɛe no bɛma manya sika pii a hwee renhia me. Nanso, na masi me gyinae dedaw, enti mampene wɔn nhyehyɛe no so, na akyiri yi migyaee ATP akansi no bɔ. Mekɔɔ so suaa Bible, na July 2, 1994 no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

SƐNEA ABOA ME

 Me fam de, ɛnyɛ awerɛhosɛm bi a esii wɔ m’asetenam na ɛma mehwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan. Saa ara nso na merentumi nka sɛ na meyɛ obi a merehwehwɛ nokware no. Ná ɛyɛ me sɛ biribiara kɔ yiye ma me na hwee nhia me. Nanso, ɛyɛe sɛ nea na nokware a ɛwɔ Bible mu no retwɛn me. Prɛko pɛ, mihui sɛ biribi papa bi nti na yɛte ase, na nneɛma akɔ yiye asen sɛnea na mehwɛ kwan! Yɛn abusua no ayɛ baako, na yɛn ntam ayɛ kama sen bere biara. Ɛyɛ me dɛ pa ara sɛ me mmabarima mmiɛnsa no adi m’anammɔn akyi abɛyɛ Kristofo, na wɔammɛyɛ nkurɔfo a wosi akan wɔ agodi mu.

 M’ani da so ara gye ho sɛ mɛbɔ tɛnis. Nnwuma a ɛfa tɛnis ho na mayɛ de ahwɛ me ho de abesi nnɛ. Ebi ne sɛ, mekyerɛ nkurɔfo sɛnea wɔbɔ tɛnis, na asoɛe bi a wɔbɔ tɛnis wɔ hɔ nso, me na meda ano. Nanso, seesei agodie nyɛ biribi a mede di kan wɔ m’asetena mu. Bere bi a atwam no, nnawɔtwe biara na mede nnɔnhwerew pii sua tɛnis bɔ. Ná meyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a mehu bɔ yiye na madi nkonim. Seesei, mede me bere pii ka asɛmpa no, na m’ani gye sɛ mede me bere reboa nkurɔfo ama wɔahu Bible nnyinasosɛm a ɛmaa m’asetena sesae ne sɛnea wɔde bɛyɛ adwuma wɔ wɔn asetena mu. Ade a ɛma m’ani gye pa ara ne sɛ, mema me ne Yehowa Nyankopɔn abusuabɔ ho hia me pa ara, na meka daakye ho anidaso papa bi a manya ho asɛm kyerɛ afoforo.—1 Timoteo 6:19

a ATP yɛ kuw a nkurɔfo a wɔde tɛnis ayɛ wɔn adwuma dɔm. Mmarima a wɔde tɛnis ayɛ wɔn adwuma a wotutu akwan kɔbɔ tɛnis wɔ mmeae ahorow no, saa kuw no na ɛhwɛ wɔn so. ATP Akansi no mu no, wotutu akwan kosi akan wɔ mmeae ahorow, na wɔn a wodi nkonim no, wɔbɔ wɔn aba so ma wɔn mma ma wɔkɔ wɔn anim na wɔma wɔn sika nso. Akan biara a wobesi no, mmɔden a obi bɛbɔ no na ɛbɛkyerɛ mma a wɔde bɛma no. Wɔkeka mma a obenya nyinaa bom a, ɛnna ɛbɛkyerɛ baabi a onii no da wɔ wɔn a wonim tɛnis bɔ wɔ wiase nyinaa mu.