Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Ná Ɛyɛ Me Sɛ Biribiara a Mepɛ Biara Minya”

“Ná Ɛyɛ Me Sɛ Biribiara a Mepɛ Biara Minya”
  • AFE A WƆWOO NO: 1962

  • ƆMAN A OFI MU: Canada

  • KAN NO: Ná obu brabɔne

ƆBRA A NA MEWOM

 Wɔwoo me Montreal. Ɛno ne kurow a ɛso sen biara wɔ Canada mantam Quebec mu. M’awofo tetee me ne me nuanom mmiɛnsa wɔ Rosemont; na wɔdɔ yɛn pa ara, na na mpɔtam hɔ yɛ anika. Ná yɛte asomdwoe mu.

 Bere a meyɛ abarimaa no, m’ani begyee Bible ho. Mekae sɛ midii mfe 12 no, mekenkan Yesu asetena ho nsɛm wɔ Apam Foforo no mu, na m’ani gyee ho pa ara. Ɔdɔ ne ayamhyehye a Yesu wɔ ma nkurɔfo no kaa me koma, na na mepɛ sɛ meyɛ sɛ ɔno. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a merenyin no, ɔpɛ a na mewɔ sɛ mesuasua Yesu no tu yerae, na mekɔbɔɔ fekubɔne.

 Ná me papa hyɛn sasofon abɛn. Ɔde n’abɛn no kyɛɛ me, na ɔboaa me ma m’ani begyee nnwom nso ho pa ara. Enti mede sii m’ani so sɛ mɛbɔ nnwom. M’ani begyee nnwom ho pa ara, na ankyɛ koraa na misuaa ahama nsia (guitar) bɔ. Bere bi akyi no, me ne me nnamfo bi tew nnwontofo kuw bi, na na yɛbɔ rock nnwom, na yɛkɔɔ mmeaemmeae kɔbɔɔ nnwom. Nnwonto ho akwankyerɛfo bi a wɔagye din wɔ nnwonto adwuma mu ani baa yɛn so, na wobehuu me sɛ wɔbɛboa apagyaw yɛn nnwom no. Me ne adwumakuw bi a wɔboa nnwontofo ma wogye din de yɛn nsa hyɛɛ nkrataa ase sɛ wɔbɛboa yɛn apagyaw yɛn nnwom. Nkurɔfo ani begyee me nnwom ho, na na wɔbɔ no daa wɔ radio so wɔ Quebec.

 Ná ɛyɛ me sɛ minya biribiara a mepɛ biara. Ná meyɛ aberante, na na magye din. Ná nnwonto yɛ ade a m’ani gye ho pa ara, na na mesan nya sika pii nso ka ho. Ade kye a na mekɔteɛteɛ m’apɔw mu, na na nsɛnkyerɛwfo bisabisa me nsɛm. Afei nso, na nkurɔfo ma mekyerɛkyerɛw me din gu wɔn nneɛma ho, na na meba television so. Edu anadwo a, na mekɔbɔ nnwom, na na mekɔ apontow ahorow ase. Nea ɛbɛyɛ na matumi agyina nnipadɔm anim no, mifii ase nom nsa bere a na meyɛ aberante no, nanso ewiee ase no, na menom nnubɔne. Afei nso, na meyɛ m’ade basabasa, na na mibu brabɔne.

 Ná ebinom ani bere me, efisɛ na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ m’ani gye. Nanso me mu pa ara de, na mete nka sɛ mensɛ hwee, ɛnkanka, bere a aka me nko ara no. Awerɛhow ne adwinnwen hyɛɛ me so. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a migyee din pa ara no, nnwonto ho akwankyerɛfo mmienu a na wɔyɛ adwuma ma me no, AIDS kum wɔn. Me ho dwiriw me pa ara! Ɛwom, na m’ani gye nnwom a mebɔ no ho pa ara, nanso ɛma mebɔɔ ɔbra bi a na ɛyɛ me tan.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 Ɛmfa ho sɛ na magye din no, na mihu sɛ biribi nkɔ yiye koraa wɔ wiase no mu. Mibisaa me ho sɛ, adɛn nti na ntɛnkyea abu so saa? Ná minhu nea enti a Onyankopɔn nyɛɛ ho hwee. Nokwasɛm ne sɛ, na metaa bɔ mpae sɛ Onyankopɔn mma minnya ho mmuae. Bere bi a mankɔbɔ nnwom wɔ baabiara no, mifii ase kenkan Bible bio. Ɛwom, nea mekenkanee no, mante emu dodow no ara ase yiye de, nanso ɛyɛɛ me sɛ wiase no awiei abɛn.

 Bere a merekenkan Bible no, mihui sɛ bere bi, Yesu dii mmuada nnafua 40 wɔ sare so. (Mateo 4:1, 2) Minyaa adwene sɛ, sɛ me nso midi mmuada anaa meyɛ akɔnkyen a, ebia Onyankopɔn beyi ne ho adi akyerɛ me. Enti mehyɛɛ da a mefi akɔnkyen no ase. Aka nnawɔtwe mmienu ama mafi akɔnkyen no ase no, Yehowa Adansefo mmienu bɛbɔɔ me pon mu, na mema wɔbaa mu te sɛ nea na merehwɛ wɔn kwan dedaw. Mehwɛɛ Adansefo no baako a ne din de Jacques anim tee bisaa no sɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛte wiase yi nna a edi akyiri mu?” Obuee ne Bible mu kenkan 2 Timoteo 3:1-5 de maa me mmuae. Mibisabisaa wɔn mmienu nsɛm foforo pii, na mmuae a wɔde maa me no, na ne nyinaa gyina Kyerɛwnsɛm no so. M’ani gyee mmuae a wɔde maa me no ho, efisɛ na ɛtɔ asom na ɛmaa me koma tɔɔ me yam. Bere a wɔbaa me nkyɛn mpɛn dodow bi no, mihui sɛ ɛho nhia sɛ meyɛ akɔnkyen.

 Mifii ase ne Adansefo no suaa Bible daa. Akyiri yi, mitwaa me ti nwi kuhaa no, na mifii ase kɔɔ nhyiam ahorow nyinaa a wɔyɛ wɔ Ahenni asa so wɔ me mpɔtam hɔ no bi. Sɛnea wogyee me fɛw so wɔ nhyiam ahorow yi ase no ma mihui pa ara sɛ afei de mahu nokware no.

 Sɛ na metumi de nea meresua wɔ Bible mu no ayɛ adwuma a, na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae akɛse wɔ m’asetena mu. Emu baako ne sɛ, na ɛsɛ sɛ migyae nnubɔnenom na migyae brabɔne no. Afei nso, na obiara asɛm mfa me ho, enti na ɛsɛ sɛ miyi saa suban no fi me mu na midwen afoforo ho pa ara. Ná mewɔ mma na na minni yere, enti na ɛsɛ sɛ mihu sɛnea mɛboa me mma mmienu no ama wɔn ani agye na wɔafa Onyankopɔn sɛ wɔn adamfo. Ɛno nti migyaee nnwom a na mebɔ no, na mekɔyɛɛ adwuma wɔ adwuma bi mu; na akatua no nye.

 Ná ɛnna fam sɛ mɛyɛ saa nsakrae yi nyinaa. Bere a merebɔ mmɔden sɛ megyae nnubɔnenom no, na ɛma me ho yeraw me, na sɛ mɛka a, mesan kɔɔ ho mpɛn dodow bi. (Romafo 7:19, 21-24) Ade a na ɛyɛ den pa ara sɛ mɛtwe me ho afi ho ne ɔbrabɔne. Afei nso, na m’adwuma foforo no ma mebrɛ pa ara; akatua no nso a, na enye, enti na ɛmma m’ani nnye. Bere a na mebɔ nnwom no, sika a na minya no nnɔnhwerew mmienu pɛ no, saa bere yi de na gye sɛ meyɛ adwuma bosome mmiɛnsa ansa na manya saa sika no.

 Mpaebɔ boaa me ma mitumi yɛɛ saa nsakrae a na ɛyɛ den no. Mihui nso sɛ, ehia sɛ mekenkan Bible daa. Bible mu nsɛm pɔtee bi hyɛɛ me nkuran pa ara. Emu baako ne 2 Korintofo 7:1. Ɛka kyerɛ Kristofo nyinaa sɛ ‘wɔnhohoro wɔn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.’ Kyerɛwsɛm foforo a ɛkyekyee me werɛ ne Filipifo 4:13; ɛma mihui sɛ metumi agyae subammɔne no. Ɛka sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” Yehowa Nyankopɔn tiee me, na ɔboaa me ma metee nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no ase na mede bɔɔ me bra. Wei kaa me ma mihyiraa me nkwa so maa Yehowa. (1 Petro 4:1, 2) Afe 1997 no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni.

SƐNEA ABOA ME

 Migye di pa ara sɛ, sɛ mekɔɔ so bɔɔ me bra sɛ kan no a, anka saa bere yi mawu. Seesei m’ani gye ankasa! Me yere Elvie a ɔda me koma so no aboa me pa ara. Me ne me yere nyinaa de bere pii kyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible. Wei ma m’ani gye papaapa na ɛma me koma tɔ me yam. Meda Yehowa ase pa ara sɛ ɔtwee me baa ne nkyɛn.—Yohane 6:44.