Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Mansusu Da Sɛ Me Paa Mɛtumi Aboa Nkurɔfo

Mansusu Da Sɛ Me Paa Mɛtumi Aboa Nkurɔfo
  • AFE A WƆWOO NO: 1981

  • ƆMAN A ƆFIRI MU: GUATEMALA

  • TEBEA A NA ƆWOM: ƆDII AMIA NE MMOFRABEREM

ME KAN ASETENA:

Wɔwoo me wɔ Guatemala kuro Acul mu; ɛwɔ Guatemala atɔe fam baabi a ɛda bepɔ so. M’abusuafo yɛ Ixilfo a wɔn nkyi fi Maya. Yɛn kurom kasa na wɔde twaa me funuma, nanso na mesan ka Spain kasa. Wɔwoo me no, ankyɛ koraa na ɛko bi sii Guatemala. Ɛko no kɔɔ so mfe 36, na ɛkunkum Ixilfo pii.

Bere a medii mfe nnan no, awerɛhosɛm bi sii. Ná me nua panin adi mfe nson, na da koro bi ɔkɔfaa topae sɛ ɔde redi agorɔ, na ɛpaee. Wei maa m’ani furae; me nua no deɛ, owui. Ɛno akyi no, wɔde me kɔɔ anifuraefo sukuu bi a ɛwɔ Guatemala City ma mekɔsuaa Braille akenkan. Sukuu adwumayɛfo no kaa sɛ ɛnsɛ sɛ sukuufo no ne me bɔ. Ampa-ne-ampa ara wɔyii me baako hyɛɛ me nsa. Nea enti a adwumayɛfo no yɛɛ saa deɛ, mennim. Wei maa meyɛɛ ankonam. Afe biara na yɛma kwan kɔ fie kɔdi bosome mmienu, enti mewɔ sukuu mu a, m’adwene nyinaa ne sɛ yɛbɛma kwan na makɔhu me maame. Ná maame wɔ abadae paa, nanso medii mfe du no, ɔwu gyaa me yayaaya. Obi a ɔdɔ me paa na wawu yi, afei deɛ na me wiase nyinaa asa!

Medii mfe 11 no, mesan kɔɔ me kurom kɔtenaa me papa ba bi ne n’abusua nkyɛn. Nea mehia wɔ asetenam biara no, wɔde maa me, nanso anigye a ɛde anigye deɛ, na menni bi. Ɛtɔ da a, mesu gu Onyankopɔn so sɛ: “Adɛn nti na me maame wui? Adɛn nti na m’ani afura?” Nkurɔfo ka kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn na wama weinom nyinaa ato me. Mebɛnyaa adwene sɛ Onyankopɔn nnwene nnipa ho. Ɛduu baabi no, menyae a anka mawu afiri wiase, enti na mepɛ sɛ mekum me ho.

M’anifurae no nti, na m’asɛm ayɛ mmɔbɔ. Bere a meyɛ abarimaa no, nkurɔfo too me mmonnaa mpɛn pii, nanso mammɔ so ankyerɛ obiara da. Ɛyɛɛ me sɛ meka mpo a, obiara mfa nyɛ asɛm. Ná m’asɛm mfa obiara ho, enti na mayɛ dinn, dinn. Daa na me werɛ aho; afei na mennye obiara nni, enti na menka me ho nkɔ nnipa ho.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Da koro bi a yɛredi agorɔ wɔ sukuu mu no, Yehowa Adansefo awarefo bi baa me nkyɛn. Saa bere no, na madi bɛyɛ mfe 13. M’atikyafo no mu baako a na m’asɛm yɛ no mmɔbɔ na ɔkaa me ho asɛm kyerɛɛ Adansefo no. Adansefo no ka kyerɛɛ me sɛ Bible ahyɛ bɔ sɛ awufo bɛsɔre na bere bi bɛba a anifuraefo bɛhu ade. (Yesaia 35:5; Yohane 5:28, 29) M’ani gyee nea wɔkae no ho, nanso mantumi ne wɔn ammɔ nkɔmmɔ, efisɛ na kasa yɛ me den. Sɛnea na mete no ammu wɔn abam, na mmom wɔnyaa me ho abotare kɔɔ so ne me suaa Bible no. Ná awarefo no foro bepɔ twa kwan bɛboro kilomita 10 (akwansin nsia) ba me kurom bɛkyerɛkyerɛ me.

Me nua a na mete ne nkyɛn no ka kyerɛɛ me sɛ Adansefo no ho twa, nso wohwɛ wɔn a, wɔnni bi. Nanso bere biara a wɔbɛba me hɔ no, wɔbɛkyɛ me ade. Mehuu sɛ sɛ wɔnyɛ nokware Kristofo a anka wɔrenyɛ saa.

Wɔmaa me Bible ho nwoma a ɛwɔ Braille mu, na ɛno na mede suaa Bible no. Ná mete nea meresua no ase deɛ, nanso na ɛyɛ den sɛ mɛgye atom. Ade baako a na mente ase koraa ne sɛ yɛse Onyankopɔn dwene me ho, na nkurɔfo nso dwene me ho. Mesua huu nea enti a Yehowa ama kwan ma nnipa rehu amane, nanso na ɛyɛ den sɛ mɛgye atom sɛ ɔyɛ Agya a ɔdɔ me. *

Bible a mesuae no boaa me, na nkakrankakra mesesaa m’adwene. Mebɛsua huu sɛ wɔn a wɔrehu amane no asɛm yɛ Onyankopɔn mmɔbɔ paa. Bere bi a na nkurɔfo reteetee Onyankopɔn asomfo bi no, ɔkaa sɛ: ‘Nokorɛm no mahunu me nkurɔfoɔ amanehunu. Menim wɔn brɛ nyinaa.’ (Exodus 3:7) Mebɛhuu sɛ Yehowa wɔ su pa, na ɛkaa me maa mehyiraa me nkwa so maa no. Afe 1998 mu no, wɔbɔɔ me asu ma mebɛyɛɛ Yehowa Danseni.

Me ne onua a mete ɔne n’abusua nkyɛn no

Mebɔɔ asu no, bɛyɛ afe baako akyi na mekɔɔ anifuraefo sukuu bi a ɛwɔ Escuintla. Mewɔ me kurom no, m’asafo mu panin bi huu sɛ mebrɛ ansa na matumi akɔ Kristofo nhyiam. Asɛm no ne sɛ, na asafo a ɛbɛn me paa no wɔ bepɔ so, baabi a na Adansefo awarefo no fi ba me nkyɛn no. Ná ɛhɔ kɔ nna fam koraa. Enti m’asafo mu panin no yɛɛ nhyehyɛe bi ma ɛboaa me paa. Ɔkaa me ho asɛm kyerɛɛ abusua bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo wɔ Escuintla; wɔn nso penee so gyee me tenaa wɔn fie, na wɔboaa me maa metumi kɔɔ asafo nhyiam daa. Ɛnnɛ a merekasa yi, me da so ara te saa abusua no nkyɛn, na wɔne me te sɛ wɔn busuani.

Sɛ meka sɛ mereka ɔdɔ a Kristofo asafo no mufo ayi akyerɛ me ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me. Mehwɛ nea me nuanom yi ayɛ ama me no a, nea mɛtumi aka ara ne sɛ Yehowa Adansefo yɛ nokware Kristofo, enti ɛyɛ me dɛ sɛ meka wɔn ho.—Yohane 13:34, 35.

SƐNEA ABOA ME:

Seesei mente nka sɛ meyɛ te-man-mu-hunu, na mmom mete nka sɛ meka nnipa ho. Menim sɛ me so wɔ mfaso. Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no, me nso mede me bere pii reyɛ bi. Merekyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible mu nokware no, enti memfa m’adwene nsi m’anifurae no so koraa. Afei nso, Kristofo asafo a mewom no, meyɛ asafo mu panin na mema ɔkasa de kyerɛkyerɛ Bible mu kyerɛ asafo no mufo. Nhyiam akɛse a yɛyɛ a nnipa mpempem ba bi no, manya hokwan mpo ama ɔkasa de akyerɛkyerɛ Bible mu.

Mede me Braille Bible no rema ɔkasa

Afe 2010 mu no, mekɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu wɔ El Salvador. Seesei yɛfrɛ saa sukuu no Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. Ɛboaa me ma mehuu sɛnea mɛyɛ m’adwuma yie wɔ asafo no mu. Sukuu no tetee me paa, na ɛma mehuu sɛ Yehowa Nyankopɔn dɔ me na me ho hia no. Ɔno na ɔbɛtumi atete obiara de no ayɛ adwuma.

Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.” (Asomafoɔ Nnwuma 20:35) Ɛnnɛ, mɛtumi aka paa sɛ mewɔ anigye. Mansusu da sɛ me paa mɛtumi aboa nkurɔfo, nanso hwɛ sɛ nnɛ metumi boa nkurɔfo kyerɛkyerɛ wɔn!

^ nky. 13 Nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma nnipa hu amane no, sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nwoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 11. Yehowa Adansefo na wɔtintimii.