Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛtoto Yɛn Sikasɛm Yiye

Sɛnea Yɛbɛtoto Yɛn Sikasɛm Yiye

Nnipa pii de Bible mu afotusɛm ayɛ adwuma ama wɔatumi atoto wɔn sikasɛm yiye.

YƐ NHYEHYƐE PA

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.”—Mmebusɛm 21:5.

NEA ƐKYERƐ: Nea wopɛ sɛ wode wo sika yɛ no, ɛsɛ sɛ woyɛ ɛho nhyehyɛe, na wobɔ mmɔden di so. Enti, ansa na wubeyi sika de ayɛ biribi no, ɛsɛ sɛ wudi kan fa ho adwene. Kae sɛ, ɛnyɛ nea wopɛ biara na wubetumi atɔ. Enti fa wo sika di dwuma yiye.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Yɛ wo sikasɛm ho nhyehyɛe na di so. Nneɛma a wopɛ sɛ wode wo sika yɛ no, kyerɛw ne nyinaa to hɔ. Afei twa sika a wode bedi ebiara ho dwuma to hɔ. Sika a woabɔ wo tirim sɛ wode bedi biribi ho dwuma no, sɛ wudi boro saa a, ɛnde sika a woatwa ato hɔ ama biribi foforo no, yi bi fi so fa behyem. Sɛ nhwɛso no, sika a wutwa too hɔ sɛ wode bɛtɔ pɛtro no, sɛ wudi boro so a, sika a anka wode bɛyɛ biribi foforo a ɛho nhyɛ da nhia no, yi bi fi so fa hyem. Enti ebia sika a anka wode bedidi wɔ abɔnten no, wubetumi ayi ɛno bi de asɔ wo pɛtro sika no so.

  • Nsoa ɛka ngu wo ho so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bɔ mmɔden sɛ worenne obiara ka. Sɛ wopɛ sɛ wotɔ biribi a wuhia a, sie sika fa tɔ. Sɛ wode credit card totɔ nneɛma a, hwɛ sɛ nneɛma a wode atɔ nyinaa no, wubetua ho ka bosome biara. Ɛba saa a, ɛka a wode no bi remmɛka ho. Sɛ wode ka bi a, yɛ nhyehyɛe a wode betua, na bɔ mmɔden di nhyehyɛe no so.

    Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ, obi a ɔde credit card totɔ nneɛma no, ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma dodow a anka ɔpɛ sɛ ɔtɔ no, ɔbɛtɔ aboro saa. Enti sɛ wowɔ credit card a, mfa ntɔ biribiara kɛkɛ.

NYƐ BIRIBI A ƐBƐMA WO SIKASƐM AYƐ BASAA

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Awɔw nti ɔkwadwofo nnɔw; ɔbɛsrɛsrɛ ade otwabere, nanso ɔrennya hwee.”—Mmebusɛm 20:4.

NEA ƐKYERƐ: Akwadworɔ betumi ama obi adi hia. Enti yere wo ho yɛ adwumaden na toto wo sikasɛm yiye sɛnea ɛbɛyɛ a worenkɔ ahokyere mu daakye.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Yere wo ho yɛ adwuma. Woyere wo ho yɛ adwumaden na biribiara a wɔde hyɛ wo nsa no wudi ho dwuma yiye a, w’adwumawura bɛpɛ w’asɛm, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛkɔ so ara ne wo ayɛ adwuma.

  • Di nokware. Ɛnsɛ sɛ wuwia w’adwumam nneɛma. Sɛ woanni nokware wɔ w’adwumam a, ebetumi asɛe wo din, enti ɛba sɛ worekɔpɛ adwuma wɔ baabi foforo a, anhwɛ a, worennya.

  • Nyɛ adifudepɛ. Woma sika gye w’adwene a, ebetumi asɛe w’apɔwmuden na asɛe wo ne afoforo ntam. Kae sɛ, ɛnyɛ sika nti na yɛwɔ wiase.

BIBLE MU AFOTUSƐM AFOFORO

Kenkan Bible wɔ intanɛt so wɔ kasa ɔhaha pii mu wɔ jw.org so

NSƐE WO SIKA NE W’ADAGYEW WƆ NNEƐMA A ƐMFATA HO.

“Asabofo ne adidifo no, ebehia wɔn; na nkotɔ de ntamagow befura onipa.”​—MMEBUSƐM 23:21.

MMA SIKASƐM HO DADWEN NHYƐ WO SO.

“Munnyae sɛ mudwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.”​—MATEO 6:25.

MMA W’ANI MMERE AFOFORO.

“Oniberefo haw ne ho ahonyade ho, nanso onnim sɛ ohia na ɛbɛba no so.”​—MMEBUSƐM 28:22.