Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Mo Ho Aka Dɔɔso a, Mobɛyɛ no Dɛn?

Mo Ho Aka Dɔɔso a, Mobɛyɛ no Dɛn?

Giannis: * “Bere a Greece man no sikasɛm yɛɛ basaa no, m’adwuma sɛee. Ɛbaa saa no, na yentumi ntua yɛn dan ka ne yɛn ho aka foforo. Adwennwene nti, mekɔ kɛtɛ so a, na mintumi nna.”

Katerina: “Ná yɛn koma wɔ yɛn fie no ho paa, enti sɛ midwen ho sɛ ebetumi afi yɛn nsa a, na ɛhaw me yiye. Sɛ me ne Giannis reka aka a yɛdede no ho asɛm a, na ɛtaa yɛ ntɔkwaw.”

ƐKA betumi de adwennwene kɛse abɛto abusua so na ebetumi asɛe abusua no mpo. Nhwehwɛmufo Jeffrey Dew yɛɛ nhwehwɛmu hui sɛ, sɛ awarefo bi de ka a, wonnya bere mma wɔn ho papa, wɔtaa ko, na wonni anigye nso. Sɛ awarefo nya akasakasa wɔ sikasɛm ho a, ɛkyɛ sen akasakasa a ɛba wɔ nneɛma foforo ho. Etumi kowie nkekawmu ne pupopupo, na ɛtwetwe nsɛm foforo ba. Ɛnyɛ nwonwa sɛ sika ho akasakasa tumi de awaregu pii ba.

Sɛ obi de ka pii a, etumi nso kɔfa nyarewa brɛ no; ebi ne kɔdaanna, tipae, yafunyare, komayare ne adwenemhaw. Ɔbea warefo bi a wɔfrɛ no Marta ka sɛ: “Yɛn ho aka pii no de adwennwene kɛse bɛtoo me kunu Luís so, enti sɛ ɔkɔ kɛtɛ so a, ɔnsɔre ara da. Ɔbarima a ɔboa me bere nyinaa no, afei de na ɔno ankasa hia mmoa.” Ebinom mpo de, adwennwene tumi hyɛ wɔn so araa ma wontumi bio. Ɛho nhwɛso ni: Wɔde amanneɛbɔ too gua wɔ BBC sɛ ɔbea bi a ofi India kum ne ho, efisɛ eduu baabi no, na ontumi ntua Amerika dɔla 840 bosea a ɔkɔbɔe no. Ɔbɔɔ bosea no sɛ ɔde rekɔhwɛ ne mma yare.

Sɛ ɛka de adwennwene kɛse bɛto mo abusua so a, dɛn na mobɛyɛ? Yɛrebɛhwɛ ɔhaw bi a awarefo  hyia bere a wɔpɛ sɛ wotuatua wɔn ho aka na yɛahwɛ Bible afotu bi a ebetumi aboa wɔn ama wɔatumi adi ho dwuma.

ƆHAW 1: Obiara de hyɛ ne yɔnko.

Lukasz gye tom sɛ: “Ná meka kyerɛ me yere sɛ ɔsɛe sika dodo, na ɔno nso kyerɛ sɛ, sɛ mewɔ adwuma pa bi yɛ a, anka ɛnyɛ ɛne sɛ yɛn sika nsõ yɛn di yi.” Dɛn na awarefo bɛyɛ na ɛka antetew wɔn ntam?

Nea ɛbɛboa mo: Monka mmom nko ka no.

Sɛ wo hokafo na akɔfa ɛka no aba mpo a, mfa ka no ho ahometew nkasa nkyerɛ no abufuw so, efisɛ ɛbɛsɛe asɛm no koraa. Saa bere yi paa na ɛho hia sɛ mode Bible afotu a ɛwɔ Efesofo 4:31 no yɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne adebɔne biara.”

Mo ne mo ho nnko; ɛka no mmom na monko. Stephanos yɛ ɔwarefo a ɔne ne yere ka boom koo wɔn ka; ɔkyerɛ mu sɛ: “Yɛfaa no sɛ ɛka no yɛ yɛn baanu no tamfo.” Nea wɔyɛe no ne asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 13:10 no hyia. Ɛka sɛ: “Onipa ahantan de aperepere na ɛba, na wɔn a wɔbom tu agyina na nyansa ne wɔn te.” Ɛnyɛ ahantan nka sɛ wo nko ara wubedi nneɛma ho dwuma, na mmom mo baanu nyinaa nyi mo yam nka ɔhaw no ho asɛm na munni ho dwuma.

Sɛ moreka nneɛma a mobɛyɛ de atua ka no a, mubetumi ama mo mma aba mu bi. Agya bi a wɔfrɛ no Edgardo a ɔwɔ Argentina kyerɛkyerɛ nea n’abusua no yɛɛ mu sɛ: “Ná me babarima ketewa no pɛ sɛ yɛtɔ sakre foforo ma no, nanso yɛkyerɛɛ no sɛ yenni sika a yɛde bɛtɔ. Enti nea yɛyɛe ne sɛ, yɛde ne nanabarima sakre maa no, na n’ani gyee ho paa. Mihui sɛ, sɛ abusua no nyinaa bom di nneɛma ho dwuma a, ɛboa paa.”

SƆ EYI HWƐ: Mompɛ bere na momfa ntoboase nka mo ka no ho asɛm; mommfa biribiara nnsie. Sɛ mudii mfomso bi na ɛmaa ka no bae a, munnye ntom. Nanso mommfa mo adwene nnsi nea atwam no so, na mmom nnyinasosɛm a ɛbɛboa na ɛka amma bio no, ɛno na ɛsɛ sɛ mususuw ho.—Dwom 37:21; Luka 12:15.

ƆHAW 2: Ɛka no amene yɛn.

Enrique ka sɛ: “Mebɔɔ ka kɛse bi wɔ m’adwumam, na bere a Argentina man no sikasɛm yɛɛ basaa no, asɛm no sɛee koraa. Ankyɛ na me yere nso yaree, na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn. Ɛka menee me araa ma ɛyɛɛ me sɛ merentumi mfi mu da.” Ɔbarima bi a ne din de Roberto wɔ Brazil, na sika a ɔde kɔhyɛɛ adwuma bi mu nyinaa hyewee na ewiee ase no na ɔde sikakorabea 12 ka. Ɔka sɛ: “M’ani wui paa wɔ me nnamfonom anim. Metee nka sɛ mammɛbɔ bra biara.”

Sɛ wote nka sɛ ɛka ama w’abam abu, ɛde animguase abrɛ wo, anaa ɛma wo tiboa bu wo fɔ a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Nea ɛbɛboa mo: Monhwɛ mo sika yiye.

 *

1. Monsẽsẽ ɛka a seesei mobɔ nyinaa. Sika a munya ne nea mosɛe no nyinaa, monyɛ ho kyerɛwtohɔ nnawɔtwe abien; sɛ mopɛ nso a, mubetumi ayɛ kyerɛwtohɔ no ɔsram biako. Ɛtow, nsiakyibaa, ne ntade ho ka a mobɔ no, ɛnyɛ ɛka a mobɔ no da biara, enti monkeka ɛho sika nyinaa mmom na monsẽsẽ nhu ɔsram biara de dodow, na momfa nka kyerɛwtohɔ no ho.

2. Monhwehwɛ akwan foforo a mubetumi afa so anya sika. Mubetumi de nnɔnhwerew kakra aka bere a mode yɛ adwuma no ho. Nneɛma bi a anka mobɛtow agu kwa no, mubetumi atɔn; mubetumi nso ahyɛ gua ketewa bi wɔ fie. Monhyɛ no nsow: Monhwɛ na moamma adwuma annidi ankɔ bere a mode yɛ nneɛma a ɛho hia paa no mu, te sɛ bere a mode som Onyankopɔn no.

Abusua no nyinaa mmom nhwehwɛ akwan a mobɛfa so ako ka no

3. Montetew nneɛma so. Monnyɛ atotɔatotɔ, na mmom montɔ nneɛma a ɛho hia mo nkutoo. (Mmebusɛm 21:5) Enrique a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Sɛ wontaa mpere wo ho ntɔ ade a, eye paa, efisɛ ɛboa wo ma wudwen ho hu sɛ ade ko no ho hia paa anaa enhia.” Nyansahyɛ afoforo ni.

  • Ɔdan a mobɛtena mu: Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, muntu nkɔtena dan a ne bo nyɛ den mu. Monhwɛ sɛnea mode anyinam ahoɔden ne nsu bedi dwuma yiye na ama mo ka so atew.
  •   Aduan: Mommfa nnhyɛ mo ho sɛ mubedidi abɔnten; mmom no, sɛ morepue a, mubetumi de aduan kakra agu ade mu akɔ. Tɔ wo nnuan bere a aguadifo atetew nneɛma so. Joelma a ofi Brazil no ka sɛ: “Sɛ aguadifo a wɔhyɛ gua wɔ kwan ho retu gua a wɔtetew wɔn nneɛma so, enti saa bere no na metɔ nnuaba ne atosode.”
  • Akwantu nhyehyɛe: Sɛ mowɔ kar bi a munhia a, montɔn. Afei nso, mommpere mo ho sɛ mobɛtɔn mo kar dedaw akɔtɔ nea aba so foforo, na mmom monhwɛ so yiye. Mfa wo ara wo kar ntu kwan bere nyinaa; sɛ baabi a worekɔ no nware a, wubetumi anantew.

Sɛ wutumi tetew nneɛma so a, wubetumi de sika a aka no ayɛ adwuma yiye.

4. Monsẽsẽ ka a mode no na monyɛ ho biribi. Ansa na mubetua ɛka biara no, munni kan nhwɛ nsiho a ɛwɔ ho, sika a wɔtetew wɔ ho ne nea ebesi bere a ɛka no tua apa ho. Afei nso monhwɛ sɛ ebia bere a ɛsɛ sɛ mutua ka no bi mpo apa ho dedaw anaa. Esiane sɛ nnwumakuw a ɛbɔ bosea no tumi daadaa nkurɔfo nti, sɛ morekogye bosea biara a, monhwɛ nkrataasɛm a ɛwɔ ho no yiye ansa na mode mo ti akɔhyɛ mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, adwumakuw bi a wɔbɔ nkurɔfo bosea wɔ United States kae sɛ, sɛ wɔbɔ obi bosea a, onii no bɛkyɛ sika no mu anan na watua biako pɛ aka ho, nanso nea ɛwom paa ne sɛ, mmɔho anan na na onii no betua aka ho.

Afei nso monhwɛ sɛnea mubetua aka no. Ade biako a mubetumi ayɛ ne sɛ, mubedi kan atua ɛka a ɛho nsiho yɛ kɛse no. Ɔkwan foforo ne sɛ mubedi kan atua ɛka nketenkete no; ɛba saa a, ɛremma ka a ɛba ɔsram biara no nyɛ mo ani so bebree. Sɛ moagye bosea a ɛho nsiho sõ a, mubetumi akogye bosea foforo a ɛho nsiho sua de akotua.

Sɛ mohwɛ nso na muntumi ntua ɛka no nwie bere a wɔahyɛ no a, ɛnde mo ne wɔn a mode wɔn ka no nka ho asɛm. Mubetumi asrɛ bere no bi aka ho anaasɛ mubetumi asrɛ ama wɔatew nsiho no so. Nnwumakuw a wɔbɔ nkurɔfo bosea no bi tumi te ase sɛ, sɛ mubetua ɛka no bum de a, ɛnde wɔbɛhyew ɛka no bi agu. Sɛ mo ne wɔn reka ɛka no ho asɛm a, monyɛ no obu mu na monka nokware nkyerɛ wɔn. (Kolosefo 4:6; Hebrifo 13:18) Nhyehyɛe biara a mobɛyɛ no, momfa nkɔ krataa so. Sɛ mokɔ nea edi kan na anyɛ yiye a, mommpa abaw, monkɔ so ara nsrɛ wɔn mma wɔnyɛ ho biribi mma mo.—Mmebusɛm 6:1-5.

Bere a moredi mo sikasɛm ho dwuma no, sɛ nneɛma ankɔ sɛnea ɛsɛ sɛ ɛkɔ a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa pii. Yenni nneɛma nyinaa so tumi, enti sɛ moyɛ nhyehyɛe pa sɛ dɛn koraa a, ebetumi adi huammɔ, efisɛ sika taa ‘fuw ntaban te sɛ ɔkɔre na etu kɔ wim.’—Mmebusɛm 23:4, 5.

SƆ EYI HWƐ: Munni kan nsẽsẽ sika a mubedi no ɔsram biara, na afei munsusuw ho nhu nea obiara betumi ayɛ ama ɛka a mobɔ no so atew anaa nea mubetumi ayɛ de apɛ sika no bi aka ho. Sɛ obiara nim nea ne yɔnko reyɛ de aboa a, etumi ka mo bom ma moko ɛka no.

  ƆHAW 3: Ɛka no nko ara na yedwen ho.

Sɛ moreko ka a, anhwɛ a nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu no, mo adwene betumi afi so. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Georgios kyerɛ mu sɛ: “Nea na ɛyɛ ɔhaw kɛse paa ne sɛ, na yɛde yɛn adwene nyinaa asi ɛka a yɛde no so. Nneɛma a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ anka yɛma yɛn adwene kɔ so kɛse no, yepiaa ne nyinaa too nkyɛn.”

Nea ɛbɛboa mo: Mommma sika nnnye mo adwene.

Mmɔden a mobɛbɔ nyinaa akyi no, ebetumi aba sɛ mode mfe pii na ebetua mo ka no awie. Nanso adwene a mubenya wɔ mo tebea no ho no de, egyina mo so. Sɛ yɛwɔ sika oo, sɛ yenni sika oo, ɛnsɛ sɛ yɛma sikasɛm gye yɛn adwene. Mmom no, nyansa wom sɛ yetie Bible afotu yi: “Sɛ yɛwɔ yɛn ano aduan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.”—1 Timoteo 6:8.

Sɛ yɛma nea yɛwɔ dɔɔso ma yɛn a, ɛma yɛn anigye sen ahonyade

Sɛnea mo sikasɛm te biara no, sɛ moma ɛdɔɔso ma mo a, ɛbɛboa mo ama ‘moapɛɛpɛɛ mu ahu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filipifo 1:10) “Nneɛma a ehia koraa” no, ebi ne sɛ mobɛbɛn Onyankopɔn na moafa no adamfo na moabɛn mo abusuafo nso. Georgios a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ka sɛ: “Ɛwom, yentumi ntuaa yɛn ho aka nyinaa, nanso seesei de, ɛnyɛ ɛno ne ade a yɛn adwene wɔ so kɛse. Seesei yenya adagyew ma yɛn ho ne yɛn mma, na yɛde bere pii som Onyankopɔn no, na ɛno ama anigye aba yɛn aware mu paa.”

SƆ EYI HWƐ: Nneɛma bi a ɛho hia mo paa a muntumi mfa sika ntɔ no, monkyerɛw ngu krataa so. Afei monhwɛ akwan a mubetumi afa so anya bere pii ama saa nneɛma no.

Ɛka de adwennwene ba, na ne tua nso nna fam, gye sɛ mode nneɛma bɔ afɔre, na moyɛ saa nso a, mfaso pii wɔ so. Okunu bi a wɔfrɛ no Andrzej a ɔwɔ Poland gye tom sɛ: “Obi a ɔne me yere yɛ adwuma kogyee bosea kɛse bi de sika no guanee, na na me yere na akodi akagyinam. Ɛbaa saa no, nea ɛkɔɔ so wɔ fie hɔ no de, ɛsɛ w’ani.” Nanso sɛ ɔkae sɛnea ɔne ne yere dii asɛm no ho dwuma a, ɔka sɛ: “Ewiee ase no na biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no ayɛ kɛse; ɛnyɛ sɛ na asɛm no nhaw yɛn, na mmom sɛnea yɛboom dii ho dwuma no na ɛboaa yɛn.”

^ nky. 3 Wɔasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ nyansahyɛ pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Sɛnea Wobɛtoto Wo Sikasɛm”; ɛwɔ September 2011 Borɔfo Nyan! mu. Yehowa Adansefo na wontintimii.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Mɛyɛ dɛn aboa m’abusua ma yɛako yɛn ka?
  • Yɛbɛyɛ dɛn na ɛka a yɛde no ammene yɛn amma biakoyɛ a ɛwɔ abusua no mu ansɛe?