Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yebenya Apɔwmuden

Sɛnea Yebenya Apɔwmuden

Bible nyɛ nhoma a ɛkyerɛkyerɛ aduruyɛ mu. Nanso afotusɛm a ebetumi ama yɛanya apɔwmuden ahyɛ mu mã. Wo de, ma yɛnhwɛ Bible mu afotusɛm ahorow bi a ebetumi aboa yɛn ama yɛanya apɔwmuden.

HWƐ WO NIPADUA SO YIYE

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho.”—Efesofo 5:29.

NEA ƐKYERƐ: Bible mu afotusɛm yi reboa yɛn ama yɛahu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn apɔwmuden ho hia yɛn paa. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ nyarewa a ɛbɔ nkurɔfo no, emu pii wɔ hɔ a, nneɛma a wɔyɛ wɔ wɔn asetenam na ɛkɔfa ba. Enti nneɛma a woyɛ wɔ w’asetenam no, woma w’ani kɔ ho a, wubetumi anya apɔwmuden.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Hwɛ W’adidi Yiye. Ma w’ani nkɔ w’adidi ho na di nnuan a ahoɔden wom. Afei nso, ɛyɛ a nom nsu pii.

  • Teɛteɛ W’apɔw Mu. Woyɛ ɔpanyin oo, abofra oo, sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu a, ebetumi aboa wo ama woanya apɔwmuden. Obi a yare bi a wonnyaa ano aduru abɛtena no so anaa obi a wadi dɛm mpo, sɛ ɔteɛteɛ n’apɔw mu a, ɛbɛboa no paa. Nnipa a wɔbɛn wo anaa nnuruyɛfo betumi aboa wo ama woayɛ nhyehyɛe de ateɛteɛ w’apɔw mu, na wɔahyɛ wo nkuran ama woadi nhyehyɛe no so. Nanso, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ne nyinaa gyina wo so!

  • Gye Bere Da. Ebinom nnye bere nna yiye. Sɛ obi yɛ saa bere tenten a, etumi kɔfa yare pii brɛ no. Nnipa pii wɔ hɔ a, bere a anka ɛsɛ sɛ wɔde da no, wobɛhwɛ na wɔde reyɛ biribi foforo. Nanso sɛ wugye bere da yiye a, ɛma wunya apɔwmuden.

TWE WO HO FI NNEƐMA A EBETUMI APIRA WO HO

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.”—2 Korintofo 7:1.

NEA ƐKYERƐ: Sɛ yɛpɛ sɛ yenya apɔwmuden a, ɛnsɛ sɛ yɛde nnubɔne sɛe yɛn nipadua. Saa nnubɔne no bi ne nneɛma a wɔde tawa yɛ. Nneɛma a ɛtaa bɔ nkurɔfo yare na ekunkum nkurɔfo paa no, sigaret ne nneɛma foforo a wɔde tawa yɛ ka ho.

NEA WUBETUMI AYƐ: Hyɛ da pɔtee bi a wode begyae nnubɔne nom. Ade rebɛkye ama saa da no adu a, biribiara a wowɔ a ɛma wo kɔn dɔ sɛ wobɛnom nnubɔne no, sesa kɔtow gu. Ebi ne sigaret, nneɛma a wɔde sɔ sigaret ano gya, ne nneɛma a wɔde sigaret nsõ gu mu. Nkɔ baabi a nkurɔfo nom saa nnubɔne no. Gyinae a woasi sɛ worennom nnubɔne bio no, ka ho asɛm kyerɛ wo nnamfo ne w’abusuafo na wɔmmoa wo.

BIBLE MU AFOTUSƐM AFOFORO

Sɛ wopɛ Bible a, wubetumi abisa Yehowa Danseni biara a ɔwɔ wo mpɔtam ama wama wo bi

MA W’AHOBAMMƆ HO NHIA WO.

“Sɛ wusi fie foforo a, gye ban wɔ ɔdan no atifi na obi amfi hɔ anhwe ase, na wo fie anni mogya ho fɔ.”​—DEUTERONOMIUM 22:8.

HYƐ W’ABUFUW SO.

“Nea ne bo kyɛ fuw no nhumu dɔɔso, na nea ɔpere ne ho no ani gye nkwaseasɛm ho.”​—MMEBUSƐM 14:29.

HWƐ SƐ WORENNIDI MMORO SO.

‘Nkɔka wɔn a wodi nam fuu ho.’​—MMEBUSƐM 23:20.