Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yebenya Suban Pa

Sɛnea Yebenya Suban Pa

Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma subammɔne didi yɛn mu, na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yennya suban pa.

HYƐ W’ABUFUW SO

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima.”—Mmebusɛm 16:32.

NEA ƐKYERƐ: Sɛ yesua sɛ yɛbɛhyɛ yɛn abufuw so a, ɛbɛboa yɛn paa. Ɛwom, abufuw bi wɔ hɔ a, ɛyɛ ne kwan so, nanso sɛ yɛanhyɛ yɛn abufuw so a, ɛbɛsɛe nneɛma pii. Nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ, sɛ obi bo fuw a, ɔtaa keka nsɛm bi anaa ɔyɛ nneɛma bi a ebewie ase no, na wanu ne ho.

NEA WUBETUMI AYƐ: Sɛ wo bo fuw a, sua sɛ wobɛhyɛ wo ho so na woanyɛ ade antra so. Ɛyɛ a ebinom susuw sɛ, obi bo fuw na wanhyɛ ne ho so a, ɛkyerɛ sɛ n’ani yɛ den. Nanso yɛbɛka paa a, obi a ontumi nhyɛ n’abufuw so no, ɔno mmom na ɔyɛ mmerɛw. Bible ka sɛ: “Onipa a ontumi nhyɛ ne ho so te sɛ kurow a wobubu kɔ mu a enni ɔfasu.” (Mmebusɛm 25:28) Ade baako a ɛbɛma woahyɛ w’abufuw so ne sɛ, asɛm bi si a, ansa na wobɛyɛ ho biribi no, di kan hu asɛm no mu yiye. Bible ka sɛ: “Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase.” (Mmebusɛm 19:11) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie afanu no nyinaa anom asɛm. Ɛno betumi ama yɛate asɛm no ase yiye, na ɛremma yɛnyɛ ade ntra so.

KYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.”—Kolosefo 3:15.

NEA ƐKYERƐ: Wɔtaa ka sɛ obi ani begye a, gye sɛ ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Ebinom a wɔahwere wɔn adɔfo anaa wɔn agyapade mpo betumi adi wei ho adanse. Saa nkurɔfo yi ka sɛ nea aboa wɔn paa ne sɛ, wɔmfa wɔn adwene nsi nea wɔahwere no so, mmom wɔma wɔn ani sɔ nea wɔwɔ.

NEA WUBETUMI AYƐ: Da biara wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma bɛn na metumi akyerɛ ho anisɔ nnɛ?’ Wubetumi akyerɛw saa nneɛma no ato hɔ. Ɛnyɛ nneɛma akɛse akɛse nkutoo na wubetumi akyerɛ ho anisɔ. Wubetumi akyerɛ nneɛma nketenkete ho anisɔ. Ebi ne owia a ɛrepue, anaa nkɔmmɔ a wo ne wo dɔfo bi abɔ ama w’ani agye. Sɛ woda ma adepa kye wo a, ɛno nso yɛ biribi a wubetumi akyerɛ ho anisɔ. Sɛ wugye bere dwinnwen nneɛma a ɛte saa ho na wokyerɛ ho anisɔ a, ɛbɛma wo koma atɔ wo yam.

Ade foforo nso a ɛbɛboa wo paa ne sɛ wubedwinnwen nea ɛma w’ani sɔ w’abusuafo ne wo nnamfo ho. Afei nea wɔyɛ a ɛma w’ani gye wɔn ho no, ka ho asɛm kyerɛ wɔn. Wubetumi akyerɛw krataa, e-mail, anaa text message akɔma wɔn de akyerɛ nea wɔyɛ ho anisɔ. Woyɛ saa a, ɛbɛma wo ne wɔn ntam ayɛ kama, na ɛbɛma w’ani agye.—Asomafo Nnwuma 20:35.

BIBLE MU AFOTUSƐM AFOFORO

Wubetumi atwe Bible a wɔakenkan agu afiri so no bi na woabɔ atie. Ɛwɔ kasa bɛyɛ 40 mu wɔ jw.org so

SƐ ASƐM BI DAN AKYINNYEGYE A, TWE WO HO.

“Ntɔkwaw mfiase te sɛ nsu a atue; enti ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.”​—MMEBUSƐM 17:14.

MFA NEA ENNYA NSII NHAW WO HO PII.

“Munnnwinnwen ɔkyena ho, na ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.”​—MATEO 6:34.

SƐ ASƐM BI SƆRE A, NNYINA SƐNEA WOTE NKA SO NYƐ ADE, MMOM DI KAN SUSUW NSƐM HO ANSA.

“Adwempa bɛhwɛ wo so, na nhumu abɔ wo ho ban.”​—MMEBUSƐM 2:11.