Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | SARA

“Woyɛ Ɔbea a Wo Ho Yɛ Fɛ”

“Woyɛ Ɔbea a Wo Ho Yɛ Fɛ”

WO DEƐ fa w’ani bu sɛ Sara gyina ne dan mu. Ɔtoto n’ani hwɛ dan mu hɔ nneɛma. Wohwɛ ɔbaa a ofi Middle East yi aniwa mma ne n’anim yɛbea a, wuhu sɛ biribi rekɔ so wɔ n’adwene mu. Adɛn, ne werɛ na ahow anaa? Sɛ ne werɛ ahow a, ɛnyɛ nwonwa. Adɛn ntia? Efisɛ na nneɛma pii akɔ so wɔ fie hɔ. Ná Sara kunu ne Abraham, na na wɔde anigye atena fie hɔ akyɛ. * Wɔn mmienu nyinaa na wɔka boom maa fie hɔ yɛɛ anika.

Ná wɔte Ur. Ɛyɛ kurow a na emufo di yiye paa, na na adwumfo, aguadifo, ne wɔn a wɔyɛ nsaano nnwuma pii wɔ hɔ. Wei nti yebetumi aka sɛ na Sara ne ne kunu wɔ ahode bebree. Ná Sara fie nyɛ baabi a ɔde ne nneɛma gu kɛkɛ, na n’ani ka hɔ. Ná ɔne ne kunu de mfe pii na atena hɔ, anigye ne awerɛhow nyinaa mu. Efie yi ara mu na na ɔne ne kunu abɔ Yehowa Nyankopɔn mpae mpɛn pii, na na wonni wɔn Nyankopɔn no ho agorɔ koraa. Enti sɛ na Sara ani ka saa fie yi mu a, ɛnyɛ nwonwa.

Wei nyinaa akyi, anhaw Sara sɛ obegyaw saa nneɛma yi nyinaa hɔ. Ná wadi bɛyɛ mfe 60, nanso na ɛsɛ sɛ otu kwan kɔ baabi a onnim a ɔrensan mma n’akyi bio. Baabi a ɔrekɔ no, na ɛhɔ yɛ hu na na asetena nso nna fam. Dɛn koraa na ɛkaa no maa ɔyɛɛ nsakrae kɛse a ɛte saa wɔ n’asetena mu? Gyidi a ɔdaa no adi no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

“FI W’ASASE SO”

Wohwɛ mu a Sara nyinii wɔ Ur. Seesei saa kurow no yɛ amamfo. Nanso Sara bere so no, na adagyew nni Eufrate Asubɔnten a ɛtene fa kurow no mu no so koraa. Ná aguadifo ahyɛn di nsu no ne nsuka a ɛdeda ho so akɔneaba na na aguadifo de nneɛma fi akyirikyiri ba kurow yi mu. Wokɔ Ur mmɔnten so a, wuhu sɛ akwan a ɛdeda hɔ no akontɔnkontɔn, na nnipa ayɛ so ma. Nsu so ahyɛn gyinabea nso, ahyɛn no bi nnya baabi nnyina mpo. Wokɔ wɔn gua so nso a, nneɛma ahyɛ wɔn sotɔɔ ahorow mu ma. Enti wo deɛ, wo ara hwɛ sɛ Sara anyin wɔ kurow a adagyew nni mu sei, na onim nnipa bebree din. Ebetumi aba sɛ na nnipa pii nso nim no, efisɛ na ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ paa. Ná n’abusuafo nso dɔɔso wɔ hɔ.

Bible ka Sara ho asɛm sɛ na ɔwɔ gyidi kɛse. Nanso na ɔnsom ɔsram nyame a na nnipa dodow no ara som wɔ Ur no. Ná ɔman no asi aban kokuroo bi ama saa nyame yi wɔ kurom hɔ. Sara deɛ, na ɔsom Yehowa, nokware Nyankopɔn no. Bible no nkyerɛkyerɛ ɔkwan a ɔfaa so nyaa saa gyidi no mu. Ne papa sei, bere bi na ɔsom abosom. Ne nyinaa akyi, ɔwaree Abraham. Ná Abraham anyin sen Sara mfe du. * (Genesis 17:17) Akyiri yi wɔbɛfrɛɛ Abraham ‘wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa agya.’ (Romafo 4:11) Wɔn mmienu nyinaa tenaa ase kama sɛ awarefo na na wɔn aware yɛ krabɛhwɛ. Ná obiara bu ne yɔnko, wɔne wɔn ho bɔ nkɔmmɔ, na na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wohyia ɔhaw biara a, wɔbɛka wɔn ntama abɔ ano ayɛ ho adwuma. Nea ɛsen ne nyinaa no, na wɔyɛ awarefo a wɔdɔ wɔn Nyankopɔn paa.

Ná Sara dɔ ne kunu yiye, na na wɔn mmienu nyinaa ne wɔn abusuafo na ɛte Ur. Nanso ankyɛ na wohyiaa ɔhaw bi. Bible ka sɛ na Sara “yɛ oboni a onni ba.” (Genesis 11:30) Saa bere no, na ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ Sara bɛtena ɔman a ɛte saa mu a onni ba. Nanso Sara kɔɔ so dii ne Nyankopɔn ne ne kunu nokware. Wɔn nua ba Lot deɛ, na wayɛ sɛ wɔn babarima. Wɔbɔɔ bra kosii sɛ da koro bi deɛ, biribiara sesae.

Abraham a anigye ahyɛ no ma no baa ne yere Sara nkyɛn. Ná biribi asi ama ne ho adwiriw no, na na ɛnkyɛe koraa. Onyankopɔn a wɔsom no no ne no kasae. Ɔnam ɔbɔfo bi so yii ne ho adi kyerɛɛ no! Wohwɛ a, dɛn na Sara bɛyɛ? Sara de n’aniwa mma fɛfɛ no hwɛɛ ne kunu anim dinn, na ɔde ahopere bisaa no sɛ: “Dɛn na ɔka kyerɛɛ wo? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me!” Ɛbɛyɛ sɛ, Abraham dii kan tenaa ase susuw nea asi no ho. Afei ɔkaa asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Sara sɛ: “Fi w’asase so ne w’abusua mu na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.” (Asomafo Nnwuma 7:2, 3) Bere a asɛm no akyi dwoe no, wofii ase susuw adwuma a Yehowa de ama wɔn no ho. Ná wɔn ani ka wɔn fie na na wɔn ho dwo wɔn wɔ hɔ, nanso na ɛsɛ sɛ wotu fi hɔ kodi atutena! Dɛn na na Sara bɛyɛ? Ɛbɛyɛ sɛ ɔrekɔ ba nyinaa na ne kunu rehwɛ no. Nsakrae kɛse a aba wɔn asetena mu yi, Sara beyi ne yam ataa n’akyi anaa?

Ebia yɛbɛka sɛ, ‘Me deɛ, Onyankopɔn nka nkyerɛɛ me anaa me hokafo sɛ yɛnyɛ biribi a ɛte saa da.’ Enti ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte nea Sara faa mu no ase. Nanso yɛn nyinaa betumi ahyia tebea a ɛte saa. Wiase a yɛte mu yi, sika ne ahonyade agye nnipa bebree adwene, enti ebetumi ama yɛde yɛn adwene asi ahotɔ, ne agyapade a yebenya so. Afei yebetumi de yɛn adwene nyinaa asi yɛn daakye so. Nanso Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ade foforo mmom nsi yɛn ani so. Ɛno ne sɛ yɛde Onyankopɔn som bedi kan na yɛayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani mmom sen sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ. (Mateo 6:33) Sɛ yedwennwen nea Sara yɛe no ho a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Botae bɛn na mede besi m’ani so wɔ abrabɔ mu?’

‘WOFII ASASE NO SO’

Bere a Sara reboaboa ne nneɛma ano no nyinaa, na onhu nea ɔmfa ne nea onnyaw no hɔ. Ná afurum ne yoma na ɛbɛsoa wɔn nneɛma, enti nneɛma a ɛsoso no, na ɛsɛ sɛ ogyaw no hɔ. Adeɛ yi, wɔrekodi atutena. Enti nneɛma bi wɔ hɔ a, na ɛho nhia sɛ wɔde kɔ. Ebia na ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn nneɛma no bi anaasɛ wɔde kyɛ nkurɔfo mpo. Afei nso, na wɔn ani begyina kurom asetena. Efisɛ kurom deɛ, nea wɔpɛ biara wonya. Sɛ Sara kɔ gua so a, aduan, ɛnam, nnuaba, ne ntade nyinaa abu so. Biribiara a ohia ne biribiara a ɛbɛma ne ho atɔ no no, na ne nsa ka.

Sara gyidi nti, ogyaa ne fie a na ahotɔ wom no hɔ

Yɛreka yi, ebetumi aba sɛ na ɛnyɛ mmerɛw sɛ Sara begyaw ne fie no hɔ akɔ. Sɛ na ne fie te sɛ afie a fam tutufo ahu wɔ Ur no a, ɛnde Sara hweree nneɛma a ɛma nnipa ho tɔ no wɔ asetena mu paa. Afie a wɔatutu fam ahu no, ebi wɔ hɔ a adan bɛboro 12 na ɛwom. Ná mmura ne nnorobɛn a nsu fam nso wowɔ afie no mu. Ahiafo fie mpo, ɛbɛyɛ sɛ na wɔabɔ so, na na afasu ne apon a wotumi to mu wom. Ntamadan a wɔrekɔtena mu deɛ, sɛ akorɔmfo ba a wɔbɛyɛ dɛn? Na sɛ gyata, sebɔ, sisi, ne mpataku ba hɔ a, ɛhe na wɔbɛfa? Saa bere no, na saa mmoa no abu so.

Sara abusuafo nso ɛ? Henanom na na obegyaw wɔn hɔ? Ebetumi aba sɛ na Onyankopɔn ahyɛde no yɛ den ma no paa. Ɛkaa sɛ ‘fi w’asase so ne w’abusua mu.’ Ɔbaa a ɔdɔ nnipa na odwen nnipa ho sei deɛ, ebia na ɔwɔ anuanom mmarima ne mmaa, ne n’awofo nuanom mma nso wɔ hɔ. Ebia na wɔfanom ne sewaanom a ɔbɛn wɔn paa nso wɔ hɔ. Saa nnipa yi nyinaa, ebetumi aba sɛ na ɔrenhu wɔn bio. Ne nyinaa akyi, ade rekye na ase resa nyinaa, na Sara de akokoduru reboaboa ne ho ama akwantu no.

Nea na Sara refa mu nyinaa akyi, ɔboaboaa ne ho de twɛnee da a wobesi kwan so. Abusua panyin Tera nso, na Abraham ne Sara de no bɛka ho akɔ. Saa bere no nso, na Tera adi bɛyɛ mfe 200. (Genesis 11:31) Akwakoraa sei ka wɔn ho yi deɛ, yetumi hu sɛ na Sara bɛbrɛ paa. Yehowa asɛm a ɛse ‘fi Kaldeafo asase so’ no, Lot nso tiei.—Asomafo Nnwuma 7:4.

Akwantufo no faa Eufrate asubɔnten no ho de wɔn ani kyerɛɛ Haran. Efi Ur rekɔ Haran wɔ atifi fam atɔe bɛyɛ kilomita 960 (akwansin 600). Abusua no duu Haran no, wɔtenaa hɔ kakra. Ebetumi aba sɛ na Tera yare, enti na wɔrentumi ntoa akwantu no so. Wɔtenaa hɔ kosii sɛ owui. Tera rewu no, na wadi mfe 205. Ansa na wɔretoa akwantu no so no, Yehowa ne Abraham san kasaa bio. Ɔka kyerɛɛ no sɛ omfi asase no so nkɔ asase a ɔno Yehowa bɛkyerɛ no so. Nanso saa bere yi deɛ, Onyankopɔn de bɔhyɛ bi a ɛyɛ anigye kaa ho. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛyɛ wo ɔman kɛse.” (Genesis 12:2-4) Nanso bere a wofii Haran no, na Abraham adi mfe 75, na na Sara adi mfe 65, nso na wonni ba. Ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na ɔman atumi afi Abraham mu aba? Ɔbɛware ɔbaa foforo aka ho anaa? Wɔn bere so no, na awaredodow nyɛ na, enti ebetumi aba sɛ Sara dwenee ho.

Sɛnea ɛte biara, wofii Haran toaa wɔn akwantu no so. Nnipa bɛn na saa bere yi na wɔka wɔn ho? Bible ma yehu sɛ, Abraham abusua no de wɔn agyapade “ne akra a wonyae wɔ Haran nyinaa” na ɛkɔe. (Genesis 12:5) Ná saa akra no yɛ nnipa bɛn? Ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ ne nkoa ne ne mfenaa. Yebetumi aka sɛ Abraham ne Sara kaa wɔn gyidi ho asɛm kyerɛɛ wɔn a na wobetie no nyinaa. Bible mu nsɛm a tete Yudafo abɔ no mua no ka sɛ, nkurɔfo a wɔreka wɔn ho asɛm wɔ ha yi no yɛ wɔn a wɔasakra abɛsom Abraham ne Sara Nyankopɔn Yehowa. Sɛ saa a, ɛnde Sara gyidi nti, ɛda adi sɛ otumi de ahotoso kaa ne Nyankopɔn ne n’anidaso ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Ehia sɛ yesusuw biribi a ɛte saa ho. Efisɛ ɛnnɛ nso, gyidi ne anidaso ho ayɛ na paa. Sɛ wusua ade pa bi fi Bible mu a, wubetumi aka ho asɛm akyerɛ obi foforo anaa?

‘ƆDE N’ANI KYERƐƐ EGYPT’

Bɛyɛ Nisan 14, 1943 ansa na wɔrewo Yesu no, Abraham ne Sara twaa Eufrate asubɔnten no. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ anafo fam sɛ wɔrekɔ bɔhyɛ asase a Yehowa se wɔnkɔ so no so. (Exodus 12:40, 41) Bɔhyɛ asase no, na ɛhɔ yɛ fɛ, na nneɛma pii wɔ hɔ, na na wim tebea no nso yɛ kama. Enti wo deɛ fa w’ani bu sɛ Sara retwa n’ani kurukuru hwɛ benkum ne nifa. Wɔrebɛn More a ɛbɛn Sekem no, Yehowa san yii ne ho adi kyerɛɛ Abraham, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mede asase yi bɛma w’asefo.” Anokwa, yetumi hu sɛ asɛmfua “w’asefo” a Yehowa de dii dwuma no bɛka Abraham koma paa! Ebia ɛbɛma Abraham akae asɛm a esii Eden turom no. Ɛhɔ na Yehowa kaa sɛ aseni bi na ɔbɛsɛe Satan. Ná Yehowa adi kan aka akyerɛ Abraham sɛ, ɔman a ebefi ne mu aba no bɛma asase sofo nyinaa anya nhyira.—Genesis 3:15; 12:2, 3, 6, 7.

Nanso, na Abraham ne n’abusua no behyia ɔhaw a ɛto nnipa nyinaa no bi. Ɔkɔm kɛse baa Kanaan asase so, enti Abraham yɛɛ sɛ ɔne n’abusua betu akɔ anafo fam wɔ Egypt. Nanso ohuu sɛ nnipa a wɔwɔ saa beae no wɔ subammɔne bi. Enti ɔka kyerɛɛ Sara sɛ: “Mesrɛ wo tie. Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ. Sɛ Egyptfo hu wo a, nea wɔbɛka ara ne sɛ, ‘Hwɛ, ne yere ni.’ Na wobekum me na wɔagyaw wo. Mesrɛ wo ka sɛ woyɛ me nua, na asi me yiye, na wode agye me kra.” (Genesis 12:10-13) Ɛdɛn na ɛkaa Abraham maa ɔde saa adesrɛde yi too ne yere anim?

Ná ɛnyɛ sɛ Abraham yɛ ɔtorofo anaa ohufo sɛnea ebinom ka no. Ampa, na Sara yɛ ne nuabaa. Adesrɛde a Abraham de too Sara anim no nso, na ntease wom. Ná Abraham ne Sara nim sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma aseni soronko bi afa Abraham so aba. Ná wonim sɛ saa bɔhyɛ yi ho hia sen biribiara. Enti na ɛho hia paa sɛ wɔbɔ Abraham nkwa ho ban. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma no ahu adanse bi a ɛkyerɛ sɛ, na Egypt atumfoɔ taa gye nkurɔfo yerenom kum wɔn kununom. Enti Abraham yɛɛ n’ade nyansam, na Sara nso de ahobrɛase gyee ne gyinaesi no toom.

Ankyɛ koraa, sɛnea nneɛma kɔe no dii adanse sɛ nea Abraham kae no yɛ nokware. Farao ahemfie mpanyimfo no bi huu sɛ Sara ho yɛ fɛ yiye; mfe a na Sara adi ne n’ahoɔfɛ no yɛɛ wɔn nwonwa paa! Enti wɔkɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Farao, na Farao nso kaa sɛ wɔnkɔfa no mmra. Sɛnea Abraham ho yeraw no, ne ehu a ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Sara no, ɛyɛ den sɛ yebetumi de yɛn adwene abu. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ wɔanhunahuna Sara sɛ afenaa bi a wɔakyere no, mmom wɔkorɔkorɔɔ no sɛ onuonyamfo bi. Ɛbɛyɛ sɛ Farao yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛdɛfɛdɛfɛ no, na ɔde ne sika ne n’ahode nso adaadaa no. Owie a na ɔne ne “nuabarima” aka ama ɔde no ama no aware.—Genesis 12:14-16.

Hwɛ sɛ Sara gyina mpomma mu anaa abrannaa so rehwɛ Egypt abɔnten so. Wohwɛ a ɔtee nka sɛn? Seesei wasan abɛtena dan papa a wɔakuru so kama mu. Afasu atwa ne ho ahyia, na aduan pa nko ara na odi. Seesei a Sara abenya asetena pa, ebia nea ɛkyɛn nea ogyaw hɔ wɔ Ur no, ɔbɛsesa n’adwene anaa? Sɛ Sara gyaee Abraham kɔfaa Farao a, hwɛ sɛnea anka Satan ani begye afa! Nanso Sara anyɛ biribiara saa. Odii ne kunu ne ne Nyankopɔn nokware, na wanyɛ biribiara ansɛe n’aware. Sɛ awarefo a wɔwɔ wiase bɔne yi mu bedi nokware wɔ wɔn aware mu saa a, anka eye paa! Wo nso, wubetumi asuasua Sara na woadi w’adɔfo ne wo nnamfo nokware saa anaa?

Sɛnea na Farao ahemfie yɛ fɛ nyinaa akyi, Sara dii ne kunu nokware

Yehowa de ne ho gyee nsɛm mu, na ɔbɔɔ ɔbaa nokwafo yi ho ban. Yehowa maa ɔhaw baa Farao ne ne fiefo so. Bere a biribi nti Farao huu sɛ Sara yɛ Abraham yere no, ɔsan de no maa ne kunu, na ɔka kyerɛɛ Abraham ne n’abusua nyinaa sɛ womfi Egypt. (Genesis 12:17-20) Wo deɛ hwɛ sɛnea Abraham ani begye sɛ wasan anya ne yere a ɔdɔ no! Kae sɛ ofi ne komam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ.” Nanso na ade foforo bi wɔ Sara ho a ɛyɛ Abraham fɛ paa. Ná ne suban yɛ fɛ sen ne nipadua mpo. Ná Sara wɔ komam ahoɔfɛ ampa, na ɛno na Yehowa ani sɔ. (1 Petro 3:1-5) Saa ahoɔfɛ no na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya bi. Yebetumi asuasua Sara gyidi na yɛama Onyankopɔn som ho ahia yɛn asen ahonyade. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ka Onyankopɔn ho nimdeɛ a yɛanya no bi kyerɛ afoforo. Afei sɛ yehyia sɔhwɛ biara a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔ yɛn bra de kyerɛ sɛ yedi nokware.

^ nky. 3 Mfiase no, na yɛfrɛ wɔn Abram ne Sarai. Nanso akyiri yi Yehowa maa wɔn din foforo, na ɛno na yɛde nim wɔn paa.—Genesis 17:5, 15.

^ nky. 8 Ná Sara yɛ Abraham nuabaa. Wɔn papa din de Tera nanso na ɛsono obiara maame. (Genesis 20:12) Ɛwom, ɛnnɛ ɛmfata sɛ obi bɛware ne nua deɛ, nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ saa bere no, na nneɛma yɛ soronko koraa. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, na ɛnkyɛe biara. Enti yɛbɛka a, na nnipa ne pɛyɛ ntam nware pii. Saa bere no, na nnipa wɔ apɔwmuden paa, enti sɛ obi ware ne busuani a ɔbɛn no saa a, ɛda adi sɛ na ɛrenhaw wɔn mma a wɔbɛwo wɔn no. Nanso bɛyɛ mfe 400 bi akyi deɛ, nnipa nkwa nna bɛyɛɛ sɛnea ɛte nnɛ yi. Saa bere no, Mose Mmara baraa abusuafo a wɔbɛn a wɔbɛware.—Leviticus 18:6.