Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN AKYƐDE A ƐSO BI NNI WUBEGYE ANAA?

Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Bi Nni—Adɛn Nti na Ɛsom Bo?

Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Bi Nni—Adɛn Nti na Ɛsom Bo?

Dɛn na ɛma akyɛde bi som bo ma wo paa? Anyɛ yiye koraa no, nneɛma nnan yi ntia: (1) onii a ɔde maa wo, (2) nea enti a ɔde maa wo, (3) ade a ɔde bɔɔ afɔre ansa na ɔde rema wo, ne (4) nea wuhia paa a ɛyɛ maa wo. Sɛ yedwen nneɛma nnan yi ho kɔ akyiri a, ɛbɛma yɛn ani asɔ agyede no paa efisɛ, ɛno ne Onyankopɔn akyɛde a ɛso bi nni.

ONII A ƆDE MAA WO

Akyɛde bi wɔ hɔ a, ɛyɛ a ɛsom bo ma yɛn, efisɛ efi onipa kɛse bi anaa obi a yebu no paa hɔ. Ebi wɔ hɔ nso a ne bo nyɛ den nso wunni ho agorɔ, efisɛ ebia wo busuani bi a wodɔ no anaa w’adamfo paa na ɔde maa wo. Yɛadi kan aka Russell ne Jordan ho asɛm. Akyɛde a Russell de maa Jordan no, saa ara na na ɛte. Wei fa agyede a Onyankopɔn de mae no ho sɛn?

Nea edi kan, Bible se “Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.” (1 Yohane 4:9) Saa asɛm no ma akyɛde yi som bo yiye. Obiara nni hɔ a ɔwɔ tumi sen Onyankopɔn. Hebri dwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18) Onipa kɛse bɛn paa na ɔkyɛn Onyankopɔn a obetumi ama yɛn akyɛde a ɛte saa?

Nea ɛto so mmienu, Onyankopɔn yɛ “yɛn Agya.” (Yesaia 63:16) Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ ɔno na ɔmaa yɛn nkwa. Afei nso, Onyankopɔn yɛ nea obetumi biara hwɛ yɛn sɛnea agya a ɔdɔ ne mma yɛ no. Tete no, Onyankopɔn de edin Efraim frɛɛ ne nkurɔfo bi, na obisaa sɛ: ‘So Efraim nyɛ ɔba a ɔsom bo ma me, anaa ɔba a mepɛ n’asɛm yiye? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me ne ho no. Hu ara na mehu no mmɔbɔ.’ (Yeremia 31:20) Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔsom Nyankopɔn no, saa ara na ɔte nka ma wɔn. Ɛnyɛ sɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔbɔɔ yɛn kɛkɛ, mmom ɔsan yɛ yɛn Agya ne yɛn Adamfo a odi nokware. Wudwen wei ho a, wunnye nni sɛ akyɛde biara a efi ne hɔ no, ɛsɛ sɛ ɛsom bo paa ma wo?

NEA ENTI A ƆDE MAE

Akyɛde bi wɔ hɔ a ɛsom bo ma yɛn paa, efisɛ onipa no dɔ yɛn paa nti na ɔde maa yɛn; obiara anhyɛ no. Sɛ obi yi ne yam kyɛ ade a, ɛyɛ a ɔnhwɛ kwan sɛ onipa no bɛyɛ biribi atua ka.

Ɔdɔ nti na Onyankopɔn de ne Ba no maa yɛn. Bible ka sɛ: “Eyi mu na woyii Onyankopɔn dɔ adi wɔ yɛn ho, efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro.” Ɔbɛyɛɛ dɛn? ‘Sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa.’ (1 Yohane 4:9) Ná ɛyɛ nhyɛ sɛ Onyankopɔn yɛ saa anaa? Dabida! “Kristo Yesu agyede no,” ɛyɛ Onyankopɔn ‘adom’ ara kwa!Romafo 3:24.

Adɛn nti na Onyankopɔn akyɛde yi yɛ ‘adom’ ara kwa? Bible kyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Anka nnipa nni boafo biara, efisɛ yɛyɛ abɔnefo, na yɛtɔ sin. Nanso ɔdɔ amapa na ɛkaa Onyankopɔn ma ɔboaa yɛn. Yɛmfata saa ɔdɔ yi, na yentumi ntua ho ka nso. Akyɛde yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn paa. Obiara nkyerɛɛ saa dɔ yi bi da!

ADE A ƆDE BƆƆ AFƆRE

Akyɛde bi wɔ hɔ a ɛsom bo paa, efisɛ wuhu sɛ nipa no de biribi kɛse abɔ afɔre. Sɛ obi yi ne komam de biribi a ɛsom bo paa ma no kyɛ yɛn a, ɛyɛ a yenni saa akyɛde no ho agorɔ koraa esiane nea ɔde abɔ afɔre nti.

Onyankopɔn de “ne Ba a ɔwoo no koro no mae.” (Yohane 3:16) Ɔdɔ ne Ba yi sen obiara, nanso ɔde no maa yɛn. Onyankopɔn de mfe mpempem pii na ɛbɔɔ ɔsoro ne asase. Saa bere no nyinaa na Yesu ka ne ho, na ɔbɛyɛɛ ‘obi a ɔpɛ n’asɛm yiye.’ (Mmebusɛm 8:30) Yesu yɛ Onyankopɔn “Ba a ɔdɔ no” ne “Onyankopɔn a wonhu no no suban.” (Kolosefo 1:13-15) Wohwɛ ɔsoro ne asase so a, nnipa mmienu biara nni hɔ a wɔbɛn wɔn ho te sɛ Onyankopɔn ne Yesu.

Wei nyinaa akyi, Onyankopɔn amfa “n’ankasa ne Ba mpo” ankame yɛn. (Romafo 8:32) Ade a ɛda Yehowa koma so paa na ɔde maa yɛn. Ɔmmaa yɛn akyɛde biara a wahwere biribi saa da!

NEA WUHIA PAA A ƐYƐ MAA WO

Akyɛde bi wɔ hɔ a, ɛsom bo ma wo paa efisɛ na wuhia ankasa! Ebia amma ntɛm a nneɛma bɛsɛe. Fa no sɛ wowɔ owuyare bi, nanso wunni sika a wode bɛsa wo ho yare. Sɛ obi fi ne komam tua yare no ho ka nyinaa ma wo a, w’ani rensɔ? Ade kɛse a wayɛ ama wo no, wohwɛ a wo werɛ betumi afi?

“Sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.” (1 Korintofo 15:22) Esiane sɛ yɛyɛ Adam asefo nti, yɛn nyinaa “rewu.” Yare ne owu reteetee yɛn, nanso yɛn mu biara ntumi nyɛ ho hwee. Biribiara nni hɔ a yɛn ankasa betumi ayɛ ama yɛadi bem Onyankopɔn anim anaa yɛne ne ntam ayɛ kama. Yɛyɛ nnipa a yɛnsɛ hwee, enti yɛrentumi nnye yɛn ho mpo na kampɛsɛ yɛagye obi “nkwa.” Bible ka sɛ: “Wɔn mu biara ntumi nnye onua, na ɔrentumi mma Onyankopɔn mpatade mfa nnye no; . . . wɔrentumi ntua da.” (Dwom 49:7, 8) Yehia mmoa paa, efisɛ yɛrentumi ntua saa agyede no. Ɛnyɛ agyede no a, anka yɛn asɛm yɛ mmɔbɔ.

Yɛn nso, ɛte sɛ nea yɛyare na yentumi ntua ho ka. Nanso Yehowa dɔ yɛn paa, enti wayi ne yam atua yare no ho ka de agye yɛn nkwa. Ɔnam Yesu so bɛma “obiara anya nkwa.” Ɔkwan bɛn so na agyede no tumi yɛ saa adwuma no? “Ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.” Ampa, sɛ yenya gyidi wɔ Yesu mogya no mu a, ɛbɛma wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn, na yɛanya daa nkwa. (1 Yohane 1:7; 5:13) Yɛn adɔfo a wɔawuwu no nso, dɛn na agyede no bɛyɛ ama wɔn? “Sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa [Yesu] so na owusɔre nso bae.”—1 Korintofo 15:21. *

Onyankopɔn de Yesu abɔ afɔre ama yɛn. Agyede baako pɛ no atumi agye yɛn afi bɔne ne owu mu. Obiara nni hɔ a ɔso sen Onyankopɔn a watumi akyɛ ade saa da. Saa ara nso na obiara nni hɔ a watumi ayi saa ɔdɔ no bi adi. Ade kɛse a Yehowa Nyankopɔn hweree no, obiara nni hɔ a watumi de biribi saa abɔ afɔre da. Afei nea yehia ara na agyede no atumi ayɛ no. Akyɛde biara ne no nsɛ.

 

^ nky. 19 Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obenyan awufo. Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ saa nhoma yi, Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? ti 7. Yehowa Adansefo na wotintimii. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com/tw.