Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

DEA/G. Dagli Orti/De Agostini via Getty Images

Huldrych Zwingli Hwehwɛɛ Bible Mu Nokwasɛm

Huldrych Zwingli Hwehwɛɛ Bible Mu Nokwasɛm

 Ɛnnɛ, nnipa pii a wɔfi wɔn komam som Onyankopɔn no tumi hwehwɛ wɔn gyidi mu hwɛ sɛ ɛne nea Bible kyerɛkyerɛ no hyia anaa. Nanso bɛyɛ afe 1500 mu hɔ no de, na ɛnyɛ mmerɛw saa. Adɛn ntia? Efisɛ na nnipa dodow no ara nni Bible wɔ wɔn kurom kasa mu. Ɛno nti, na asɔremma dodow no ara ntumi mfa nea Asɔre no ka no ntoto nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa no ho. Sɛ na obi adwene yɛ no sɛ ɔrekɔ ne sɔfo hɔ ama waboa no a, ɛnde na watow pete tuo. Nhoma bi ka sɛ, “Ná nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ Switzerland Asɔre no mu. Ná asɔfo no nnim huu, ná ahohonsɛmdi ahyɛ wɔn ma, na na wɔn bra asɛe.”—History of the Christian Church.

 Saa bere no na Huldrych Zwingli fii ase hwehwɛɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no. Ɛdɛn na ohui? Nea osuae no, ɔyɛɛ dɛn maa afoforo tee ho asɛm? Na dɛn na yebetumi asua afi sɛnea ɔbɔɔ ne bra ne nneɛma a na ogye di no mu?

Zwingli Fii Ase Yɛɛ Nhwehwɛmu

 Bere a Zwingli dii mfe 20 ne kakra no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ Katolek sɔfo. Saa bere no, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Katolek sɔfo a, na ɛsɛ sɛ osua nneɛma bi a egyina nnipa nyansa so, amanne ahorow a ɛwɔ asɔre no mu, ne nsɛm a tete asɔre mpanyimfo bi a wɔfrɛ wɔn “Asɔre Agyanom” kyerɛwee. Bible de, na wɔnhwɛ mu mpo na wɔasua. Enti Zwingli nso suaa saa nneɛma no bi.

 Ɛyɛɛ dɛn na Zwingli fii ase huu Bible mu nokwasɛm? Bere a ɔwɔ suapɔn mu wɔ Basel, Switzerland no, na ɔtaa kotie Thomas Wyttenbach nkyerɛkyerɛ. Ná Wyttenbach nkyerɛkyerɛ no kasa tia asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa owu akyi asotwe ho no. a Obi a ɔkyerɛw Zwingli ho asɛm kaa sɛ, Zwingli “sua fii [Wyttenbach] hɔ sɛ, yɛn bɔne nti na Kristo wui prɛko.” (1 Petro 3:18) Zwingli behui sɛ, Yesu agyede no nko ara na yɛnam so nya bɔnefakyɛ. Ɛno nti, asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛka sɛ, sɛ obi tua sika ma asɔre mpanyimfo no a, wɔbetumi de ne bɔne akyɛ no no, Zwingli annye anni bio. (Asomafo Nnwuma 8:20) Nanso Zwingli toaa ne nhomasua so, na ɔbɛyɛɛ Katolek sɔfo bere a na wadi mfe 22.

 Bere a Zwingli dii mfe 20 ne akyi no, ɔno ara suaa Greek kasa na watumi ate tete kasa a wɔde kyerɛw nea nkurɔfo taa frɛ no Apam Foforo no ase. Afei nsɛm a Erasmus kyerɛwee no, osuae, na obehui sɛ Yesu nko ara na ɔyɛ Onyankopɔn ne nnipa Ntamgyinafo. (1 Timoteo 2:5) Ɛno nti, Katolekfo nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ, obi betumi afa ahotefo so ne Onyankopɔn akasa no, Zwingli adwene mu fii ase yɛɛ no nãã wɔ ho.

 Bere a Zwingli dii bɛyɛ mfe 30 rekɔ no, mmɔden a na ɔrebɔ sɛ obehu nokware no, omiaa mu. Emu hɔ no, na aman bi a ɛwɔ Europe reko sɛnea ɛbɛyɛ a Italy man no bɛba abedi wɔn nsam, na saa bere no, na Zwingli yɛ asogyafo sɔfo. Afe 1515, bere a Marignano ko no rekɔ so no, Zwingli huu Katolekfo a wɔrekunkum Katolekfo mpempem pii. Mfe kakra bi akyi no, Zwingli de ne nsa kyerɛw Greek Kyerɛwnsɛm no bi, na ɔkyeree emu nsɛm dodow no ara guu ne tirim mpo. Eduu afe 1519 no, na Zwingli te Zurich kurow a na edi tintimman wɔ Switzerland amanyɔsɛm mu no mu. Bere a ɔwɔ hɔ no, nkakrankakra obehui sɛ nkyerɛkyerɛ a emfi Bible mu no, ɛnsɛ sɛ Asɔre no de kyerɛkyerɛ nkurɔfo. Nanso na ɔbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo ma wɔanya saa ntease no bi?

“Nkyerɛkyerɛ Wei De Yɛntee Bi Da”

 Ná Zwingli gye di sɛ, sɛ nkurɔfo te Bible mu nokwasɛm a, wɔbɛtwe wɔn ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ho. Enti bere a ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo wɔ Grossmünster asɔre a agye din wɔ Zurich no, ɔde asɛm bi a nkurɔfo nhwɛ kwan too gua de fii ne nkyerɛkyerɛ no ase. Ɔkaa sɛ: Nhoma bi a ɛwɔ Latin kasa mu a mfe pii ni, asɔfo no kenkan no daa kyerɛ asɔremma no, (nea wɔfrɛ no lectionary b no), ɔno de ɔrenkenkan nkyerɛ asɔremma bio. Mmom ɔbɛka asɛmpa no afi Bible mu tẽẽ, fi ahyɛase kosi awiei, na wakyerɛkyerɛ eti biara mu. Ná ɔbɛma Kyerɛwnsɛm no ankasa akyerɛkyerɛ ne ho mu sen sɛ ɔde “Asɔre Agyanom” no adwenkyerɛ bɛkyerɛkyerɛ mu. Enti nea ɔyɛe ne sɛ, ɔde kyerɛwnsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛɛ nea asete yɛ den mu.—2 Timoteo 3:16.

Sergio Azenha/Alamy Stock Photo

Grossmünster asɔre a ɛwɔ Zurich no

 Zwingli nkyerɛkyerɛ mu no, ɔboaa nkurɔfo ma wɔhuu sɛ, Bible yɛ nhoma a wɔbetumi de abɔ wɔn bra ma asi wɔn yiye. Sɛnea Bible ka sɛ yɛmmɔ yɛn bra no, ɔde kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo, na ɔkyerɛkyerɛe sɛ, ɛnsɛ sɛ nkurɔfo som Yesu maame Maria. Afei nso, ahotefo a wɔbɔ wɔn mpae, sika a nkurɔfo tua sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn, ne brabɔne a asɔfo no bu no, ɔkasa tiae. Bere a nkurɔfo tiee ne nkyerɛkyerɛ no, dɛn na wɔyɛe? Da a edi kan a ɔkyerɛkyerɛe no, owiei no ebinom kaa sɛ: “Nkyerɛkyerɛ wei de yɛntee bi da.” Abakɔsɛm kyerɛwfo bi nso kaa biribi faa Katolekfo a wɔbetiee Zwingli nkyerɛkyerɛ no ho. Ɔkaa sɛ: “Wɔn a asɔfo no nsɛnhunu a wɔdi ne wɔn bra a asɛe no yɛɛ wɔn abofono ma wɔgyaee asɔrekɔ no san bae.”

 Afe 1522 no, asɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma amanyɔfo a ɛwɔ Zurich no aboa wɔn ama wɔasi nkurɔfo kwan na wɔanyɛ biribiara a etia asɔre no nkyerɛkyerɛ. Ɛno nti wɔbɔɔ Zwingli sobo sɛ watew atua atia asɔre no. Nanso na Zwingli nyɛɛ n’adwene sɛ ɔrebegyae ne gyidi mu, enti ɔgyaee asɔfodi wɔ Katolek asɔre no mu.

Dɛn Na Zwingli Yɛe?

 Ná Zwingli nyɛ ɔsɔfo bio, nanso na ɔda so ara ka Bible mu asɛm kyerɛ nkurɔfo, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma afoforo agye ne nkyerɛkyerɛ atom. Zwingli nkyerɛkyerɛ no nti, obegyee din wɔ ɔmanfo no mu, enti ɔkasa a, na Zurich amanyɔfo no tie. Tumi a Zwingli benyaa wɔ amanyɔfo no so nti, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsakra ɔsom a ɛwɔ Zurich no mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, afe 1523 mu no, ɔyɛe ara ma Zurich mpanyimfo a wɔhwɛ atemmu so no baraa ɔsom nkyerɛkyerɛ biara a emfi Kyerɛwnsɛm no mu. Afe 1524 no, ɔyɛe ara ma wɔhyɛɛ mmara sɛ, obiara a ɔsom bosom no, wato mmara. Ɔman mpanyimfo no sɛee afɔremuka, ahoni, mfoni, ne nneɛma afoforo pii a nkurɔfo som. Nea wɔyɛe no, na asɔfo a ɛwɔ kurow no mu ne ɔmanfo no taa wɔn akyi. Nhoma a yɛato din Zwingli—God’s Armed Prophet no kaa nea esii no ho asɛm sɛ, “Sɛnea Vikingfo wiawiaa nneɛma wɔ asɔrefie no pa ho a, nsɔrensɔre a ɛka boom bɛyɛɛ Roma Katolek Asɔre no abakɔsɛm mu no, na wɔnhyɛɛ da nsɛee ɔsom mu nneɛma saa da.” Eduu afe 1525 no, adan a na ɛyɛ asɔre no dea no, ɔyɛ maa aban mpanyimfo danee no ayaresabea, na wɔmaa Roman Sistafo ne Roma Katolekfo mmarima bi a wɔbɔ wɔn bra te sɛ Roman Sistafo (nea wɔfrɛ wɔn monk no) kwan sɛ wɔnware. Ɔkaa nso sɛ, Mass a wɔyɛ no, wɔnsesa no, na wɔnyɛ biribi tiawa bi mfa nkae Yesu wu no, sɛnea ɛte wɔ Bible mu no. (1 Korintofo 11:23-25) Abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ, nea Zwingli yɛe no kaa Zurich asɔfo ne amanyɔfo boom, na ɛbɔɔ kwan maa Ɔsom Mu Nsakrae Kɛse No ne Protestant som foforo a eyii ne ti no.

Zurich Bible a wɔyɛe wɔ afe 1536 mu no. Ɛwɔ Yehowa Adansefo Wiase Nyinaa Adwumayɛbea Ti a ɛwɔ Warwick, New York

 Adwuma a ehia paa a Zwingli yɛe ne Bible a ɔkyerɛɛ ase no. Bɛyɛ afe 1520 kosi afe 1529 mu hɔ no, ɔne animdefo bi fii ase kyerɛɛ Bible no ase. Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ tete Hebri ne Greek kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu, Greek Septuagint no, ne Latin Vulgate no na wɔhwɛɛ so yɛɛ wɔn nkyerɛase no. Kwan a na wɔfa so kyerɛ Bible no ase no, na ɛnyɛ kyenkyenenn. Wɔfa nkyekyɛm biara a, na wɔakenkan afi tete Hebri ne Greek Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔwie a na wɔahwɛ sɛnea Bible afoforo a edi mu nso kyerɛ ase. Afei na wɔasusuw ho ahwɛ nea nkyekyɛm no kyerɛ, na nea wɔbehu no, na wɔakyerɛw ato hɔ. Mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu na wɔakyerɛ ase no, nea efii mu bae ne sɛ, afe 1531 no, wɔtintim Zurich Bible a ɛbom baako no.

 Ɛwom sɛ na Zwingli wɔ koma pa, nanso na onnye afoforo adwenkyerɛ ntom, na na n’ani so yɛ hyew. Ɛho nhwɛso ni: Afe 1525 mu no, Anabaptistfo a na wɔne no nyɛ adwene sɛ wɔmmɔ mmofra asu no, Zwingli ka ho bi na wɔdii wɔn asɛm. Akyiri yi, bere a kɔɔto ahorow dii wɔn a wɔmpene so sɛ wɔmmɔ mmofra asu asɛm na wɔbuaa wɔn kumfɔ no, Zwingli ankasa antia atemmu a ano yɛ hyew no. Afei nso, ɔhyɛɛ aban mpanyimfo kutupa sɛ wɔmma asraafo nhyɛ nkurɔfo mma wɔnsesa wɔn gyidi. Nanso Switzerland amantam pii a ɛhɔfo yɛ Katolekfo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ no ampene nsakrae a na ɔpɛ sɛ ɔde ba no so. Wei maa ɔman no mufo twaa wɔn ho koe. Bere a na asogyafo fi Zurich rekɔ akono no, Zwingli kaa wɔn ho kɔe, na okowui wɔ hɔ bere a na wadi mfe 47.

Nea Wɔde Kae Zwingli

 Ɛwom sɛ Protestantfo Martin Luther ne John Calvin agye din sɛ wɔn paa na wɔde Ɔsom Mu Nsakrae Kɛse No bae de, nanso yɛreka saa abakɔsɛm no a, yɛrentumi nka nnyaw Huldrych Zwingli. Nneɛma a na Roma Katolek asɔre no kyerɛkyerɛ no, Zwingli twee ne ho fii ho koraa sen sɛnea Luther yɛe no, na nea Zwingli yɛe no na ɛprapraa kwan mu maa Calvin. Wei nti wɔfrɛ Zwingli Ɔbarima a Ɔtɔ So Mmiɛnsa a Ɔka Ho Ma Wɔde Ɔsom Mu Nsakrae Kɛse No Bae.

 Nneɛma a Zwingli yɛe no, ná ebi yɛ papa, na na ebi nso ntwa yiye. Ɔde ne ho hyɛɛ amanyɔsɛm ne akodi mu fee sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii begye ne nkyerɛkyerɛ atom. Wei mu no, Zwingli antumi ansuasua Yesu Kristo. Yesu de, wamfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn atamfo; wanka sɛ wɔnkum wɔn.—Mateo 5:43, 44; Yohane 6:14, 15.

 Ne nyinaa mu no, ade baako a wɔde kae Zwingli paa ne sɛ, na ɔyɛ obi a ɔyere ne ho sua Bible na ɔde ahokeka ka nea wasua no kyerɛ nkurɔfo. Ohuu Bible mu nokwasɛm pii, na ɔboaa afoforo ma wɔn nso behuu bi.

a Ná asɔre no kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na owu a, ɔkɔ ahodwiragya mu, na asɔre no mpanyimfo betumi aka asɛm bi ama atew asotwe a obenya no so anaa ayi asotwe a obenya no afi hɔ koraa.

b Lectionary yɛ nhoma bi a wɔahyɛ da apaw kyerɛwnsɛm bi akyerɛw agu mu. Ɛyɛ a wɔkenkan kyerɛ asɔremma no afe mu no nyinaa.