Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Amammɔsɛm To Betwa?

Enti Amammɔsɛm To Betwa?

 Sɛ amammɔfo to hyɛ ɔman bi so a, ebia nea wubebisa ne sɛ: ‘Enti Onyankopɔn dwen yɛn ho? Adɛn nti na weinom rekɔ so saa? Enti amammɔsɛm a to betwa? Sɛnea ehu ahyɛ me ma yi, mɛyɛ dɛn atena wiase?’ Saa nsɛmmisa yi nyinaa, Bible ma yenya ɛho mmuae a ɛtɔ asom.

Amammɔsɛm—Onyankopɔn hu no sɛn?

 Onyankopɔn kyi awudisɛm ne amammɔsɛm. (Dwom 11:5; Mmebusɛm 6:16, 17) Bere bi, Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn nanmusini no, n’asuafo no dii awudisɛm bi, na otwiw wɔn anim. (Mateo 26:50-52) Ebinom ka sɛ Onyankopɔn din na wɔde di awudisɛm, nanso Onyankopɔn nsomaa wɔn. Wɔn mpae mpo, ontie.—Yesaia 1:15.

 Onyankopɔn dwen wɔn a wohu amane no nyinaa ho, na wɔn a amammɔfo awurukasɛm aka wɔn no, wɔn nyinaa nso, odwen wɔn ho. (Dwom 31:7; 1 Petro 5:7) Bible ma yehu sɛ, Onyankopɔn bɛyɛ biribi de ayi awudisɛm afi hɔ.—Yesaia 60:18.

Nea ɛkɔfaa amammɔsɛm bae

 Bible ma yehu nea ɛkɔfaa amammɔsɛm bae. Ɛka sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Wohwɛ nnipa asetenam nyinaa a, wubehu sɛ wɔn a wɔwɔ tumi no de ahunahuna na ɛhyɛ nnipa so, na nhyɛso no nti, ebinom nso di amammɔsɛm ma yehu sɛ wɔn nso wɔ hɔ.—Ɔsɛnkafo 7:7.

Amammɔsɛm bɛba awiei

 Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi ehu ne awudisɛm afi asaase so na ɔde asomdwoe aba. (Yesaia 32:18; Mika 4:3, 4) Saa bere no, Onyankopɔn:

  •   Beyi nea ɛkɔfaa amammɔsɛm bae no afi hɔ. Onyankopɔn beyi nnipa aban afi hɔ na ɔde n’aban abedi wiase so. Yesu Kristo na obedi Onyankopɔn aban no so. Ɔno de, ɔde trenee bedi obiara asɛm ama no, na wayi nhyɛso ne awudisɛm afi hɔ. (Dwom 72:2, 14) Saa bere no, obiara renni amammɔsɛm bio. Nnipa ‘begye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:10, 11.

  •   Bɛyɛ nneɛma bɔne a amammɔsɛm de aba no nyinaa yiye. Nsunsuanso a amammɔsɛm de abɛto nnipa so no, Onyankopɔn beyi afi hɔ. Sɛ ɛyɛ dɛm na obi adi oo, sɛ ehu na abɛhyɛ ne mu oo, ne nyinaa Onyankopɔn beyi afi hɔ. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:3, 4) Awufo mpo, wahyɛ bɔ sɛ obenyan wɔn asan aba nkwa mu ama wɔabɛtena asaase so asomdwoe mu.—Yohane 5:28, 29.

 Bible ma yenya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛkeka ne ho. Nanso, ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Adɛn nti na dedaadaw yi Onyankopɔn nyii amammɔsɛm mfii hɔ?’ Sɛ wopɛ sɛ wunya ho mmuae a, hwɛ video a yɛato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

a Sɛ yɛka “amammɔsɛm” a, ɛtaa kyerɛ awudisɛm a wɔde hunahuna temanmufo anaa temanmufo a wodi wɔn awu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ehu bɛhyɛ wɔn mu na wɔasesa aban, nyamesom, anaa biribi wɔ ɔmanfo asetenam. Nanso, biribi wɔ hɔ a, ɛnyɛ obiara na obegye atom sɛ ɛno nso yɛ amammɔsɛm.