Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wohwɛ a, Dɛn na Ebesi Daakye?

Wohwɛ a, Dɛn na Ebesi Daakye?

Wiase a yɛte mu yi, . . .

  • ɛbɛyɛ sɛnea ɛte yi ara?

  • ɛbɛsɛe bi aka ho?

  • ɛbɛyɛ yiye?

NEA BIBLE AKA

‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’ —Adiyisɛm 21:3, 4, Wiase Foforo Nkyerɛase.

ƆKWAN BƐN SO NA ƐBƐBOA WO?

Wubenya adwumapa ayɛ ama w’ani agye.—Yesaia 65:21-23.

Ɔyare ne amanehunu nyinaa befi hɔ.—Yesaia 25:8; 33:24.

Wo ne wo nnamfonom ne w’abusuafo bɛtena ase daa, na mo ani begye.—Dwom 37:11, 29.

ENTI NEA BIBLE AKA YI YƐ AMPA?

Nneɛma abien yi nti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ampa:

  • Onyankopɔn wɔ tumi, enti ɔhyɛ bɔ a, obetumi ama aba mu. Yehowa Nyankopɔn nko ara na Bible frɛ no “ade nyinaa so Tumfoɔ,” efisɛ ne tumi kyɛn tumi biara. (Adiyisɛm 15:3) Ɛno nti obetumi ama wiase a yɛte mu yi ayɛ foforo; ɛnso no yɛ koraa. Bible aka sɛ: “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” —Mateo 19:26.

  • Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma ne bɔhyɛ ba mu. Ade biako a ɛma yehu saa ne sɛ Yehowa aka sɛ ɔbɛma ‘n’ani agyina’ wɔn a wɔawuwu no na ɔde wɔn aba nkwa mu bio.—Hiob 14:14, 15.

    Afei Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn Ba, Yesu, saa ayarefo yare. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Efisɛ na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ. (Marko 1:40, 41) Yesu te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ, enti na ɔno nso wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wɔn a wohia mmoa no.—Yohane 5:19.

    Enti ɛda adi pefee sɛ Yehowa ne Yesu nyinaa pɛ sɛ wɔboa yɛn ma yenya anigye daakye!—Dwom 72:12-14; 145:16; 2 Petro 3:9.

HWƐ ASƐMMISA YI

Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so ayɛ wiase a yɛte mu yi foforo?

Bible ma saa asɛm no ho mmuae wɔ MATEO 6:9, 10 ne DANIEL 2:44.

Wubetumi aka ama obi aba wo nkyɛn anaa wubetumi atwe nhoma no bi afi www.pr418.com.