Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu?

Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu?

W’adwene yɛ wo sɛ ɛyɛ . . .

  • ɔdɔ?

  • sika?

  • biribi foforo?

NEA BIBLE AKA

“Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28, Wiase Foforo Nkyerɛase.

ƆKWAN BƐN SO NA ƐBƐBOA WO?

Ɛbɛma moanya ɔdɔ kann.​—Efesofo 5:28, 29.

Ɛbɛma moanya obu a edi mu.​—Efesofo 5:33.

Ɛbɛma biakoyɛ atena mo ntam.​—Marko 10:6-9.

ENTI NEA BIBLE AKA YI YƐ AMPA?

Nneɛma abien yi nti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ampa:

  • Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua. Bible ka sɛ “abusua biara . . . nya ne din” wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. (Efesofo 3:14, 15) Nea ɛno kyerɛ ne sɛ, Yehowa na ɔde abusua baa wiase. Adɛn nti na asɛm yi ho hia?

    Fa no sɛ woanya aduan a ɛyɛ dɛ bi redi na wopɛ sɛ wuhu nneɛma a wɔde yɛɛ aduan no. Hena na anka wubebisa no? Ɛnyɛ nea ɔyɛɛ aduan no?

    Enti sɛ yebehu nneɛma a ɛma anigye ba abusua mu a, gye sɛ yebisa Yehowa, efisɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ abusua.—Genesis 2:18-24.

  • Onyankopɔn dwen wo ho. Bible mu na Yehowa afotu wɔ, na sɛ abusua biara pɛ sɛ esi wɔn yiye a, ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma. Adɛn ntia? ‘Efisɛ odwen wɔn ho.’ (1 Petro 5:6, 7) Yehowa pɛ mo yiye paa, na n’afotu nso nni huammɔ da!—Mmebusɛm 3:5, 6; Yesaia 48:17, 18.

HWƐ ASƐMMISA YI

Wobɛyɛ dɛn ayɛ okunu pa anaa ɔyere pa, agya pa anaa ɛna pa?

Bible ma saa asɛm no ho mmuae wɔ EFESOFO 5:1, 2 ne KOLOSEFO 3:18-21.