Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mpae Bi Wɔ Hɔ a Onyankopɔn Ntie​—Adɛn Ntia?

Mpae Bi Wɔ Hɔ a Onyankopɔn Ntie​—Adɛn Ntia?

Nea Bible ka

 Mpae bi wɔ hɔ a, Onyankopɔn ntie. Nneɛma mmienu a edidi so yi nti, sɛ obi bɔ mpae a, Onyankopɔn rentie:

1. Mpae no ne Onyankopɔn apɛde nhyia

 Sɛ obi bɔ mpae, na sɛ ne mpaebɔ no ne Onyankopɔn apɛde anaa n’akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no nhyia a, Onyankopɔn rentie. (1 Yohane 5:14) Sɛ nhwɛso no Bible ka sɛ yɛnkwati adifudepɛ. Kyakyatow piapia nkurɔfo ma wɔbɛyɛ adifudepɛfo. (1 Korintofo 6:​9, 10) Enti sɛ wobɔ mpae sɛ Onyankopɔn mma wunni loto a, ɔrentie. Onyankopɔn nyɛ obi a wubetumi asomasoma no kɛkɛ ma wayɛ nea wopɛ ama wo. Ɛno ma yɛn koma tɔ yɛn yam, efisɛ sɛ Onyankopɔn yɛ nea obiara pɛ ma no a, anka nea ebinom bɛka sɛ Onyankopɔn nyɛ no bɛyɛ hu.​—Yakobo 4:3.

2. Nea ɔrebɔ mpae no aso yɛ den

 Wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden no, ontie wɔn mpaebɔ. Ɛho nhwɛso baako ni: Bere bi, ná ebinom ka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔkɔɔ so ara yɛɛ asoɔden. Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ motrɛw mo nsam a, miyi m’ani hintaw mo. Mo mpae dodow no nyinaa mintie, efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.” (Yesaia 1:15) Sɛ wɔsesaa wɔn akwan ‘totoo nneɛma yiye’ ma wɔne Onyankopɔn ntam yɛɛ papa a, anka obetie wɔn mpaebɔ.​—Yesaia 1:18.