Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Wobɛyɛ Dɛn Agye Afotuo Atom?

Wobɛyɛ Dɛn Agye Afotuo Atom?

ƆHAW NO

“Sɛ obi tu wo fo a, nea ɛkyerɛ araa ne sɛ woreyɛ biribi a ɛnyɛ. Obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ, ‘Ɔno deɛ animka yɛ no dɛ!’”—Amy, 17. *

Sɛ obi ntie afotuo a, ɔte sɛ wimhyɛnkafo a ontie akwankyerɛ. Obetumi anya akwanhyia.

Sɛ w’awofo, w’atikyafo anaa mpanyimfo afoforo tu wo fo a, wo bo fu? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi bɛboa wo paa.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Onipa biara ntraa afotuo.

“Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.”—Yakobo 3:2.

“Sɛ woyɛ biribi a ɛnyɛ na obi tene wo so a, ɛnyɛ aniwu.”—Jessica.

Yɛtene wo so a, ɛnkyerɛ sɛ woyɛ nipahunu.

“Nea Yehowa * dɔ no na ɔka n’anim, sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.”—Mmebusɛm 3:12.

“Sɛ obi ka m’anim a, mihu sɛ ɛgyee animia paa ansa na ɔreba m’anim, na ɔdɔ me nti na otuu me fo. Eyi na mede m’adwene si so.”—Tamara.

Ntenesoɔ betumi ama woahu nyansa.

“Tie nteɛso na hu nyansa, na mmu w’ani ngu so da.”—Mmebusɛm 8:33.

“Ntenesoɔ bɛboa ma woanyin ayɛ panyin pa. Ebebue w’ani ma woahu sɛnea nkurɔfo bu wo. Afei nso sɛ woreyɛ anya subammɔne bi a, ntenesoɔ bɛboa wo ma woayi no akwa.”—Deanne.

NEA WUBETUMI AYƐ

Fa adwempa tie. Obi tu wo fo a, ebia ɛrenyɛ wo abodwo. Nanso nni wo koma akyi. Ɛne sɛn? Fa no sɛ wo na wode afotuo koro no ara rema obi, ebi mpo a wo nua ketewa. Wofa no saa a, wubehu sɛ ɛyɛ afotu pa. Afei san hwɛ afotuo a onipa no de rema wo no, na fa saa adwene no ara tie.—Bible mu nnyinasosɛm: Ɔsɛnkafo 7:9.

“Obi retu wo fo a, anhwɛ a wo bo befu araa ma wonkae mpo sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wuhu nyansa na ɛnyɛ sɛ ɔrehyɛ wo abofuo.”—Theresa.

Brɛ wo ho ase. Sɛ yɛretu wo fo a, nyɛ ahantan nsisi w’aso. Nanso hwɛ na w’abam ammu anka sɛ wo so nni mfaso biara. Sɛ wobrɛ wo ho ase a, wunsisi w’aso afotu ho, na wummu wo ho abomfiaa. Kae sɛ: Ntenesoɔ bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ wo ya sɛ kuro, nanso ɛno na wuhia paa. Enti sɛ wobu nnua gu w’asom na woantie a, wobɛhwere ade kɛse.—Bible mu nnyinasosɛm: Mmebusɛm 16:18.

Ntenesoɔ bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ wo ya sɛ kuro, nanso ɛno na wuhia paa

“Ntenesoɔ ayɛ kokuromoti a yɛnsan ho mmɔ pɔ; wuntumi nkwati nnyin nyɛ panyin pa. Sɛ yɛantie ntenesoɔ amfa anyɛ adwuma a, yɛn ara na yɛbɛyɛ yɛn ho aborɔ.”—Lena.

Nyɛ bonniayɛ. Sɛ obi tu wo fo na anyɛ wo dɛ mpo a, nyi no bonniayɛ; da no ase. Kae sɛ, onipa no pɛ w’asɛm paa, na ɔpɛ sɛ esi wo yiye daakye.—Bible mu nnyinasosɛm: Dwom 141:5.

“Sɛ woyɛ biribi na obi tu wo fo a, da no ase. Sɛ wonyɛɛ hwee na otuu wo fo mpo a, ma w’ani nnye na da no ase sɛ otutuu ne nan baa w’anim.”—Carla.

^ nky. 4 Ebi wɔ hɔ a ɛnyɛ wɔn din ankasa ne no.

^ nky. 11 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.