Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 2

M’ani Nnye Sɛnea Mete Ho—Adɛn Ntia?

M’ani Nnye Sɛnea Mete Ho—Adɛn Ntia?

NEA ENTI A EHIA

Ahwehwɛ nni atoro, nanso nneɛma pii wɔ hɔ a yenhu wɔ ahwehwɛ mu.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Sɛ Julia hwɛ ahwehwɛ mu a, nea ohu ara ne obolo. Obisa ne ho sɛ, “Kɛseɛ wei deɛ mede rekɔ he? Ɛsɛ sɛ me so tew.” Nanso daa nea n’awofo ne ne nnamfo ka ne sɛ ɔyɛ “hweaa.”

Biribiara a Julia bɛyɛ ama ne so atew no ɔbɛyɛ. Nnansa yi koraa deɛ, nea abɛtɔ mu ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyen ne ho kɔm . . .

Wone Julia a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

Ebia wubehu wo ho te sɛ obi a ogyina ahwehwɛ bɔne anim

Obiara pɛ sɛ ne ho yɛ fɛ, enti biribi saa hia wo a, ne kwan so a. Bible koraa ka sɛ na Sara, Rahel, Abigail, Yosef, ne Dawid yɛ nnipa a wɔn ho yɛ fɛ. Bible san ka sɛ na ababaa bi a ne din de Abisag “ho yɛ fɛ papa.”—1 Ahene 1:4.

Nanso mmabun bi wɔ hɔ a ahoɔfɛ hia wɔn dodo. Wei tumi de ɔhaw pii ba. Wo deɛ hwɛ:

  • Wobisabisaa mmaayewa bi nsɛm, na wɔn mu ɔha mu nkyekyɛm 58 kaa sɛ wɔsoso. Nanso wohwɛ mu paa a, wɔn mu ɔha mu nkyekyɛm 17 na yebetumi aka sɛ wɔso ampa.

  • Wɔyɛɛ nhwehwɛmu foforo, na wohuu sɛ mmea ɔha mu nkyekyɛm 45 yɛ hweaa, nanso na ɛyɛ wɔn sɛ wɔso dodo.

  • Ebinom suro sɛ wɔbɛyɛ kɛse enti wɔmpɛ sɛ wɔn ani bɛbɔ aduan so mpo. Wɔkyen wɔn ho kɔm ma ɛtɔ da a na ayɛ owu ne nkwa asɛm.

Sɛ wusuro sɛ wobɛyɛ kɛse nti worekyen wo ho kɔm a, kae sɛ ɛyɛ biribi a ɛyɛ hu, enti hwehwɛ mmoa. Wo ne w’awofo anaa ɔpanyin a wubetumi aka w’asɛm akyerɛ no mmɔ ho nkɔmmɔ. Bible ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.”—Mmebusɛm 17:17.

DƐN PAA NA ƐSƐ SƐ WODE W’ADWENE SI SO?

Yɛreka paa a, sɛ nkurɔfo bɛpɛ w’asɛm oo, wɔrempɛ w’asɛm oo, ne nyinaa gyina wo suban so. Wo deɛ yɛmfa Dawid ba Absalom nyɛ nhwɛso. Bible ka sɛ:

‘Obiara nni hɔ a na ne ho yɛ fɛ sɛ Absalom. Na dɛm biara nni ne ho.’2 Samuel 14:25.

Nanso na ɔyɛ onipabɔnefo a ahantan ne akɛsesɛm adidi ne mu. Ɛno nti Bible nka Absalom ho asɛmpa koraa. Nea yehu ara ne ɔbarima kontomponi a awudisɛm ahyɛ no ma.

Bible afotu yi fata paa:

“Monhyɛ nipasu foforo.”Kolosefo 3:10.

‘Mommma mo ahosiesie nnyɛ nnipa ani so de, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw.’1 Petro 3:3, 4.

Ɛwom, ɛnyɛ bɔne sɛ obi bɛma ne ho ayɛ fɛ, nanso suban pa ho hia sen ahoɔfɛ koraa. Yɛreka a yɛreka yi, wo suban pa na ɛbɛma nkurɔfo apɛ w’asɛm, na ɛnyɛ wo tenten ne wo kɛse anaa w’animdua. Abaayewa bi a yɛfrɛ no Felicia kae sɛ: “Ahoɔfɛ twetwe nkurɔfo ba wo nkyɛn, nanso wo suban na yɛde bɛkae wo.”

WUHU WO HO SƐN?

Wohwɛ ahwehwɛ mu a, ɛyɛ a wo werɛ how?

Wopɛ sɛ wo ho yɛ fɛ nti, ɛwom a ɛyɛ wo sɛ kyen wo yam kɔm anaa mpo kɔyɛ oprehyɛn fa sesa wo honam?

Wubetumi asesa biribi wɔ wo ho a, anka dɛn na wobɛsesa? (Hwɛ nea ɛfa wo ho na sɛlɛt.)

  • WO TENTEN

  • WO KƐSE

  • WO TI NHWI

  • WO NIPADUA

  • W’ANIM

  • WO HONAM ANI

Nsɛmmisa mmienu a edi kan no, wokaa aane? Nea etwa to no nso wosɛlɛtee mmiɛnsa anaa nea ɛboro saa? Ɛnde hyɛ wei nsow: Ebetumi aba sɛ sɛnea wuhu wo ho no, ɛnyɛ saa koraa na nkurɔfo hu wo. Woanhwɛ yiye a, wubedi ahoɔfɛ akyi adwennwen ahaw wo ho anaa wobɛyɛ biribi apira wo ho kwa.1 Samuel 16:7.