Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Sɛnea Wobɛdi W’abufuo So

Sɛnea Wobɛdi W’abufuo So

ƆHAW NO

“Meteaam guu me nuabaa so, na mede abufuo buee pono ma ɛkɔpem dan no tuu hɔ tokuro. Ɛfi saa da no mehu tokuro no a na akae me sɛ medii nkwadaasɛm.”​—Diane. *

“Me bo fuu me papa na meteaam sɛ, ‘Ɛyɛ me ya sɛ me papa ne wo!’ na mekaa pono hwee mu. Mehuu sɛ asɛm no kɔɔ me papa ho paa. Afei na me se afem, na mehuiɛ a anka manka, nanso na aka akyi.”​—Lauren.

Nea ɛtoo Lauren ne Diane yi bi ato wo pɛn? Sɛ saa a, ɛnneɛ asɛm a ɛdi so yi bɛtumi aboa wo.

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Koko bɔne ne animguaseɛ na ɛnam. Ababaa bi a ɔde Briana a seesei wadi mfie 21 kaa sɛ: “Berɛ bi a atwam no na me koko nyɛ, nanso na ɛyɛ me sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfoɔ fa me saa ara. Afei mehuu sɛ, sɛ nkurɔfoɔ bo fu a, wɔn anim nyɛ fɛ koraa, na ɛno kaa biribi kyerɛɛ me. Ɛma mehuu sɛ me nso me bo fu a, saa na afoforɔ hu me!”

Bible ka sɛ: “Deɛ ne bo nkyɛre fuo di nkwaseasɛm.”​—Mmebusɛm 14:17.

Sɛnea bepɔ bi pae a nkurɔfoɔ dwane no, saa na sɛ obi koko pae a amanfoɔ dwane

Koko bɔne bɛpam nkurɔfoɔ afi wo ho. Daniel adi mfie 18 na ɔkaa sɛ: “Sɛ wo bo fu a, wo nidie so te, na ɛmma nnipa mmu wo.” Elaine nso adi mfie 18 na ɔka foaa so sɛ: “Abufuo nyɛ fɛ, mmom ɛma nkurɔfoɔ suro wo.”

Bible ka sɛ: “Wo ne obufufafoɔ mmfa yɔnkoɔ; na wo ne onipa a ne koko ha no mmmɔ.”​—Mmebusɛm 22:24.

Wobɛtumi ayɛ ho biribi. Sara adi mfie 15 na ɔkaa sɛ: “Nea ɛbɛma wo bo afu deɛ, ɛnyɛ dɛn ara a, ɛbɛba, nanso wobɛtumi ahyɛ wo ho so na woanyɛ biribi a ɛmfata.”

Bible ka sɛ: “Deɛ ne bo kyɛre fuo no yɛ sene dɔmmarima, na deɛ ɔdi ne honhom soɔ yɛ sene deɛ ɔko fa kuro.”​—Mmebusɛm 16:32.

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Fa botaeɛ bi si w’anim. Sɛ́ anka wobɛka sɛ, “Me deɛ saa ara na meteɛ” no, bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo ho berɛ de ayɛ tebea no ho biribi. Wobɛtumi ama wo ho abosome nsia de ahwɛ wo nkɔsoɔ. Berɛ biara a wo bo bɛfu no, twerɛ ho biribi to hɔ: (1) Dɛn na ɛsii? (2) Dɛn na woyɛɛ wɔ ho? (3) Ɔkwan pa bɛn na anka wobɛtumi afa so adi tebea no ho dwuma, na dɛn ntia? Afei berɛ biara a obi bɛyɛ biribi atia wo no, fa yɛ wo botaeɛ sɛ wode nea ɛtɔ so 3 no bɛyɛ adwuma. Nyansahyɛ bi nie: Sɛ obi hyɛ wo abufuo na wotumi di wo ho so a, twerɛ ɛno nso to hɔ! Berɛ a wodii wo ho so no, ɛkaa wo sɛn? Mma wo werɛ mfi sɛ wobɛtwerɛ ɛno nso ato hɔ.​—Bible mu asɛm: Kolosefoɔ 3:8.

Mpere wo ho. Sɛ obi hyɛ wo abufuo a, mma asɛm a ɛbɛdi kan aba w’adwenem no mpue w’ano. Mmom, twɛn na gu ahome. Erik a wadi mfie 15 kaa sɛ: “Sɛ biribi si na megu ahome a, ɛma menya berɛ susu asɛm no ho yie na manka biribi annu me ho akyire yi.”​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 21:23.

Hwɛ tra nea wosusu. Sɛ asɛm bi si na woanhu n’ani so yie a, ebia wobɛfa ho abufuo kwa. Enti ɛyɛ a to wo bo ase na hwɛ afoforɔ nso adwene. Ababaa bi a ɔde Jessica kaa sɛ: “Sɛ obi hyɛ da yɛ adeɛ ma no hye me sɛ dɛn mpo a, mɛhwɛ mu no, na biribi nti na ɔyɛɛ saa, na ɛno ma menya ne ho aboterɛ.”​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 19:11.

Sɛ ɛbɛyɛ yie a, twa so kɔ. Bible ka sɛ: “Ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.” (Mmebusɛm 17:14) Twerɛnsɛm yi ma yɛhu nokwasɛm bi. Sɛ wohu sɛ asɛm bi reyɛ adane akasakasa a, ntɛm ara twa so na kɔ. Nnwene asɛm no ho nha wo; mmom yi w’adwene fi so na pɛ biribi yɛ. Sɛ wokɔ so dwendwene ho a, ɛbɛgya wo tipaeɛ. Ababaa bi a ɔde Danielle kaa sɛ: “Sɛ asɛm bi hyɛ me so na mepue kɔtenetene m’apɔ mu a, ɛboa ma meyi m’adwene fi so.”

Sua sɛ wobɛgyaa nsɛm mu ma aka. Bible ka sɛ: “Mo bo fu a, monnyɛ bɔne. Momma mo nsɛm ntena mo akoma mu . . . na monyɛ komm.” (Dwom 4:4) Hyɛ no nso sɛ mfomsoɔ ankasa nni ho sɛ obi bo bɛfu. Nanso asɛm no ne sɛ, wo bo fu a, dɛn na woyɛ? Aberanteɛ bi a ɔde Richard kaa sɛ: “Sɛ woma afoforɔ nneyɛe hyɛ wo abufuo a, na wɔanya wo so tumi. Enti ɛyɛ a bu w’ani gu asɛm so fa kyerɛ sɛ w’adwene mu abue.” Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wotumi di w’abufuo so sen sɛ wobɛma abufuo no mmom adi wo so.

^ nky. 4 Yɛasesa din no bi.