Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Mateo 6:33—‘Monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan’

Mateo 6:33—‘Monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan’

 “Enti, monkɔ so nhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—Mateo 6:33, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:33, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Mateo 6:33 Kyerɛ

 Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ soro, na ɛno na ɛbɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asaase so. (Mateo 6:9, 10) Nea obi yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔrehwehwɛ Ahenni no kan ne sɛ, ɔbɛma ɛho ahia no asen biribi foforo biara wɔ n’abrabɔ mu. a Ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa no bi ne sɛ ɔbɛyere ne ho asua Onyankopɔn Ahenni no ho ade na waka nneɛma pa a Ahenni no bɛyɛ ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. (Mateo 24:14) Obi a ɔhwehwɛ Ahenni no kan no bɛbɔ mpae nso sɛ ɛmmra.—Luka 11:2.

 Onyankopɔn trenee no bi ne n’akwankyerɛ a ɛfa papa ne bɔne ho. (Dwom 119:172) Enti sɛ obi pɛ sɛ ɔhwehwɛ Onyankopɔn trenee a, ɛsɛ sɛ ɔde Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho no yɛ adwuma. Sɛ ɔde yɛ adwuma nso a, obehu sɛ mfaso wɔ so bere nyinaa.—Yesaia 48:17.

 Ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo. Saa asɛm yi yɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ obiara a ɔde Onyankopɔn Ahenni ne n’akwankyerɛ bedi kan no, ɔbɛma no nea ohia.—Mateo 6:31, 32.

Mateo 6:33 Ho Nsɛm

 Asɛm a Yesu kaa wɔ Mateo 6:33 no, ɛka nsɛm a ɔkaa wɔ nea yɛtaa frɛ no Bepɔw So Asɛnka mu no ho. Saa nsɛm no wɔ Mateo ti 5-7. Wɔn a na wɔretie Yesu no, yebetumi aka sɛ na ahia wɔn mu bebree. Ebetumi aba sɛ na adwene a wokura ne sɛ ade a ɛsɛ sɛ ehia wɔn paa ne adwuma a wɔbɛyɛ de ahwɛ wɔn ho, enti na wonnya bere mfa nhwehwɛ Ahenni no. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ani nto fam nhwɛ sɛnea Onyankopɔn hwɛ mmoa ne afifide a wabɔ no. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obiara a ɔde n’Ahenni no bedi kan no, saa ara na ɔbɛhwɛ ɔno nso.—Mateo 6:25-30.

Mateo 6:33 Ho Atosɛm

 Atosɛm: Sɛ obi hwehwɛ Ahenni no a, ɛbɛma wayɛ sikani.

 Nokwasɛm: Yesu kaa sɛ obiara a ɔde Onyankopɔn Ahenni no bedi kan no, ne nsa bɛka nea ohia te sɛ aduan ne ntaade. (Mateo 6:25, 31, 32) Nanso wanhyɛ bɔ sɛ onii no benya ahonyade bebree. Wanka biribiara nso a ɛkyerɛ sɛ sɛ obi nya ahode bebree a, ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ Onyankopɔn ahyira no. Mmom nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no ne sɛ, wɔnhwɛ yiye na wɔankodi ahonyade akyi, efisɛ ɛno mmom bɛma ayɛ den sɛ wɔbɛhwehwɛ Ahenni no kan. (Mateo 6:19, 20, 24) Ɔsomafo Paul yeree ne ho yɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma, nanso ɛtɔ da a na odi hia. Ɔno nso tuu nkurɔfo fo sɛnea Yesu yɛe no. Ɔkaa sɛ wɔnhwɛ yiye na sikapɛ annye wɔn adwene.—Filipifo 4:11, 12; 1 Timoteo 6:6-10.

 Atosɛm: Enhia sɛ Kristofo yɛ adwuma hwɛ wɔn ho.

 Nokwasɛm: Bible se ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ adwuma de hwɛ ne ho ne n’abusua. (1 Tesalonikafo 4:11, 12; 2 Tesalonikafo 3:10; 1 Timoteo 5:8) Yesu anka sɛ n’akyidifo nhwehwɛ Ahenni no nko ara. Mmom ɔkaa sɛ wɔnhwehwɛ Ahenni no kan.

 Sɛ obi hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no kan na sɛ ɔbɔ mmɔden yɛ adwuma hwɛ ne ho a, obetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛboa no ama wanya nea ohia wɔ n’asetenam.—1 Timoteo 6:17-19.

a Asɛm a ɛne sɛ “monkɔ so nhwehwɛ” no, ɛyɛ Greek adeyɛ asɛm bi na wɔkyerɛɛ ase saa, na ɛkyerɛ biribi a wɔtoa so yɛ. Yebetumi akyerɛ ase nso “monhwehwɛ . . . daa.” Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ Ahenni no bere tiaa bi na yegyae, mmom, daa ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn sen biribi foforo biara.