Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo Bu Nhomasua Sɛn?

Yehowa Adansefo Bu Nhomasua Sɛn?

 Sɛnea yebu nhomasua no gyina nea Bible ka so. Sɛnea Yehowa Danseni biara de Bible atete n’ahonim no, ɛno so na ogyina hwɛ sɛnea ɔde Bible afotusɛm te sɛ nea edidi so yi yɛ adwuma. a

 Nhomasua ho hia pa ara

 Nhomasua boa ma yehu “nyansa” na ɛma yenya “adwempa” nso. Bible kamfo su ahorow a ɛtete saa no pa ara. (Mmebusɛm 2:10, 11; 3:21, 22) Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, nea ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no, wɔmfa nkyerɛkyerɛ afoforo. (Mateo 28:19, 20) Wei nti, wɔhyɛ Yehowa Adansefo nkuran sɛ wonsua nhoma sɛnea ɛsɛ. Ebi ne sɛ wobesua akenkan ne akyerɛw yiye, wobesua sɛnea wɔne nkurɔfo bedi nkitaho, b na wɔasua ɔsom ahorow ne aman foforo ho nsɛm.—1 Korintofo 9:20-22; 1 Timoteo 4:13.

 Aban ahorow nso nim mfaso a ɛwɔ nhomasua so. Ɛno nti wɔhyɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ mmofra kɔ mfitiase sukuu ne ntoaso sukuu. Sɛ aban no hyɛ mmara a ɛte saa a, yedi so efisɛ ɛne Bible ahyɛde yi hyia: “Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn [anaa aban] no ase.” (Romafo 13:1) Bio nso, yɛhyɛ yɛn mma nkuran sɛ biribiara a wɔbɛkyerɛ wɔn wɔ sukuu no, wonsua no yiye; ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nhomasua di agorɔ. c Onyankopɔn asɛm ka sɛ: “Biribiara a woreyɛ no, fi wo koma nyinaa mu yɛ no sɛ nea woreyɛ ama Awurade na ɛnyɛ nnipa.”—Kolosefo 3:23, Good News Translation.

 Nhomasua boa ma yetumi hwɛ yɛn mmusua. Bible ka sɛ, “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni mpo.” (1 Timoteo 5:8) Nhomasua betumi aboa yɛn ama yɛde Bible asɛm yi ayɛ adwuma na yɛatumi ahwɛ yɛn mmusua. The World Book Encyclopedia ka sɛ, nhomasua botae titiriw ne sɛ “ɛbɛboa nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔman no benya wɔn so mfaso . . . na ama wɔabɛyɛ adwumayɛfo a wɔboa ma ɔman tu mpɔn.” Sɛ obi sua nhoma anaa adwuma bi yiye ma ne ho kokwaw a, otumi hwɛ n’abusua sen obi a onnim nhoma anaa wansua adwuma bi yiye.—Mmebusɛm 22:29.

 Awofo nso de ntetee ma wɔn mma na ama sɛ wonyin a wɔatumi ahwɛ wɔn ho. Nhomasua betumi aboa pa ara bere a awofo de ntetee a ɛte saa rema wɔn mma no. (2 Korintofo 12:14) Yɛhyɛ awofo nkuran sɛ, sɛ mpo baabi a wɔte no ɛsɛ sɛ wotua sika na ama wɔn mma atumi akɔ sukuu a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Sɛ nso, baabi a wɔte no wɔn amammerɛ mma wɔn kwan sɛ wɔde wɔn mma bɛkɔ sukuu mpo a, yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmoa wɔn mma no mma wonnya nhomasua so mfaso sɛnea ɛsɛ. d Yɛde nyansahyɛ ahorow nso ma awofo na ama wɔatumi aboa wɔn mma wɔ wɔn adesua mu. e

 Ɛsɛ sɛ yɛde adwempa susuw nhomasua ho

 Sɛ yɛrepaw wiase nhomasua a, yɛhwɛ yiye. Bible ka sɛ: “Ogyimfo gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Sɛ yɛn ba bi wie ntoaso sukuu na yɛpɛ sɛ onya ntetee foforo a, yɛde afotusɛm yi yɛ adwuma yiye. Ɛsɛ sɛ yesusuw ho hwɛ sɛ ɛka sɛn na yɛbɛbɔ. Afei nso, ntetee anaa nhomasua no mu biara a ɔbɛpaw no, ɛho hia sɛ yesusuw ho hwɛ sɛ ɛbɛboa no sɛn. Sɛ nhwɛso no, nsaanodwuma so wɔ mfaso, na ennye bere pii na obi de asua awie.

 Onyankopɔn ho nimdeɛ so wɔ mfaso sen wiase nhomasua. Onyankopɔn ho nimdeɛ a yenya fi Bible mu no nte sɛ wiase nhomasua, efisɛ Bible mu asɛm ma yenya nimdeɛ a ɛkɔ daa nkwa mu. (Yohane 17:3) Ɛsan ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra; ɛma yɛte ‘trenee ne atemmu ne teeyɛ ne papayɛ akwan nyinaa ase.’ (Mmebusɛm 2:9) Ɛwom, ɔsomafo Paulo nyaa ntetee a ɛte sɛ nea ɛnnɛ obi akɔ sukuupɔn, nanso ogye toom sɛ ‘Kristo Yesu ho nimdeɛ kyɛn so.’ (Filipifo 3:8; Asomafo Nnwuma 22:3) Saa ara nso na nnɛ, Yehowa Adansefo pii akɔ sukuu akɔ akyiri, nanso wogye di sɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ a wɔanya no so wɔ mfaso kɛse. f

Onyankopɔn ho nimdeɛ boa ma yenya suban pa

 Nhomasua a ɛkɔ akyiri betumi asɛe obi abrabɔ ne ne som

 Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.” (Mmebusɛm 22:3) Yehowa Adansefo te nka sɛ nneɛma a ɛkɔ so wɔ sukuupɔn anaa mmeae ahorow bi a wosua nhoma kɔ akyiri betumi asɛe obi abrabɔ ne ne som. Ɛno nti, Adansefo pii mpɛ sɛ wɔn ankasa anaa wɔn mma de wɔn ho bɛkɔ akɔhyɛ tebea a ɛte saa mu. Wɔte nka sɛ mmeae ahorow a ɛtete saa a wosua nhoma kɔ akyiri no, wɔtaa kyerɛkyerɛ wɔn nneɛma bi a ɛma sukuufo no nya adwene ahorow a ɛmfata te sɛ nea edidi so yi:

  •   Atosɛm: Sika ma obi nya anigye ne ahobammɔ

     Mpɛn pii no, nkurɔfo wɔ adwene bi sɛ, sɛ obi kɔ sukuu kɔ akyiri a, obenya adwuma a ɛbɛma wanya akatua kɛse ayɛ. Wei nti nnipa pii wɔ hɔ a, nea enti a wɔkɔ sukuupɔn ne sɛ ɛbɛma wɔanya sika pii. Ebinom susuw sɛ sika bɛma wɔanya anigye ne ahobammɔ, nanso Bible ma yehu sɛ ɛnyɛ nokware. (Ɔsɛnkafo 5:10) Nea enye koraa no, Bible kyerɛkyerɛ sɛ “sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini,” na mpɛn pii no, ɛsɛe obi gyidi. (1 Timoteo 6:10) Yehowa Adansefo yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔremma “ahonyade” nnaadaa wɔn.—Mateo 13:22.

  •   Atosɛm: Ɛsɛ sɛ obi kɔ sukuu kɔ akyiri na otumi gye din

     Sɛ nhwɛso no, bere a kan Georgia aban panyin bi a ne din de Nika Gilauri reka adwene a ne manfo dodow no ara wɔ ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Georgia man no mu de, sɛ yebebu wo a, gye sɛ woakɔ sukuupɔn abɔ digrii. . . . [Kan no,] sɛ aberante anaa ababaa bi ankɔ sukuupɔn ammɔ digrii a, na wobu no sɛ ɛyɛ animguase ma n’abusua.” g Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ wɔ anuonyam a yɛbɛhwehwɛ wɔ wiase mu no ho. Yesu ka kyerɛɛ nyamesom akannifo a na wɔhwehwɛ nnipa anim anuonyam no sɛ: “Mobɛyɛ dɛn na moagye adi bere a mugye anuonyam fi mo ho mo ho nkyɛn?” (Yohane 5:44) Nneɛma a ɛkɔ so wɔ sukuupɔn ahorow mu no betumi ama obi ayɛ ahantan. Ahantan nso de, Onyankopɔn kyi.—Mmebusɛm 6:16, 17; 1 Petro 5:5.

  •   Atosɛm: Ɛsɛ sɛ obi ankasa na ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne

     Yehowa Adansefo gye tom sɛ Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Yesaia 5:20) Nanso, nhoma bi a wɔato din Journal of Alcohol and Drug Education ka sɛ, atipɛnfo nhyɛso a ɛkɔ so wɔ sukuupɔn ahorow mu nti, “nea sukuufo no mu pii nim sɛ ɛyɛ papa ne bɔne mpo, wosisi gyinae ahorow a ɛne no nhyia.” h Nea nhoma yi kae no ne Bible mu afotusɛm yi hyia. Ɛka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Sukuupɔn ahorow mu no, nneyɛe a Onyankopɔn kasa tia taa kɔ so wɔ hɔ, na wɔhyɛ ho nkuran mpo. Saa nneyɛe no bi ne asabow, nnubɔnenom, ne aguamammɔ.—1 Korintofo 6:9, 10; 2 Korintofo 7:1.

  •   Atosɛm: Nhomasua a ɛkɔ akyiri na ɛbɛboa pa ara ama wiase atu mpɔn

     Yenim sɛ wɔn a wosua nhoma kɔ akyiri no mu pii wɔ hɔ a, ɛnyɛ wɔn botae ne sɛ wobenya sika, wobegye din anaa wobegye wɔn ani wɔ ɔkwammɔne so, na mmom wɔpɛ sɛ wɔn asetena tu mpɔn na wɔboa ma wiase no nso tu mpɔn. Adwene a ɛte saa nyɛ bɔne, nanso ɛsono Yehowa Adansefo adwene. Yesuasua Yesu, enti yenim sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayɛ wiase yi yiye. (Mateo 6:9, 10) Nanso nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ yɛayɛ nhwɛhãã retwɛn sɛ Onyankopɔn Ahenni mmeyi wiase haw mfi hɔ. Mmom, te sɛ Yesu no, yɛka “ahenni ho asɛmpa” no wɔ wiase baabiara, na yɛboa nnipa mpempem pii afe biara ma wɔsesa wɔn abrabɔ. iMateo 24:14.

a Yehowa Adansefo mmabun a wɔda so ne wɔn awofo te no tie nea wɔn awofo ka wɔ nhomasua ho, mpɛn dodow a nea wɔka no ntia Onyankopɔn mmara.—Kolosefo 3:20.

b Ɛno nti, yɛayɛ nhoma a yɛde sua akenkan ne akyerɛw bɛboro ɔpepem 11. Ebi ne nhomawa a yɛato din Sua Akenkan ne Akyerɛw. Wiase nyinaa nso, yɛyɛ akenkan ne akyerɛw sukuu wɔ kasa 120 mu a yennye sika. Efi 2003 kosi 2017 no, yɛkyerɛɛ nnipa bɛboro 70,000 ade ma wohuu akenkan ne akyerɛw.

c Hwɛ asɛm a yɛato din “Minnyae Sukuu Anaa?

d Sɛ nhwɛso no, yɛhyɛ awofo nkuran sɛ wɔmfa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nyinaa nkɔ sukuu. Hwɛ asɛm a yɛato din “So Ɛsɛ Sɛ Me Ba Kɔ Sukuu?” Ɛwɔ March 15, 2003, Ɔwɛn-Aban mu.

f Hwɛ ɔfã a yɛato din “Nea Ɛyɛe a Nkwa Bae, Nea Nkurɔfo Aka” a ɛwɔ jw.org no.

g Practical Economics: Economic Transformation and Government Reform in Georgia 2004—2012, kratafa 170.

h Po 61, No. 1, April 2017, kratafa 72.

i Kɔ jw.org/tw, na hwɛ ɔfã a yɛato din “Bible Tumi Sesa Nnipa.” Wubehu nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ tumi wɔ Onyankopɔn Asɛm ne Ahenni ho asɛmpa a yɛka no mu.