Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo Bu Awaregyae Sɛn?

Yehowa Adansefo Bu Awaregyae Sɛn?

 Nea Bible ka fa aware ne awaregyae ho no, ɛno ara na yedi so. Adwene a Onyankopɔn de bɔɔ aware ne sɛ ɔbaa ne ɔbarima mmom ntena faako afebɔɔ. Ade baako pɛ a Kyerɛwsɛm no ka sɛ obi betumi agyina so agyae aware ne aguamammɔ.​—Mateo 19:5, 6, 9.

Wɔn a wɔn aware agyigya no, Yehowa Adansefo boa wɔn anaa?

 Aane, yɛboa wɔn wɔ akwan pii so:

  •   Yɛn nhoma. Yɛtaa ka nsɛm a ɛboa awarefo wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Wɔn a wɔn aware agyigya mpo, etumi boa wɔn. Wopɛ wei ho nhwɛso a, hwɛ saa nsɛm yi: “Nya Ahofama wɔ W’aware Mu,” “Sɛnea Wɔde Mfomso Firi,” ne “Nea Ɛbɛma Moasan Agye Mo Ho Adi.

  •   Yɛn nhyiam. Sɛnea yɛde Bible mu afotu bɛyɛ adwuma wɔ yɛn aware mu no, yesusuw ho wɔ yɛn Ahenni Asa so. Afei nso, yɛka ho asɛm wɔ yɛn nhyiam akɛse ne nketewa ase.

  •   Yɛn asafo mu mpanyimfo. Yɛn asafo mu mpanyimfo boa awarefo. Wɔtaa twe wɔn adwene kɔ Kyerɛwnsɛm no so, titiriw Efesofo 5:22-25.

Sɛ Yehowa Danseni bi pɛ sɛ ogyae aware a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no pene so ansa anaa?

 Dabi. Sɛ mpo mpanyimfo no kɔ sɛ wɔrekɔboa awarefo bi a wɔrehyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu a, wonni hokwan sɛ wɔkyerɛ awarefo no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Galatifo 6:5) Nanso, sɛ obi gyae aware, na nea ogyinaa so gyaee aware no nnyina Bible so a, wɔremfa ɔsom hokwan titiriw biara mma no wɔ asafo no mu. Afei nso, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no, onni hokwan sɛ ɔware bio.​—1 Timoteo 3:1, 5, 12.

Yehowa Adansefo bu aware ntetewmu sɛn?

 Bible no hyɛ awarefo nkuran sɛ, sɛ nneɛma nhyɛ da nkɔ yiye mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔtetew mu. (1 Korintofo 7:10-16) Aware mu nsɛmnsɛm dodow no ara, sɛ awarefo fi wɔn komam bɔ mpae, wɔde Bible mu afotu yɛ adwuma, na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho a, wobetumi asiesie.​—1 Korintofo 13:4-8; Galatifo 5:22.

 Nanso wɔ nsɛmnsɛm akɛse te sɛ nea edidi so yi mu de, ebia Kristofo binom besi gyinae sɛ wɔbɛtetew mu:

  •   Bere a obi hyɛ da sɛ ɔrenhwɛ n’abusua.​—1 Timoteo 5:8.

  •   Bere a obi yɛ ne hokafo ayayade.​—Dwom 11:5.

  •   Bere a obi awe ataa so sɛ ɔbɛsɛe ne hokafo no nyamesom. Ɛho nhwɛso ni: Ebia okunu anaa ɔyere bɛhyɛ ne hokafo a ɔyɛ Yehowa Danseni sɛ ommu Onyankopɔn mmara bi so. Ɛba saa a, ebia Ɔdansefo no bɛka sɛ ɔkwan baako pɛ a ɔbɛfa so atie “Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa” ne sɛ, ɔbɛtew ne ho.​—Asomafo Nnwuma 5:29.