Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atoyerɛnkyɛm Si a, Moboa Nkurɔfo Anaa?

Atoyerɛnkyɛm Si a, Moboa Nkurɔfo Anaa?

 Aane, atoyerɛnkyɛm si a, Yehowa Adansefo boa nkurɔfo. Yɛde asɛm a ɛwɔ Galatifo 6:​10 no yɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” Ɛno nti yɛde nneɛma a nkurɔfo hia kɔma yɛn nuanom Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo nyinaa. Sɛ atoyerɛnkyɛm si saa a, nkurɔfo hia awerɛkyekye paa, enti yɛkyekye wɔn werɛ ka Onyankopɔn asɛm kyerɛ wɔn.​—2 Korintofo 1:​3, 4.

Ɛho ntotoe

 Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ baabi a esii no frɛfrɛ wɔn asafo mufo hwɛ sɛnea obiara ho te, na sɛ obi hia mmoa bi a wɔde ama no. Sɛ mpanyimfo no hwɛ tebea no na wɔyɛ nea wobetumi de boa ntɛm saa a, afei wɔbɔ Yehowa Adansefo ɔfese a ɛwɔ ɔman no mu amanneɛ.

 Sɛ mmoa a ehia no boro asafo no ahoɔden so a, Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no yɛ ntotoe ma yɛde nneɛma a ɛho hia no kɔboa. Saa na Kristofo a wɔtenaa ase tete no boaa wɔn nuanom bere a ɔkɔm sii no. (1 Korintofo 16:​1-4) Yehowa Adansefo ɔfese a ɛwɔ ɔman no mu tew Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Aboafo Kuw ma wɔhwɛ toto nneɛma. Adansefo a wɔwɔ aman foforo so de wɔn nneɛma bɛboa, na afoforo nso tu wɔn ho si hɔ de wɔn bere ne wɔn ahoɔden boa.​—Mmebusɛm 17:17.

Ɛho sikasɛm

 Ntoboa a yɛde kɔ Yehowa Adansefo ɔfese no, ɛno bi na yɛde boa nnipa a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akam no. (Asomafo Nnwuma 11:​27-30; 2 Korintofo 8:​13-15) Nnipa a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma no, yentua wɔn ka, enti sika a yebeyi sɛ yɛde rekɔboa nkurɔfo a atoyerɛnkyɛm adi wɔn nya no, ebi mfa baabiara. Yɛhwɛ ntoboa no yiye paa.​—2 Korintofo 8:20.