Nea Ɛto So Abien A Ɔde Kɔmaa Korintofo 8:1-24

  • Ntoboa a wɔde bɛma Kristofo a wɔwɔ Yudea (1-15)

  • Wɔbɛsoma Tito akɔ Korinto (16-24)

8  Afei anuanom, yɛpɛ sɛ muhu adom a Onyankopɔn de adom asafo ahorow a ɛwɔ Makedonia no.+  Bere a wɔrehu amane wɔ sɔhwɛ kɛse mu no, wɔn anigye mmoroso ne wɔn hia buruburoo no maa wɔn ayamye yɛɛ kɛse.*  Efisɛ wɔyɛɛ nea wɔn ahoɔden betumi nyinaa.+ Yiw, me ara midi adanse sɛ wɔyɛɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so mpo.+  Na wɔn ankasa fi wɔn pɛ mu srɛɛ yɛn ara sɛ, yɛmma wɔn hokwan mma wonyi wɔn yam mfa nea wɔwɔ mmra, sɛnea ɛbɛyɛ a mmoa* a yɛde boa akronkronfo a wɔakɔ ahokyere mu no, wɔn nso bɛboa bi.+  Nea na yɛn ani da so sɛ wɔbɛyɛ no, wɔyɛ boroo saa koraa. Efisɛ wɔnam Onyankopɔn pɛ so dii kan de wɔn ho maa Awurade ne yɛn.  Enti yɛhyɛɛ Tito+ nkuran sɛ, sɛnea ofii adwuma yi ase wɔ mo mu no, ɔnsan nhwɛ nnyigye nea mufi ayamye mu de rema no nwie.  Ne nyinaa mu no, mowɔ ade nyinaa ma ɛboro so: gyidi mu oo, kasa mu oo, nimdeɛ mu oo, mmɔdenbɔ nyinaa mu oo, ɔdɔ a yɛde dɔ mo mu oo, mowɔ ma ɛboro so. Saa ara na nea moreyi mo yam de ama yi nso, monyɛ mma ɛmmoro so.+  Ɛnyɛ sɛ mereka eyi de ahyɛ mo, na mmom mereka, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu mmɔden a ebinom rebɔ, na mahu sɛnea mo dɔ di mu fa.  Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no. Ɛne sɛ, na ɔyɛ ɔdefo, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani,+ na monam ne hia so ayɛ adefo. 10  M’adwene wɔ eyi ho ne sɛ:+ Sɛ moyɛ nea mereka yi a, ɛbɛboa mo. Efisɛ afe ni na mo ara mufii ase sɛ moreyɛ, na na mo ani abere paa sɛ mobɛyɛ nso. 11  Enti seesei, nea mufii ase sɛ moreyɛ no, monyɛ nwie. Sɛnea na moayɛ krado sɛ mobɛyɛ no, monhwɛ nea mowɔ ho na momfa saa ahokeka no ara nwie. 12  Na sɛ obi koma ka no sɛ onyi bi mma a, nea ɛsɔ ani ne sɛ ɔde nea ɔwɔ bɛma,+ na ɛnyɛ nea onni. 13  Na mempɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw ma ebinom na mo de, ɛyɛ den ma mo; 14  na mmom mepɛ sɛ biribiara kyɛ pɛpɛɛpɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a nea moanya aboro so seesei no bɛma wɔanya nea wohia, na nea wɔn nso anya aboro so no ama moanya nea muhia. Ɛno bɛma biribiara akyɛ pɛpɛɛpɛ. 15  Saa na wɔakyerɛw sɛ: “Onipa a ɔwɔ pii no annya ammoro so, na onipa a ɔwɔ ketewaa bi no nso, anhia no ammoro so.”+ 16  Afei aseda nka Onyankopɔn sɛ ɔde ahyɛ Tito komam sɛ onnwen mo ho sɛnea yedwen mo ho no,+ 17  efisɛ nkuranhyɛ a yɛde maa no no, watie no aso pa mu. Na esiane sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ nea yɛkae no nti, ɔno ara fi ne pɛ mu reba mo nkyɛn. 18  Nanso yɛresoma onua a asɛmpa a ɔka no nti, asafo ahorow no nyinaa kamfo no no aka ne ho. 19  Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom asafo ahorow no ayi no sɛ ɔnka yɛn ho na yɛmfa akyɛde a wɔayi wɔn yam de ama yi nkɔ mmeaemmeae mfa nhyɛ Awurade anuonyam, na yɛmfa nkyerɛ sɛ yɛayɛ krado sɛ yɛbɛboa. 20  Eyi remma obiara nnya yɛn ho asɛm nka wɔ sɛnea yɛkyekyɛ ntoboa a wɔayi wɔn yam de aba no ho.+ 21  Na yɛde ‘nokwaredi yɛ biribiara; ɛnyɛ Yehowa* anim nko na yɛyɛ saa, na mmom nnipa anim nso.’+ 22  Bio nso, yɛresoma yɛn nua baako aka wɔn ho. Yɛasɔ no ahwɛ ahu sɛ ɔbɔ mmɔden wɔ nneɛma pii mu, na seesei, mo mu awerɛhyem kɛse a ɔwɔ nti, ne mmɔdenbɔ no ayɛ kɛse paa. 23  Sɛ mowɔ Tito ho asɛm bi a, nea mɛka ne sɛ, ɔyɛ obi a ɔka me ho a me ne no yɛ adwuma boa mo. Na sɛ yɛn nuanom no nso na mowɔ wɔn ho asɛm a, nea mɛka ne sɛ, wɔyɛ asafo ahorow no asomafo ne Kristo anuonyam. 24  Enti monna mo dɔ adi nkyerɛ wɔn,+ na momma asafo ahorow no nhu nea enti a yɛde mo hoahoaa yɛn ho no.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “boroo so.”
Anaa “ɔsom adwuma.”