Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo 16:1-24

  • Ntoboa a wobegyigye akɔma Kristofo a wɔwɔ Yerusalem (1-4)

  • Paul akwantu nhyehyɛe (5-9)

  • Timoteo ne Apolo bɛkɔ akɔsra anuanom (10-12)

  • Afotu ne nkyia (13-24)

16  Na ntoboa a wogyigye ma akronkronfo+ no ho de, mubetumi de akwankyerɛ a mede maa Galatia asafo ahorow no ayɛ adwuma.  Nnawɔtwe biara mu da a edi kan no, mo mu biara nhwɛ nea ɔwɔ na onyi biribi nsie, na mammedu hɔ ansa na moagyigye ntoboa.  Na sɛ meba a, mmarima a mugyee wɔn toom wɔ mo nkrataa mu no, mɛsoma wɔn+ ama wɔde mo akyɛde no akɔ Yerusalem.  Nanso sɛ ehia sɛ me nso mekɔ hɔ a, me ne wɔn bɛkɔ.  Na mɛba mo nkyɛn bere a makɔfa Makedonia, efisɛ mɛfa Makedonia;+  na ebia mɛtena mo nkyɛn, na anhwɛ mpo a mɛtwɛn wɔ mo nkyɛn akosi sɛ awɔw bere no betwam, sɛnea ɛbɛyɛ a mubegya me kwan kakra akɔ baabi a merekɔ no.  Na ɛnyɛ bere a meretwam yi nko na mepɛ sɛ mihu mo, na mmom m’ani da so sɛ, sɛ Yehowa* ma kwan a, me ne mo bɛtena kakra.+  Nanso mɛtena Efeso+ akosi sɛ Pentekoste Afahyɛ no bedu,  efisɛ wɔabue ɔpon kɛse bi a adwuma pii wom ama me,+ nanso asɔretiafo bebree wɔ hɔ. 10  Sɛ Timoteo+ bedu a, monhwɛ na wammɔ hu bere a ɔwɔ mo nkyɛn no, efisɛ ɔreyɛ Yehowa* adwuma+ sɛnea me nso mereyɛ no. 11  Enti mma obiara mmmu no animtiaa. Munnya no kwan asomdwoe mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛba me nkyɛn, efisɛ me ne anuanom retwɛn no. 12  Na yɛn nua Apolo+ de, mesrɛɛ no ara sɛ anka ɔne anuanom mmra mo nkyɛn. Ná ɔmpɛ sɛ ɔba seesei, nanso sɛ onya kwan a ɔbɛba. 13  Monkɔ so nwɛn,+ munnyina pintinn wɔ gyidi no mu,+ monkɔ so sɛ mmarima,*+ monyɛ den.+ 14  Momfa ɔdɔ nyɛ nea moyɛ nyinaa.+ 15  Afei anuanom, afotu a mede rema mo ni: Munim sɛ Stefana fifo ne aba a edi kan wɔ Akaia, na wɔatu wɔn ho asi hɔ resom akronkronfo. 16  Mo nso, monkɔ so mmrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa, ɛne obiara a ɔde ne ho ahyɛ adwuma no mu na ɔreyɛ adwumaden no.+ 17  Nanso m’ani agye sɛ Stefana+ ne Fortunato ne Akaiko wɔ ha, efisɛ munni ha no, wɔasi mo anan. 18  Wɔahyɛ me ne mo nyinaa nkuran.* Enti munnye nnipa a wɔte saa ntom. 19  Asafo a ɛwowɔ Asia no kyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fi+ no de anigye kyia mo wɔ Awurade mu. 20  Anuanom nyinaa kyiakyia mo. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. 21  Me, Paul, mikyia mo. Me ara me nsa na mede kyerɛwee. 22  Sɛ obi mpɛ Awurade asɛm a, onnue. O yɛn Awurade, bra! 23  Awurade Yesu adom nka mo. 24  Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “munnya akokoduru.”
Nt., “Wɔama me honhom ne mo de ho adwo no.”