Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Mebɛhuu sɛ Yehowa Yɛ Mmɔborɔhunufo na Ɔde Bɔne Kyɛ

Mebɛhuu sɛ Yehowa Yɛ Mmɔborɔhunufo na Ɔde Bɔne Kyɛ
  • AFE A WƆWOO NO: 1954

  • ƆMAN A ƆFIRI MU: CANADA

  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆBƆ APOO SAN TOW KYAKYA

ME KAN ASETENA:

Menyinii wɔ Montreal, kuro bi a na emu asetena yɛ den mu. Bere a medii bosome nsia pɛ na me papa wui, na ɛmaa yɛn abusua mu asɛyɛde nyinaa bɛdaa me maame so. Ná yɛyɛ mmofra nwɔtwe; me na me yɛ kaakyire.

Bere a merenyin no, na nnubɔnenom, kyakyatow, ne nsɛmmɔnedi deɛ mefa no kwa, na na me nnamfonom nyinaa yɛ nsɛmmɔnedifo. Medii mfe du no, meyɛɛ adwuma maa tuutuufo ne wɔn a wɔbɔ nkurɔfo bosea gye nsiho akɛse. Ná nokware a ɛde nokware deɛ ebi nni m’anom. Mede ara ne sɛ mɛnya obi abu no afa so, na sɛ mebu nkurɔfo saa a, na m’ani agye. Ná apoobɔ te sɛ m’aduane.

Bere a menyaa mfe 14 no, na metumi bu nkurɔfo fa so a wɔnhu akyi; na maben mu paa. Nea na metaa yɛ no bi ni. Ná metɔ wɔɔkye, nkapo a wɔde gu nsa, mpɛtea anaa nkawa pii a wɔde sika kɔkɔɔ kakraa bi adura ho. Afei mekurukyerɛw karat-14 gu ho de kyerɛ sɛ sika kɔkɔɔ a wɔde ayɛ no dɔɔso. Meyɛ no saa wie a na makɔtɔn wɔ kwan ho ne baabi a wɔde kar sisi wɔ sotɔɔ akɛse anim. Ná ɛyɛ me dɛ sɛ manya ɔkwantiaa a mefa so nya sika bum. Dakoro bi mpo deɛ, menyaa dɔla 10,000!

Wɔde me kɔɔ nkwadaa bɔne sukuu, na medii mfe 15 no, wɔyii me adi fii sukuu no mu, enti na menni baabi te. Abɔnten ne me namfonom fie na na meda.

Apoo a na mebɔ nti, na polisifo nnyaa me haw. Ná mentɔn akorɔnne, enti wɔankyere me anto mu da. Nanso, esiane sɛ na mebɔ apoo san bu nkurɔfo fa so, na metɔn nneɛma bere a menni tumi krataa nti, na polisifo taa bɔ me ka paa. Ná mensuro obiara, enti na metumi kɔgyegye sika brɛ wɔn a wɔbɔ nkurɔfo bosea gye nsiho akɛse no. Ná saa adwuma no yɛ hu paa enti ɛtɔ da a na mede tuo hyɛ me ho. Afei nso, ɛwom araa na mede me ho akɔbɔ amumɔyɛfo kuw.

SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:

Bere a metee Bible ho asɛm no na madi mfe 17. Saa bere no, na mene me mpena na ɛte, nanso na mene ɔbaa foforo bi hyehyɛ hɔ. Nea na mene no te no ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible. Ná m’ani nnye nea Bible ka fa abrabɔ ho no, enti metu kɔtenaa ɔbaa foforo a na mene no hyehyɛ hɔ no nkyɛn.

Nea ɛsesaa m’abrabɔ koraa ne sɛ, ɔbaa foforo a me ne no kɔtenae no nso fii ase ne Adansefo suaa ade! Ɔyɛɛ nsakrae pii wɔ n’asetena mu. Sɛnea na ɔredwo, ne abotare a afei na ɔrenya no kaa me koma paa. Yehowa Adansefo too nsa frɛɛ me wɔ wɔn Ahenni Asa so, enti mekɔɔ wɔn nhyiam no bi. Nnipa a mehuu wɔn wɔ hɔ no, na wɔn ho twa na wɔgyee me fɛw so. Ná menhuu biribi a ɛte saa da wɔ me wiase mu! Ná m’abusua apo me a wɔmfa me nyɛ hwee, enti ɛfiri me mmofraberem nyinaa obiara anna ɔdɔ adi ankyerɛ me da. Ɔdɔ a Yehowa Adansefo daa no adi kyerɛɛ me no ara ne ade a na merehwehwɛ. Enti bere a Adansefo no kaa sɛ wɔne me bɛsua Bible no, mampopo me ti koraa.

Sɛ ɛnyɛ nneɛma a mesua fii Bible mu no a, ebia anka nnɛ mente ase. Bere bi, me ne me nnamfonom mmienu bi yɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkɔ akɔbɔ korɔn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya sika de atua ɛka bi a na yɛabɔ wɔ kyakyatow ho no ho. Ná yɛde ka bɛboro dɔla 50,000. Nanso me ne wɔn ankɔ, na ɛyɛ me dɛ paa sɛ meyɛɛ saa. Me nnamfo mmienu no deɛ wɔkɔeɛ, na nea ɛbaeɛ ne sɛ wɔkyeree wɔn mu baako, ɛnna wɔkum baako.

Bere a megu so resua Bible no, mebɛhuu sɛ mewɔ kwan twa; ná nsakrae pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible ka wɔ 1 Korintofoɔ 6:10 sɛ: “Akorɔmfoɔ anaa adufudepɛfoɔ anaa asabofoɔ anaa wɔn a wɔsopa afoforɔ anaa apoobɔfoɔ rennya Onyankopɔn ahennie no.” Saa asɛm a mekenkanee no ma mehuu sɛ bɔne a mayɛ no so, enti mesui. Mebɛhuu sɛ, ɛsɛ sɛ mesakra m’abrabɔ koraa. (Romafoɔ 12:2) Nsɛmmɔnedi ne anuɔden deɛ na mefa no kwa, na na atorodi nso mpa m’anom.

Ne nyinaa mu no, Bible a na meresua no ma mehuu sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo na ɔde bɔne kyɛ. (Yesaia 1:18) Mebɔɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmmoa me na mensesa me subammɔne no koraa. Yehowa boaa me, na nkakrankakra metumi sesaa me suban. Nsakrae titiriw baako a meyɛe ne sɛ, me ne ɔbaa a na me ne no te no waree mmara kwan so.

Bible mu nsɛm a mede yɛ adwuma nti na ɛnnɛ mete ase yi

Medii mfe 24 no, na m’aware awo mmiɛnsa. Afei nea na aka ne sɛ mɛnya adwuma a asɛm biara nni ho ayɛ. Nanso mankɔ sukuu annu akyiri, na na menni obiara nso a ɔbɛdi me ho adanse. Saa bere yi nso mebɔɔ Yehowa mpae denneennen. Afei, mede me ti boom sɛ merekɔpɛ adwuma. Sɛ medu adwumawura bi hɔ a, meka kyerɛ no sɛ mepɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ m’abrabɔ mu na mefiri me koma nyinaa mu yɛ adwuma. Ɛtɔ mmere bi a na meka kyerɛ adwumawuranom bi sɛ meresua Bible, na mepɛ sɛ meyɛ ɔman ba pa. Nanso, wɔn mu dodow no ara amfa me adwuma. Akyiri yi mekaa m’asetena mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ adwumawura bi, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Menhu nea enti a ɛsɛ sɛ mefa wo! Nanso biribi kasa kyerɛ me sɛ memfa wo adwuma.” Mehuu sɛ Onyankopɔn na atie me mpaebɔ. Bere bi akyi no, me ne me yere nyinaa bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.

SƐNEA ABOA ME:

Bible mu nsɛm a mede yɛ adwuma ne sɛnea mebɔ me bra sɛ Kristoni nti na nnɛ mete ase yi. Manya abusua kama. Seesei mewɔ ahonim pa, efisɛ megye di paa sɛ Yehowa de me bɔne akyɛ me.

Bɛyɛ mfe 14 ni, bosome biara mede nnɔnhwere pii ka Ahenni no ho asɛmpa no, na mereboa afoforo ama wɔahu nea Bible kyerɛkyerɛ. Nnansa yi ara nso me yere abɛka me ho ma yɛn nyinaa reyɛ saa adwuma yi. Mede bɛyɛ mfe 30 aboa nnipa 22 a mene wɔn yɛ adwuma ama wɔn nso resom Yehowa. Me da so ara kɔ sotɔɔ akɛse mu, nanso ɛnyɛ apoo na mekɔbɔ wɔ hɔ. Seesei deɛ biribi foforo koraa na ɛtaa de me kɔ hɔ; mekɔka me gyidi ho asɛm, na mema nkurɔfo nya anidaso sɛ wiase foforo bi reba, na ɛhɔ deɛ obiara remmɔ ne yɔnko apoo bio.—Dwom 37:10, 11.