Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔhunuu Tete Ade Bi a Ɛsom Bo wɔ Bɔɔla So

Wɔhunuu Tete Ade Bi a Ɛsom Bo wɔ Bɔɔla So

SƐ WƆKA bɔɔla so a, dɛn na ɛba wo tirim? Ebia nea ɛba wo tirim ara ne baabi a wɔto nneɛma funu ne nneɛma a aporɔ gu na ɛhɔ bɔn. Enti ɛnyɛ ade a wobɛhwɛ kwan sɛ wobɛhunu ade papa bi wɔ hɔ na kampɛsɛ woahu ade a ɛsom bo paa bi mpo wɔ hɔ.

Nanso, bɛyɛ mfe ɔha a atwam ni no, nnipa bi kɔhuu biribi a ɛsom bo paa wɔ bɔɔla so. Nea wɔkɔhuiɛ no nyɛ biribi a ɛsom bo kɛkɛ, mmom na ɛyɛ ade a mfaso wɔ so paa. Ná ɛyɛ dɛn ade? Dɛn nti na ɛho hia yɛn nnɛ?

WƆHUNUU BIRIBI A NA WƆN ANI NNA SO

Afeha a ɛtɔ so 20 mfiase no, Bernard P. Grenfell ne Arthur S. Hunt a na wɔyɛ animdefo wɔ Oxford Sukuupɔn mu no kɔɔ Egypt nsrahwɛ. Bere a wɔkɔɔ hɔ no, wɔhunuu mmɛw nkrataa asinasin pii wɔ bɔɔla bi a abɔ apee so wɔ Nil Subɔn no mu. Afei bere a na mmarima mmienu yi ani abere rehyehyɛ mmɛw nkrataa asinasin no wɔ afe 1920 mu no, Grenfell san kɔtɔɔ nkrataa asinasin foforo a wɔtutuu fam hui wɔ Egypt. Grenfell tɔɔ nkrataa asinasin no wɔ The John Rylands Library a ɛwɔ Manchester, England no din mu. Nanso, mmarima mmienu yi anhyehyɛ nkrataa no anwie na wɔwuiɛ.

Enti ɔbenfo Colin H. Roberts a na ɔwɔ Oxford Sukuupɔn mu no bɛtoaa wɔn adwuma no so wiei. Bere a ɔgu so rehyehyɛ nkrataa asinasin no, ɔhunuu mmɛw krataa ketewa bi (ne tenten mu yɛ sɛntimita 9, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ sɛntimita 6). Nea ɛyɛɛ ne nwonwa ne sɛ, na Hela nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ so no nyɛ no ade foforo. Ná nsɛm a ɛwɔ saa kratasin no anim no fi Yohane 18:31-33, ɛnna n’akyi nso yɛ nkyekyɛm 37 ne 38 mu nsɛm bi. Roberts bɛhunuu sɛ, ade a ɛsom bo paa na wahu no.

NEA ƐMA WƆHUNUU MFE A ADI

Roberts bɛhunuu sɛ saa mmɛw kratasin no akyɛ yie. Nanso mfe sɛn na na adi? Nea ɛbɛyɛ na wahu no, ɔde nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ so no totoo tete nsaano nkyerɛwee bi a wɔnim bere a wɔkyerɛwee ho. Saa ntotoho a ɔyɛe yi boaa no ma ɔhunuu mfe a ɛbɛyɛ sɛ na adi. Nanso na ɔpɛ sɛ ɔhunu sɛ nea ɔresusuw no yɛ nokware anaa. Enti ɔtwaa saa kratasin no mfonini, na ɔde bi kɔmaa nnipa mmiɛnsa bi a wɔwɔ tete nkyerɛwee ho nimdeɛ sɛ wɔnhwɛ na wɔnkyerɛ mfe a adi. Wɔn nhwehwɛmu no kɔsii sɛn?

Bere a animdefo mmiɛnsa no too wɔn bo ase hwɛɛ ɔkwan a wɔfaa so kyerɛw nsɛm no, ne nkyerɛwee no akɛse no, wɔn nyinaa gye toom sɛ Yesu awoɔ akyi bɛyɛ mfe 100 ne kakra mu hɔ na wɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ saa kratasin no so no. Wei kyerɛ sɛ ɔsomafo Yohane wui no ankyɛ pii na wɔkyerɛwee. Nanso tete nkyerɛwee a wɔde toto foforo ho no nko ara ntumi mma wɔnhunu mfe pɔtee a nkyerɛwee bi adi. Onimdefo foforo nso susuw sɛ ɛbɛtumi aba sɛ Yesu awoɔ akyi mfe 100 kɔsi mfe 200 ntam hɔ baabi na wɔkyerɛwee. Ne nyinaa mu no, nkyerɛwee a ɛwɔ mmɛw kratasin yi so no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm nsaano nkyerɛwee a wɔahu a akyɛ sen biara.

NEA RYLANDS KRATASIN NO MA YƐHUNU

Dɛn nti na kratasin yi a Yohane Asɛmpa no wɔ so no ho hia wɔn a wɔn ani gye Bible ho nnɛ? Anyɛ yie koraa no, nneɛma mmienu bi ntia. Nea ɛdi kan no, sɛnea wɔahyehyɛ kratasin no so nsɛm no ma yɛhunu sɛ na tete Kristofo no nni Kyerɛwnsɛm no ho agorɔ koraa.

Dɛn nti na kratasin yi a Yohane Asɛmpa no wɔ so no ho hia wɔn a wɔn ani gye Bible ho nnɛ?

Asomafo no wui akyi no, wɔbɛnyaa nsaano nkyerɛwee ahorow mmienu; nea wɔayɛ no nwoma mmobɔwee (scroll), ne nea wɔayɛ no nwoma a wɔbuebue mu (codex). Nwoma mmobɔwee yɛ mmɛw nkrataa asinasin anaa aboa nwoma asinasin a wɔaka atoatoam anaa wɔapempam ayɛ no tenteenten baako. Enti na wɔtumi bobɔ anaa wɔbae mu bere biara a wɔpɛ ma ɛyɛ yie. Mpɛn pii no, nwoma mmobɔwee no fã baako pɛ na na wɔkyerɛw.

Nanso kratasin ketewa a Roberts hui no deɛ, na wɔakyerɛw anim ne akyi. Wei kyerɛ sɛ na saa kratasin no fi nwoma a wɔbuebue mu mu, na ɛnnyɛ nwoma mmobɔwee. Nwoma a wɔbuebue mu yɛ aboa nwoma asinasin anaa mmɛw nwoma asinasin a wɔapempam abom ayɛ no sɛ nwoma.

Nwoma a wɔbuebue mu no, na ɛyɛ sen nwoma mmobɔwee no. Adɛn ntia? Efisɛ, na tete Kristofo no yɛ asɛmpakafo. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Baabiara a na wɔbɛhunu nnipa no, na wɔka Bible mu asɛm kyerɛ wɔn; afie mu oo, dwa so oo, mmɔnten so oo, na wɔka asɛm no. (Asomafoɔ Nnwuma 5:42; 17:17; 20:20) Enti sɛ na wɔnya Kyerɛwnsɛm a wɔayɛ no ketewa hyɛ wɔn ho a, na ɛboa wɔn paa.

Nwoma a wɔbuebue mu no ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ asafo ahorow ne ankorankoro bi bɛhwɛ Kyerɛwnsɛm no so akyerɛw bi. Enti wɔhwɛɛ Asɛmpa no so kyerɛwee bi mpɛn pii, na wei maa Kristosom nyaa nkɔso ntɛmntɛm.

Rylands kratasin, anim ne akyi

Ade a ɛtɔ so mmienu a enti Rylands kratasin no ho hia yɛn nnɛ ne sɛ, ɛma yɛhunu sɛ wɔn a wɔhwɛɛ mfiase Bible nkyerɛwee so kyerɛw bi no kyerɛw no pɛpɛɛpɛ, enti yɛbɛtumi de yɛn ho ato so. Ɛwom, Yohane Asɛmpa no mu nsɛm kakraa bi na ɛwɔ kratasin yi so, nanso nsonsonoe kɛse biara nni saa nsɛm no ne nea ɛwɔ Bible mu nnɛ no ho. Rylands kratasin no ma yɛhunu sɛ ɛwom sɛ wɔhwɛɛ mfiase nkyerɛwee no so kyerɛwee Bible no mpɛn pii deɛ, nanso emu nsɛm no nsesae.

Rylands kratasin a Yohane Asɛmpa no wɔ so no yɛ nwoma asinasin ne nsaano nkyerɛwee mpempem no mu baako pɛ a ɛma yɛhunu paa sɛ Bible no mu nsɛm nsesae. Werner Keller kyerɛw wɔ ne nwoma bi mu sɛ: “Saa tete [nsaano nkyerɛwee] yi ma yɛhunu paa sɛ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu nsɛm nsesae na yɛbɛtumi de yɛn ho ato so.”The Bible as History.

Nokwasɛm ne sɛ, Kristofo gyidi nnyina nea wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu ahu so. Wɔgye di sɛ, “Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Nanso tete nneɛma a ɛsom bo saa no ma yɛnya ahotoso sɛ Bible mu asɛm a wɔaka ato hɔ dadaada yi yɛ nokware. Ɛka sɛ: “Yehowa asɛm tena hɔ daa”!1 Petro 1:25.