Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐHO HIA SƐ WOSUA BIBLE?

Adɛn Nti na Ɛho Hia sɛ Wosua Bible?

Adɛn Nti na Ɛho Hia sɛ Wosua Bible?
  • Adɛn nti na yɛwɔ wiase?

  • Adɛn nti na nnipa hu amane na wɔwuo?

  • Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ daakye?

  • Enti Onyankopɔn dwen me ho?

Woabisa nsɛm a ɛte saa bi pɛn? Sɛ saa a, ɛnde, ɛnyɛ wo nko ara na woabisa nsɛm a ɛte saa. Nnipa a wɔwɔ wiase baabiara bisa nsɛm a ɛho hia yi. Wohwɛ a wobɛtumi anya ho mmuaeɛ?

Nnipa mpempem pii bɛka sɛ, “Aane!” Adɛn ntia? Efisɛ wɔanya wɔn nsɛmmisa ho mmuaeɛ wɔ Bible mu ama wɔn koma atɔ wɔn yam. Wopɛ sɛ wohunu nea Bible no ka? Ɛnde, ebia w’ani bɛgye ho sɛ wo ne Yehowa Adansefo * bɛsua Bible a worentua hwee.

Ɛwom, nnipa pii wɔ hɔ a, sɛ wobɔ Bible so kyerɛ wɔn a nea wɔtaa ka ne sɛ: “Menni adagyew koraa.” “Bible no sua yɛ den dodo.” “Merentumi nhyɛ bɔ.” Nanso ebinom deɛ wɔnka saa. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛhunu nea Bible kyerɛkyerɛ. Momma yɛnhwɛ nsɛm a wɔaka no bi:

  • “Mekɔɔ Katolek ne Protestant asɔre. Afei nso mekɔɔ Sikhfo asɔre, ne Buddhafo asɔre, na mesuaa nyamesom ho ade wɔ sukuupɔn mu. Nanso, mannya Onyankopɔn ho nsɛmmisa a merehwehwɛ no ho mmuaeɛ. Afei Yehowa Danseni bi baa me fie. Mmuaeɛ a ɔfiri Bible mu de maa me no maa me koma tɔɔ me yam na mepenee so sɛ mɛsua Bible.”—Gill, England.

  • “Ná mewɔ asetena ho nsɛmmisa pii, na mmuaeɛ a me sɔfo de maa me no antɔ m’asom papa. Nanso Yehowa Danseni bi baa me nkyɛn, na ɔde Bible no nkutoo yii me nsɛmmisa no ano. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ m’ani gye ho a, ɔbɛtumi aba ne me abɛsua pii aka ho, na me nso mepenee so.”—Koffi, Benin.

  • “Ná mepɛ sɛ mehunu baabi a awufo wɔ. Ná megye di sɛ awufo bɛtumi ahaw ateasefo nanso na mepɛ sɛ mehunu nea Bible no ka wɔ ho. Enti mefirii ase ne m’adamfo Yehowa Danseni bi suaa Bible.”—José, Brazil.

  • “Mebɔɔ mmɔden kenkan Bible no nanso mante ase. Afei Yehowa Adansefo baa me nkyɛn, na wɔkyerɛkyerɛɛ Bible nkɔmhyɛ pii mu kyerɛɛ me kama. Enti m’ani gyee ho sɛ mɛsua piiaka ho.”—Dennize, Mexico.

  • “Ná mepɛ sɛ mehunu sɛ Onyankopɔn dwen me ho ampa, ɛno nti mebɔɔ Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no mpae. Da a ɛdi hɔ no, Adansefo baa me fie, na mepenee so sɛ me ne wɔn bɛsua Bible.”—Anju, Nepal.

Saa nsɛm a nkurɔfo aka yi ma yɛkae Yesu asɛm a ɛne sɛ: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔnim wɔn honhom mu ahiadeɛ.” (Mateo 5:3) Nnipa fi awoɔ mu wɔ ahiade bi; ɛne sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn. Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi ama yɛahunu no, na ɔnam n’Asɛm Bible so na ɛyɛ saa.

Sɛ yɛne obi sua Bible a, yɛyɛ no sɛn? Wobɛyɛ dɛn anya so mfaso? Asɛm a ɛdi hɔ no bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuaeɛ.

^ nky. 8 Bible ma yɛhunu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.