Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NEA ƐMA ABUSUA NYA ANIGYE

Sɛ Wosan Ware a, Dɛn na Ɛbɛma Aware no Akɔ Yiye?

Sɛ Wosan Ware a, Dɛn na Ɛbɛma Aware no Akɔ Yiye?

HERMAN: * “Me ne me yere a odi kan tenaa mfe 34 na kokoram kum no. Ɛno akyi no, mewaree Linda. Ɛyɛ a ɔte nka sɛ da biara mede no toto me yere dedaw no ho. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, na me nnamfo dedaw bi taa ka me yere a odi kan no suban pa ho asɛm, na na ɛhaw Linda.”

LINDA: “Me ne Herman waree no, ɛyɛɛ me sɛ obiara renhu adepa biara wɔ me ho te sɛ ne yere dedaw no. Ná nkurɔfo pɛ n’asɛm paa; ná ɔkasa bɔkɔɔ, na na obu ade nso. Ɛyɛ a etumi ba me tirim sɛ, enti ɔbarima yi betumi apɛ m’asɛm sɛnea na ɔpɛ ne yere a odi kan asɛm no?”

Herman ne Linda nnuu wɔn ho sɛ wɔwaree. Ná Linda aware pɛn, nanso na ɔka Herman ho asɛm sɛ “Mete no so a masɔre.” Ne nyinaa mu no, wɔahu sɛ ɔhaw a aware a ɛto so abien betumi de aba no, ebia wɔanhyia bi wɔ aware a edi kan no mu. *

Sɛ woasan aware a, sɛn na wuhu aware a wowom seesei no? Ɔbea bi a wɔfrɛ no Tamara ne ne kunu aware gui no, mfe abiɛsa akyi na ɔsan waree. Tamara asɛm ne sɛ: “Aware a edi kan mu no, wutumi nya atenka bi wɔ wo komam paa sɛ aware no ngu da. Nanso sɛ aware no gu na wosan ware a, ɛntaa mma wo komam saa, efisɛ wunim sɛ w’aware a edi kan no tumi gui.”

Ne nyinaa mu no, nnipa bebree asan aware ama wɔanya anigye pii. Wɔayɛ ama aware no akɔ  yiye ama wɔn; wo nso w’aware betumi akɔ yiye! Ɔkwan bɛn so? Momma yɛnhwɛ ɔhaw abiɛsa a ɛtaa ba, na yɛnhwɛ sɛnea Bible mu afotu betumi aboa mo ama moagyina ano. *

ƆHAW 1: WOMPƐ SƐ WODE W’AWARE DEDAW NO TOTO FOFORO NO HO, NANSO ƐYƐ DEN.

Ellen te South Africa; nea ɔkae ne sɛ: “Mayɛ ara mintumi nyi m’aware dedaw no mfi me tirim. Sɛ yetu kwan kɔ baabi a na me ne me kunu dedaw no taa kogye yɛn ahome no a, na asɛm no asɛe koraa. Ɛtɔ da a, mede me kunu a meware no seesei no toto nea odi kan no ho.” Wo nso, sɛ wo hokafo aware pɛn na sɛ ɔtaa ka aware dedaw no ho asɛm a, ebetumi ahaw wo.

Wo ne wo hokafo foforo no nyɛ nneɛma a ɛbɛma mo baanu ani agye

AFOTU: Asɛm nokware da hɔ a, na woaka. Ɛbɛyɛ den sɛ wo anaa wo hokafo no werɛ befi aware dedaw no, ɛnkanka ne sɛ aware no kyɛe. Ebinom mpo de, wɔn ano tumi fom ma wɔde wɔn hokafo dedaw no din frɛ foforo no! Sɛ biribi saa si a wobɛyɛ no dɛn? Bible tu yɛn fo sɛ: “Obiara mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ne yɔnko ase.”—1 Petro 3:8, New Century Version.

Ntwe kora nka sɛ wo hokafo no nnka n’aware dedaw no ho asɛm koraa. Sɛ wo hokafo pɛ sɛ ɔka n’aware dedaw no ho asɛm a, fa aso pa tie na kyekye ne werɛ. Afei nso, mpere wo ho nka sɛ ɔde wo retoto ne hokafo dedaw no ho. Bɛyɛ mfe du ni na Ian san waree, na nea ɔka ne sɛ: “Sɛ meka me yere dedaw no ho asɛm a, me yere Kaitlyn mfa no sɛ mabɔ mmusu. Ɔno de, na ɔfa no sɛ ɔkwan a ɔnam so behu me yiye na wate me ase.” Wubehu sɛ nkɔmmɔ a ɛte saa bɛboa ama wo ne wo hokafo foforo no ntam ayɛ kama mmom.

Suban pa a ɛwɔ wo hokafo a wo ne no te seesei ho no, ɛno na fa w’adwene si so. Ɛyɛ ampa sɛ nneɛma pa bi wɔ wo hokafo dedaw no ho a nea woware no seesei no nni bi, nanso wo hokafo foforo no nso yɛ ade wɔ nneɛma bi mu. Enti hwɛ nneɛma a w’ani gye ho wɔ wo hokafo no ho na hyɛ aware foforo no mu den, na ‘ɛnyɛ sɛ wode no bɛtoto obi ho.’ (Galatifo 6:4) Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Edmond aware mprenu, na nea ɔkae ne sɛ: “Sɛ wowɔ nnamfo baanu a, wubehu sɛ ɛsono obiara ne sɛnea ɔte; saa ara na ɛsono sɛnea aware biara te.”

Ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛkaakae nneɛma a na ɛma w’ani gye w’aware dedaw no mu, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ansɛe wo ne wo hokafo foforo no ntam? Bere bi Jared kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ne yere sɛ, ɛwom ara a, nneɛma bi a na ɔne ne yere dedaw no yɛ no, ɛho asɛm tumi ba ne tirim, nanso ɛno de atwam, enti ɔmfa n’adwene nkɔ so pii. Seesei ɔne ne yere foforo no ahyɛ bra foforo ase, na ɛma n’ani gye.

SƆ EYI HWƐ: Bisa wo hokafo sɛ, ɛba sɛ woka aware dedaw no ho asɛm a, ɛyɛ a ɛhaw no anaa. Ɛsɛ sɛ wutumi hu bere a wokɔfa aware dedaw no ho asɛm ba a, ɛbɛhaw adwene.

ƆHAW 2: WOPƐ SƐ WO NE WO NNAMFO A WONNIM WO HOKAFO FOFORO NO BƆ, NANSO ƐYƐ DEN.

Javier gyaee aware, na edii mfe asia no, ɔsan waree. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Bere a yɛwaree foforo no, me yere adwene yɛɛ no sɛ me nnamfo bi atu wɔn tɛ asi ne so rehwɛ nea ɔreyɛ biara.” Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Leo de, na ɛsono n’asɛm no koraa. Ɔkae sɛ: “M’anim pɛɛ na ebinom ka kyerɛɛ me yere sɛ, wɔpɛ ne kunu dedaw no asɛm na wɔn ani agyina no paa!”

AFOTU: Bɔ mmɔden sɛ wobɛte wo nnamfo no ase. Ian a yɛafa n’asɛm aka dedaw no san kae sɛ: “Ebinom wɔ hɔ a, wonim awarefo bi. Nanso seesei biako nni hɔ bio, na sɛ ɛba sɛ wokohyia obiako no a, ɛtɔ da a, etumi ma wɔn werɛ how na ɛyɛ den paa sɛ wɔne no bɛbɔ.” Enti ‘te ase, na dwo ma nnipa nyinaa.’ (Tito 3:2) Hu sɛ ɛbɛkyɛ kakra ansa na wo nnamfo ne w’abusuafo atumi abɛn wo. W’aware sesa a, wo nnamfo nso betumi asesa. Javier a yɛafa n’asɛm aka dedaw no kyerɛɛ mu bio sɛ, bere rekɔ so no, ɔne ne yere san ne nnamfo dedaw no yɛɛ kama. Ɔka kaa ho sɛ:  “Yɛn baanu nso yere yɛn ho sɛ yebenya nnamfo foforo, na ɛno nso aboa paa.”

Sɛ mo ne wo nnamfo dedaw hyia a, ɛyɛ a dwen wo hokafo no ho. Fa no sɛ wo ne wɔn rebɔ nkɔmmɔ na w’aware dedaw no ho asɛm abɛtɔ mu. Ɛba saa a, fa w’ani to fam fa anifere yɛ adwuma na wo hokafo no ante nka sɛ moayi no mu. Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Ɛwɔ nea otu nsɛm bumbum sɛ nkrante a ɛwowɔ, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.”—Mmebusɛm 12:18.

SƆ EYI HWƐ: Baabi wɔ hɔ a, sɛ mokɔ a, biribi betumi asi ama wo anaa wo hokafo no ayɛ basaa. Eye sɛ wubedi kan ahu, na wo ne wo hokafo no adwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi kɔfa aware dedaw no ho asɛm ba a, mubehu nea mobɛyɛ.

ƆHAW 3: WO HOKAFO DEDAW NO ANNI WO NOKWARE, ENTI WUSURO SƐ EBIA NA FOFORO NO NSO AYƐ SAA.

Andrew yere a odi kan gyaee no; akyiri yi na ɔsan waree Riley. N’asɛm ne sɛ: “Ná misuro sɛ ɔno nso de me besi mu. Ɛyɛ a metaa bisa me ho sɛ, enti metumi ayɛ sɛ Riley kunu dedaw no? Ná misuro sɛ ɔbɛka sɛ memfata no nti, obegyaa me akɔfa ɔbarima foforo.”

AFOTU: Nea ɛhaw wo biara no, fi wo komam ka kyerɛ wo hokafo. Bible ka sɛ: “Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Atirimsɛm na ɛboaa Andrew ne Riley maa obiara gyee ne yɔnko dii. Andrew kyerɛɛ mu sɛ: “Meka kyerɛɛ Riley sɛ yehyia ɔhaw a, merenka sɛ ɛno nti meregyae aware. Riley nso kae sɛ ɔno nso renyɛ saa. Nkakrankakra, afei de migye no di paa.”

Wo hokafo a wo ne no wɔ hɔ seesei no, sɛ ne hokafo dedaw no fii n’akyi a, ɛnde bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ ama wagye wo adi. Ma yɛnhwɛ Michel ne Sabine; wɔn nyinaa aware agyae pɛn, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ bere biara a wɔn mu biako ne ne hokafo dedaw no bedi nkitaho no, ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ ne yɔnko. Sabine kae sɛ: “Nea yɛyɛe no amma obiara ansuro sɛ ne yɔnko befi n’akyi.”—Efesofo 4:25.

SƆ EYI HWƐ: Wo ɔbea no, nkɔmmɔ a wo nko ara wo ne mmarima bɔ wɔ telefon anaa intanɛt so no, tew so. Wo ɔbarima no nso, tew nkɔmmɔ a wo ne mmea bɔ no so.

Nnipa a wɔaware pɛn no, bebree asan aware ama akɔ yiye ama wɔn, enti wo nso wo de betumi akɔ yiye. Wohwɛ mu mpo a, sɛ wode seesei toto bere a wowaree foforo no ho a, afei na wunim wo ho yiye. Yɛafa Andrew asɛm aka dedaw, na ɔsan kae sɛ: “Me ne Riley aware no ama manya awerɛkyekye pii. Yɛwaree mfe 13 ni, na yehu sɛ yɛn aware no asɔ paa; yɛmpɛ sɛ biribiara bɛsɛe yɛn ntam.”

^ nky. 3 Wɔasesa edin ahorow no.

^ nky. 5 Kae sɛ, sɛ obi hokafo wu ma aware no mu tetew a, ɛsono ɔhaw a ɛde ba. Na sɛ obi hokafo nso gyaa no a, ɛsono ɔhaw a ɛde ba. Sɛ owu na ama woaware foforo oo, sɛ awaregyae nso oo, asɛm a yɛresusuw ho yi betumi aboa wo.

^ nky. 7 Wopɛ sɛ wuhu sɛnea wubetumi atete mmanoma a, hwɛ asɛm a wɔato din “Mmusua a Mmanoma Wom Betumi Ayɛ Yiye.” Ɛwɔ March 1, 1999 Ɔwɛn-Aban no mu; Yehowa Adansefo na wotintimii.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Dɛn na ɛwɔ me hokafo no ho a mepɛ paa?

  • Sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ na m’aware a edi kan no ho asɛm bɛtɔ mu a, dɛn na mɛyɛ akyerɛ sɛ mibu me hokafo a me ne no wɔ hɔ seesei no na anhaw no?