Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Obi Kɔ Asɔre Mpo a, Mosan Kɔ Ne Nkyɛn?

Adɛn Nti na Obi Kɔ Asɔre Mpo a, Mosan Kɔ Ne Nkyɛn?

 Yɛahu sɛ nnipa pii wɔ hɔ a, wɔwɔ asɔre a wɔkɔ, nanso wɔn ani gye ho sɛ wɔne yɛn bɛyɛ Bible mu mpɛɛpɛɛmu. Yegye tom sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ ɔsom a ɔpɛ, enti yɛnhyɛ nkurɔfo sɛ wontie yɛn asɛm no.

 Sɛ yɛne nkurɔfo reka ɔsom ho asɛm a, yɛde Bible afotu yɛ dwuma, enti yɛyɛ no “odwo” so, na yɛma wohu sɛ ‘yebu’ wɔn paa. (1 Petro 3:​15) Asɛm a yɛka no, yenim sɛ ɛnyɛ obiara na obetie. (Mateo 10:​14) Nanso yɛrentumi nhu sɛ obi betie anaa ɔrentie, gye sɛ yɛakɔ ne nkyɛn ansa. Yɛahu nso sɛ sɛnea obi te nnɛ no, ɔkyena obetumi asesa.

 Obi wɔ hɔ a, ebia da a yɛkɔɔ ne nkyɛn no, na onni adagyew, nanso ebia ɔkyena de, obenya adagyew ne yɛabɔ nkɔmmɔ. Ɛtɔ da nso a, asɛm tumi to obi, na etumi ma otie Bible mu asɛm. Enti yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne nkurɔfo bɛkasa mpɛn pii.